Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti na Momfa Krɔɔs Nyɛ Adwuma?

Adɛn Nti na Momfa Krɔɔs Nyɛ Adwuma?

 Nnipa pii te nka sɛ krɔɔs yɛ Kristofo ahyɛnsode. Yehowa Adansefo yɛ Kristofo, nanso yɛmfa krɔɔs nka yɛn som ho. Adɛn ntia?

 Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ Bible nka sɛ wɔsɛn Yesu wɔ krɔɔs so, na mmom ɛkyerɛ sɛ wɔsɛn no dua so. Afei nso Bible bɔ Kristofo kɔkɔ sɛ “munguan abosonsom,” na ɛno kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde krɔɔs yɛ adwuma wɔ yɛn som mu.​—1 Korintofo 10:​14; 1 Yohane 5:21.

 Yɛnhyɛ no nsow sɛ Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yohane 13:​34, 35) Asɛm a Yesu kae no kyerɛ sɛ ɛnyɛ krɔɔs anaa biribi a ɛte saa na ɛbɛma nkurɔfo ahu n’akyidifo, na mmom ɔdɔ amapa.