Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SUASUA WƆN GYIDI | HIOB

“Merennyaa Me Mũdi Mu Da!”

“Merennyaa Me Mũdi Mu Da!”

 Twa ɔbarima yi ho mfoni wɔ w’adwenem hwɛ. Ɔte fam. Efi ne ti so besi ne nan ase nyinaa, mpɔmpɔ ne akuru a ɛyɛ yaw aguare no. Hwɛ sɛ ɔno nko ara te hɔ na wasi ne ti ase, n’abasa mu ahodwow, na wayɛ mmerɛw araa ma enti ontumi mma ne nsa so mpam nwansena a wogu ne ho no. Ɔte nsõ mu de kyerɛ sɛ ɔredi awerɛhow. Nea otumi yɛ ara ne sɛ ɔbɛfa kuku anaa ayowa bi a abɔ de awerɛwerɛw ne honam ani. Nneɛma a wahwere de, ɛnyɛ agorɔ. Obi a kan no na obiara bu no no, ɔno na afei de obiara mfa no nyɛ hwee yi! Ne nnamfo, n’afipamfo, ne n’abusuafo mpo ayi ne baako ahyɛ ne nsa. Mpanyin ne mmofra nyinaa redi ne ho fɛw. Onyaa adwene sɛ ne Nyankopɔn Yehowa na asɔre atia no, nanso na ɛnte saa koraa.—Hiob 2:8; 19:18, 22.

 Hiob ho asɛm na yɛreka yi. Onyankopɔn kaa ne ho asɛm sɛ: “Obiara nte sɛ ɔno asase so.” (Hiob 1:8) Asɛm yi akyi mfe pii no, na Yehowa da so ara bu Hiob sɛ ɔka atreneefo a wɔatena asase yi so pɛn no ho.—Hesekiel 14:14, 20.

 Wo nso, worefa ɔhaw anaa ateetee mu? Sɛ saa a, Hiob asɛm no bɛkyekye wo werɛ pa ara. Afei nso, biribi wɔ hɔ a ehia sɛ Onyankopɔn somfo nokwafo biara yɛ, na Hiob asɛm no betumi aboa yɛn ma yɛahu saa ade no. Ɛne sɛ yebekura yɛn mũdi mu. Sɛ yɛka sɛ obi kura ne mũdi mu a, ɛkyerɛ sɛ ɔde ne koma nyinaa dɔ Onyankopɔn, ɔde ne ho ama Onyankopɔn koraa, na n’abrabɔ ho nni asɛm. Sɛ ɔkɔ ahokyere mu mpo a, ɔbɛkɔ so adi Onyankopɔn nokware. Hiob asɛm no bɛkyerɛkyerɛ wei mu akɔ akyiri.

Nea Na Hiob Nnim

 Yebetumi aka sɛ Hiob wu akyi na ɔnokwafo Mose kyerɛw Hiob asetena mu nsɛm no too hɔ. Onyankopɔn na ɔde ne honhom kaa Mose ma ɔkyerɛw Hiob ho asɛm no. Enti ɛnyɛ nsɛm a esisii wɔ asase so a ɛkaa Hiob asetena nkutoo na Mose kyerɛw ho asɛm, mmom ɔkaa biribi a ɛkɔɔ so wɔ soro nso ho asɛm.

 Hiob asɛm no ahyɛase pɛɛ no, Bible ma yehu sɛ na biribiara kɔ yiye ma no, na na n’ani gye. Ná ɔyɛ obi a odi yiye. Ná ɔte Us asase a ɛda Arabia atifi fam no so, na na wagye din wɔ hɔ. Afei nso na nkurɔfo bu no pa ara. Obuee ne nsam maa ahiafo, na wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ nso, ɔkaa bi maa wɔn. Ná Hiob ne ne yere wɔ mma du. Nea ɛsen biara no, na Hiob mfa ne som nni agorɔ. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Saa ara na n’abusuafo Abraham, Isak, Yakob, ne Yosef nyinaa yɛe. Hiob gyinaa n’abusua ananmu yɛɛ asɔfodwuma; na ɔbɔ afɔre daa ma ne mma sɛnea tete agyanom a yɛabɔ wɔn din no yɛe no.—Hiob 1:1-5; 31:16-22.

 Bere a Bible no gu so reka Hiob ho asɛm no, ɛhɔ ara na ɛdan adwene fii Hiob so kɔɔ asɛm bi a esii wɔ soro so. Ɛno de, na Hiob nnim ho hwee. Ɛne sɛ, Yehowa abɔfo anokwafo hyiaam wɔ Onyankopɔn anim, na ɔbɔfo bɔne Satan nso kopuee wɔn mu. Ná Yehowa nim sɛ Satan tan ɔtreneeni Hiob kɔkɔɔkɔ. Enti Onyankopɔn kaa Hiob nokwaredi a ɛda nsow no ho asɛm kyerɛɛ Satan. Ɛnna Satan kaa no pen sɛ: “Wugye di sɛ Hiob suro Onyankopɔn kwa? Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fie ne nea ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia?” Satan kyi nnipa a wodi Onyankopɔn nokware no. Na sɛ nnipa a wɔte saa fi wɔn koma nyinaa mu som Yehowa Nyankopɔn a, wɔma ɛda adi sɛ Satan yɛ ɔdaadaafo a onnwen obiara ho. Wohwɛ asɛm a Satan kae no a, na ɔrepɛ akyerɛ sɛ nea na Hiob benya afi Onyankopɔn nkyɛn nti na na ɔresom no. Enti Satan kaa sɛ, sɛ Hiob hwere ne nneɛma nyinaa a, obegyina Onyankopɔn anim adome no!—Hiob 1:6-11.

 Ɛbaa saa no, Yehowa de hokwan kɛse bi maa Hiob, nanso na Hiob nnim ho hwee. Ná Yehowa pɛ sɛ Hiob ma ɛda adi sɛ, asɛm a Satan aka no nyɛ nokware. Enti Onyankopɔn maa Satan kwan sɛ ɔmpra Hiob ho nneɛma nyinaa. Hiob ankasa de, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Satan sɛ ɔnhwɛ na wamfa ne nsa anka no. Satan antwentwɛn so koraa na otuu n’ani sii Hiob so. Da koro pɛ, nsɛm a ani yɛ nyan totoo Hiob nnidiso nnidiso. Ɔwɔ hɔ ara na ɔtee sɛ wɔakunkum ne nyɛmmoa nyinaa. Wodii kan bɛbɔɔ no amanneɛ sɛ wɔakunkum n’anantwi ne ne mfurum. Ɛno akyi na ɔtee sɛ wɔakunkum ne nguan. Anso hɔ ara, wɔbɛkaa sɛ wɔatɔre ne yoma nyinaa ase. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, n’asomfo a na wɔhwɛ mmoa no nso, wokunkum wɔn. Wɔn a wɔbɛkaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob no, nea wɔn mu baako kae ne sɛ, Onyankopɔn gya fi soro abɛhyew ne nguan ne n’asomfo no. Hiob tee nsɛm yi no, ɛtɔɔ no so. Enti ampa ara sɛ wabɛyɛ ohiani? Na n’asomfo no nso awuwu ampa? Bere a Hiob gu so ara redwinnwen weinom ho no, asɛm foforo bi bɛtɔɔ mu a ebubuu no koraa. Ná ne mma du no nyinaa ahyiam wɔ wɔn nua panyin fie. Prɛko pɛ na mframa kɛse bi bɛbɔɔ ofie no ma ebubu guu wɔn so kunkum wɔn nyinaa!—Hiob 1:12-19.

 Sɛnea nsɛm yi maa Hiob tee nka no de, ɛnyɛ biribi a yebetumi de yɛn adwene abu. Osuan n’atade mu, twitwaa ne nwi fii ne ti so, ɛnna ogyaa ne ho hwee fam. Hiob kaa sɛ nneɛma a na ɔwɔ nyinaa, Onyankopɔn na ɔde maa no, na Onyankopɔn asan agye afi ne nsam. Nokware mu no, ɔkwan a Satan faa so de ɔhaw ahorow no baa Hiob so no ma ɛyɛɛ te sɛ nea Onyankopɔn na ɔhyɛ akyi. Ná Satan aka sɛ wei nyinaa bɛma Hiob adome ne Nyankopɔn, nanso Hiob anyɛ saa. Mmom Hiob kaa sɛ: “Nhyira nka Yehowa din daa.”—Hiob 1:20-22.

Satan kaa Hiob ho nsɛmmɔne kyerɛɛ Onyankopɔn, nanso na Hiob nnim ho hwee

‘Ɔbɛdome Wo’

 Satan bo fuwii pa ara, enti wamfa asɛm no anso hɔ ara. Bere foforo a abɔfo no kohyiaa Yehowa anim no, Satan san kopuee hɔ. Saa bere yi nso, Yehowa kamfoo Hiob sɛ ɔda so ara kura ne mũdi mu ɛmfa ho ɔhaw a Satan de aba no so no nyinaa. Nanso Satan yii n’ano sɛ: “Were si were ananmu, na nea onipa wɔ nyinaa ɔde bɛma de agye ne kra. Sɛ wopɛ a, fa wo nsa ka ne dompe ne ne honam, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.” Ná Satan susuw sɛ, sɛ yare bi a emu yɛ den bɔ Hiob a, ɔkwan biara so ɔbɛdome Onyankopɔn. Ná Yehowa nim pa ara sɛ Hiob bedi no nokware, enti ɔmaa Satan kwan ma ɔde yare bi bɔɔ Hiob. Nanso ɔbɔɔ Satan kɔkɔ sɛ ɔnhwɛ na wankum Hiob.—Hiob 2:1-6.

 Ankyɛ koraa na tebea a yɛkaa ho asɛm mfiase no too Hiob. Hiob yere no nso, na n’asɛm ayɛ mmɔbɔ pa ara. Obi a ne mma pɔrepɔre du awu ama ogye ne ho a ennye no, afei de ne kunu nso na yare ayɛ no pasaa yi! Ɔde ahometew kaa sɛ: “Woda so ara kura wo mũdi mu? Dome Onyankopɔn na wu!” Ɛyɛɛ Hiob nwonwa pa ara sɛ ne yere kaa saa asɛm no. Nea Hiob kae ara ne sɛ ne yere rekasa te sɛ obi a onni adwene. Ne nyinaa mu no, Hiob annome ne Nyankopɔn na wanka asɛmmɔne biara.—Hiob 2:7-10.

 Saa awerɛhosɛm yi sii ankasa. Wunim sɛ ɛfa wo ho? Hyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ Hiob nkutoo na Satan bɔɔ no sobo; ɔbɔɔ nnipa nyinaa sobo. Satan kae sɛ: “Nea onipa wɔ nyinaa ɔde bɛma de agye ne kra.” Sɛ yɛbɛka no kwan foforo so a, na Satan reka sɛ yɛn mu biara nni hɔ a obetumi akura ne mũdi mu! N’asɛm ara ne sɛ wonnɔ Onyankopɔn, na sɛ asɛm bi to wo a, wobɛtwe wo ho afi Onyankopɔn ho ntɛm de apere wo nkwa. Ɛte sɛ nea Satan reka sɛ, woyɛ pɛsɛmenkominya te sɛ ɔno ara! Yemmisa sɛ, w’ani nnye ho sɛ wobɛkyerɛ sɛ Satan yɛ ɔtorofo anaa? Yɛn mu biara wɔ saa hokwan no. (Mmebusɛm 27:11) Afei momma yɛnhwɛ ɔhaw a edi hɔ a Hiob hyiae.

Nnipa a Anka Wɔrebɛkyekye Hiob Werɛ No Dii No Huammɔ

 Mmarima baasa a na wonim Hiob tee nea ato no no ho asɛm, enti wotwaa kwan baa ne nkyɛn sɛ wɔrebɛkyekye ne werɛ. Bible ka sɛ na wɔyɛ Hiob nnamfo. Bere a wɔnam kwan so reba a wɔn ani bɔɔ Hiob so no, wɔanhu mpo sɛ ɛyɛ ɔno a. Ná ɔrete yaw pa ara wɔ ne nipadua mu, na na yare ama ne honam ani ayɛ tumm, enti na wasesa koraa. Mmarima baasa no din de Elifas, Bildad, ne Sofar. Bere a wɔbaa Hiob nkyɛn no, wɔyɛɛ wɔn ho te sɛ nea wɔn werɛ ahow. Wɔmomaa wɔn nne so sui denneennen, na wɔtow mfutuma guu wɔn apampam. Afei wɔtenaa Hiob nkyɛn wɔ fam hɔ a wɔanka hwee. Wɔtenaa hɔ nnawɔtwe mua awia ne anadwo a wɔammue wɔn ano anka asɛm biara. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ, ɛnyɛ sɛ na mmarima baasa no pɛ sɛ wɔkyekye Hiob werɛ nti na wɔyɛɛ dinn. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, bere a wɔbaa Hiob nkyɛn no, anka ɛsɛ sɛ wobisa no nea asi no mu. Nanso wɔanyɛ saa. Ná wonim sɛ Hiob rete yaw pa ara. Ɛno nso de, obiara a n’ani bɛbɔ Hiob so no behu. Nanso nea na Hiob refa mu pa ara no de, wɔanhaw wɔn ho ammisa no.—Hiob 2:11-13; 30:30.

 Ewiee ase no, Hiob ankasa na ofii ase kasae. Wohwɛ nsɛm a ɔkae no a, wuhu sɛ na ɔreteetee pa ara. Ɔdomee da a wɔwoo no no. Ɔhaw ahorow a na wafa mu no da nkyɛn a, ɔkyerɛɛ biribi foforo a na ama ɔredi yaw saa. Ɛne sɛ, na osusuw sɛ n’amanehunu no nyinaa fi Onyankopɔn! (Hiob 3:1, 2, 23) Enti ɛmfa ho sɛ na Hiob da so ara wɔ Onyankopɔn mu gyidi no, na ohia awerɛkyekye pa ara. Nanso bere a ne nnamfo no fii ase kasae no, Hiob hui sɛ anka wɔyɛɛ dinn tenaa wɔn baabi mpo a, anka eye.—Hiob 13:5.

 Elifas na ofii ase kasae. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔno ne nnamfo baasa yi mu panyin, na na ɔkyɛn Hiob koraa. Akyiri yi, mmienu a aka no nso kasae. Sɛ́ anka wɔbɛka nsɛm a ɛbɛkyekye Hiob werɛ no, nsɛm a Elifas kae no ara bi na wɔkae. Nsɛm a mmarima yi kae no bi wɔ hɔ a, na ɛte sɛ nea asɛm biara nni ho. Nsɛm a nkurɔfo taa ka fa Onyankopɔn ho no, ɛno ara bi na wɔkae. Ebi ne sɛ Onyankopɔn korɔn, ɔtwe abɔnefo aso, na otua apapafo ka. Ɛwom, saa nsɛm no yɛ nokware, nanso sɛnea wofii wɔn nsɛm no ase no ma yehu sɛ na wonnwen Hiob ho koraa. Elifas sei, wobɛka sɛ asɛm a ɔkae no tɔ asom. Nanso baabi a ɔde n’asɛm no kowiei no antwa yiye koraa. Ɔkaa sɛ Onyankopɔn ye, na ɔtwe abɔnefo aso. Enti na ɔrepɛ akyerɛ sɛ, nea enti a na Hiob rehu amane ne sɛ ɛbɛyɛ sɛ wayɛ bɔne bi na Onyankopɔn retwe n’aso.—Hiob 4:1, 7, 8; 5:3-6.

 Hiob ampene nea na wɔreka no so koraa na ɔma wohui sɛ ɔne wɔn nyɛ adwene. (Hiob 6:25) Nanso mmarima baasa no de, na wogyina nea wogyina; wɔn asɛm ara ne sɛ Hiob ayɛ bɔne bi asie enti ɛfata sɛ ɔrehu amane. Elifas bɔɔ Hiob sobo sɛ ɔyɛ ahantan, ne tirim yɛ den, na Onyankopɔn suro biara nni ne mu. (Hiob 15:4, 7-9, 20-24; 22:6-11) Sofar nso ka kyerɛɛ Hiob sɛ onnyae bɔne yɛ, na ɛnsɛ sɛ ɔma n’ani gye amumɔyɛ ho. (Hiob 11:2, 3, 14; 20:5, 12, 13) Na Bildad de, asɛm a ɔkae no twaa Hiob nsono mu pa ara. Ɔkaa biribi de kyerɛe sɛ bɔne bi a Hiob mma no dii nti na wowuu owu yayaw saa no!—Hiob 8:4, 13.

Hiob nnamfo baasa no ankyekye ne werɛ, mmom wɔberee ne kuru

Wɔkaa Sɛ Ɛho Nhia Sɛ Obi Kura Ne Mũdi Mu

 Mmarima baasa no kaa sɛ Hiob anni Onyankopɔn nokware, nanso wɔamfa anso hɔ ara. Wɔsan kaa biribi a ɛsɛee asɛm no koraa. Wɔkyerɛe sɛ mfaso biara nni so sɛ obi bekura ne mũdi mu anaa obedi Onyankopɔn nokware! Asɛm a Elifas dii kan kae no mu no, ɔkaa sɛ nkitahodi bi kɔɔ so wɔ ɔne honhom bi ntam. Nea ɛkɔɔ so wɔ ɔne saa honhommɔne no ntam no ma onyaa adwene bi a ɛnteɛ. Ɔkaa ho asɛm sɛ: Onyankopɔn ‘nni gyidi wɔ n’asomfo mu, na n’abɔfo nso, obu wɔn sɛ wɔtɔ sin.’ Enti asɛm a na Elifas reka ne sɛ, onipa biara ntumi nsɔ Onyankopɔn ani da! Akyiri yi Bildad nso kyerɛe sɛ sɛnea osunson nokwaredi ho nhia Onyankopɔn no, saa ara na Hiob nokwaredi ho nhia no!—Hiob 4:12-18; 15:15; 22:2, 3; 25:4-6.

 Obi akɔ ahokyere mu pa ara ma woabɔ mmɔden sɛ wobɛkyekye ne werɛ pɛn? Ɛnyɛ biribi a ɛda fam. Nanso yebetumi asua biribi afi nea Hiob nnamfo baasa no yɛe no mu. Nea wɔyɛe no ma yehu sɛ, sɛ yɛrekɔkyekye obi a ɔreteetee werɛ a, nsɛm bi wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ yɛka. Nsɛm a mmarima baasa no kae no, anhwɛ a wobɛka sɛ emu dɔ, na ɛtɔ asom. Nanso nea ɛte ne sɛ wɔannya ayamhyehye biara amma Hiob. Wɔn mu baako mpo nni hɔ a ɔde Hiob din frɛɛ no! Hiob koma a na abubu no de, na ɛnyɛ wɔn asɛm koraa, enti wɔanyɛ no brɛbrɛ. a Wo nso, sɛ wuhu sɛ obi a wopɛ n’asɛm abotow a, da ayamye adi kyerɛ no, ma onhu sɛ wudwen ne ho, na n’asɛm yɛ w’asɛm. Hyɛ ne gyidi den na hyɛ no nkuran. Afei boa no ma ɔmfa ne ho nto Onyankopɔn so, na ma onhu sɛ Onyankopɔn ayamye dɔɔso, ɔwɔ mmɔborɔhunu, na obu atɛntrenee. Sɛ anka Hiob nnamfo no na wɔakɔ ahokyere mu a, anka ɔbɛyɛ nneɛma a yɛabobɔ so yi de akyekye wɔn werɛ. (Hiob 16:4, 5) Nanso nsɛm a wɔkeka de kyerɛe sɛ Hiob nyɛ ɔnokwafo no, dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

Hiob Gyinaa Pintinn

 Ansa na Hiob nnamfo no rekeka nsɛm yi nyinaa agu ne so no, na n’abam abu dedaw. Bere a ofii ase ne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ no, ogye toom sɛ otumi keka nsɛm “hatuhatu,” na ne nsɛm no yɛ “ɔwerɛhoni nsɛm.” (Hiob 6:3, 26) Yebetumi ate nea enti a ɔkaa saa no ase. Nsɛm a ɔkae no ma yehu sɛ na ɔredi yaw pa ara wɔ ne komam. Afei nso, ne nsɛm no da no adi sɛ na ɔnte ɔhaw a ɔrefa mu no ase. Hiob nyaa adwene sɛ n’amanehunu no nyinaa fi Yehowa. Nea enti a onyaa saa adwene no ne sɛ asiane ahorow no baa ɔne n’abusua so mpofirim, na wohwɛ sɛnea esisii no a na ɛte sɛ nea tumi bi hyɛ akyi. Nanso nsɛm a esisii wɔ soro a ɛkɔfaa Hiob amanehunu no bae de, na onnim ho hwee, ɛno nti na onyaa adwene a ɛmfata no.

 Nanso, na Hiob yɛ obi a ɔwɔ gyidi kɛse. Nsɛm a ɔkae wɔ ɔne ne nnamfo no nkɔmmɔbɔ mu no ma yehu ne gyidi. Ɔkaa nsɛm a ɛyɛ nokware na ɛyɛ dɛ. Ɛnnɛ nyinaa saa nsɛm no da so ara hyɛ yɛn nkuran. Ɔkaa abɔde mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa ho asɛm de hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Nsɛm a ɔkae no, sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na oyi kyerɛɛ no a, anka onipa biara ntumi nhu. Sɛ nhwɛso no, ɔkaa sɛ Yehowa de “asase asɛn nea hwee nni.” Saa asɛm yi, edii mfe pii ansa na nyansahufo rehu. b (Hiob 26:7) Afei nso, nneɛma a na Hiob ani da so sɛ ɛbɛba daakye no, ɔkaa ho asɛm. Ɛnyɛ ɔno nko ara na na ɔwɔ saa anidaso no, mmom na mmarima bi a wɔtenaa ase tete a na wɔwɔ gyidi amapa nso wɔ saa anidaso no bi. Ná Hiob gye di sɛ owu a Onyankopɔn bɛkae no, n’ani begyina no, na obenyan no aba nkwa mu bio.—Hiob 14:13-15; Hebrifo 11:17-19, 35.

 Mũdi anaa nokwaredi ho asɛm no nso, ekosii sɛn? Elifas ne ne nnamfo baanu no gye gyinaa mu sɛ, obi di Onyankopɔn nokware oo, wanni no nokware oo, ɛmfa Onyankopɔn ho. Saa nsusuwii hunu no, Hiob gye toom anaa? Dabida! Hiob kaa sɛ obi mũdi mu a obekura no ho hia Onyankopɔn. Ɔde ahotoso kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Obehu sɛ me koma di mu.” (Hiob 31:6) Afei nso, nsɛm a gyamserefo baasa no kae no maa Hiob hui pefee sɛ, nokwaredi a ɔde resom Onyankopɔn no ara na wɔrekasa atia. Wei kaa Hiob ma ɔkasae. Ɛno ne n’anom asɛm a ɛware pa ara a ɔkae. N’ano sii no, saa mmarima baasa no kaa wɔn ano toom.

 Ná Hiob nim sɛ ne mũdi mu a obekura no, ɛfa biribiara a ɔyɛ wɔ n’asetenam ho. Enti ɔkyerɛɛ sɛnea ɔde nokwaredi abɔ ne bra wɔ biribiara mu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔtwee ne ho fii abosonsom biara ho. Oyii ne yam boaa afoforo na odii wɔn ni. Ná n’abrabɔ ho tew, enti wanyɛ biribiara a ɛbɛsɛe n’aware. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɔkɔɔ so ara som Yehowa, nokware Nyankopɔn koro pɛ no; wamfi Yehowa akyi da. Wei nti, Hiob tumi fii ne koma nyinaa mu kaa sɛ: “Enkosi sɛ megyaa mu no, merennyaa me mũdi mu da!”—Hiob 27:5; 31:1, 2, 9-11, 16-18, 26-28

Hiob annyaa ne mũdi mu

Suasua Hiob Gyidi No

 Ná Hiob mũdi mu a obekura no ho hia no. Wo nso wo mũdi mu a wubekura no ho hia wo saa anaa? Hiob hui sɛ ɛnyɛ ka a obi bɛka kɛkɛ sɛ okura ne mũdi mu na ehia, mmom ɛsɛ sɛ ɔde n’abrabɔ kyerɛ. Enti sɛ yetie Onyankopɔn na yɛyɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so daa bere mpo a yɛrefa ɔhaw mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ yefi koma nyinaa mu resom no. Sɛ yɛbɔ yɛn bra saa a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛma Yehowa ani agye, na ne tamfo Satan rennya yɛn. Saa pɛpɛɛpɛ na Hiob yɛe. Wei ne ɔkwan a eye pa ara a yebetumi afa so asuasua Hiob gyidi no!

 Nanso, ɛnyɛ ɛhɔ ara na Hiob asɛm no kɔsoe. Bere a Hiob hyiaa ɔhaw ahorow no, nea na agye n’adwene ara ne sɛ obebu ne ho bem. Enti ne werɛ fii ade a ɛho hia pa ara, a ɛne sɛ ɔbɛtew ne Nyankopɔn din ho no. Wei nti, na ehia sɛ obi teɛ n’adwene, na ɔboa no ma ohu nneɛma sɛnea Onyankopɔn hu no no. Afei nso, na Hiob da so ara rehu amane, na na ɔreteetee. Enti na ohia awerɛkyekye a edi mũ. Ɛnde yemmisa sɛ, dɛn na Yehowa bɛyɛ ama ɔbarima nokwafo yi a ɔwɔ gyidi saa no? Akyiri yi yɛbɛkyerɛw Hiob ho asɛm bio, na yebebua saa nsɛmmisa yi.

a Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, Elifas nyaa adwene sɛ ɔne ne nnamfo no kasaa bɔkɔɔ kyerɛɛ Hiob. Ebia nea enti a onyaa saa adwene no ne sɛ wɔn mu biara anteɛteɛm angu Hiob so. (Hiob 15:11) Ɛwom, obi betumi abrɛ ne nne ase aka asɛm bi akyerɛ obi bɔkɔɔ, nanso asɛm a ɔbɛka no betumi apira onii no pa ara.

b Bere a Hiob kaa saa asɛm yi no, bɛyɛ mfe 3,000 akyi ansa na nyansahufo reyɛ nhwehwɛmu ahu sɛ asase no betumi asɛn wim a hwee nkura mu ama ayɛ yiye. Ɛno akyi no, nyansahufo kɔɔ wim kotwaa asase yi mfoni. Ɛno na ɛmaa obiara hui sɛ asɛm a Hiob kae no yɛ nokware turodoo.