Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 2

Hena Ne Onyankopɔn?

Hena Ne Onyankopɔn?

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn?

Nokware Nyankopɔn no na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. Onni mfiase na ɔrennya awiei nso da. (Dwom 90:2) Ɔno na ɔma wɔkyerɛw asɛmpa a ɛwɔ Bible mu no. (1 Timoteo 1:11) Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔmaa yɛn nkwa nti, ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no.​—Kenkan Adiyisɛm 4:11.

2. Onyankopɔn te dɛn?

Onipa biara nhuu Onyankopɔn da efisɛ ɔyɛ Honhom. Ɔkorɔn sen nnipa a wɔwɔ honam nipadua a wɔwɔ asase so no. (Yohane 1:18; 4:24) Nanso, yɛnam nneɛma a Onyankopɔn abɔ so betumi ahu ne nipasu. Sɛ nhwɛso no, nnuaba ne nhwiren ahorow a wabɔ no ma yehu sɛ ɔwɔ ɔdɔ ne nyansa. Sɛnea amansan yi kɛse te no ma yehu sɛ ɔwɔ tumi.​—Kenkan Romafo 1:20.

Sɛ yɛkenkan Bible a, yebetumi ahu nneɛma pii afa Onyankopɔn nipasu ho. Sɛ nhwɛso no, Bible ma yehu nneɛma a Onyankopɔn pɛ ne nea ɔmpɛ, sɛnea ɔne nnipa di, ne sɛnea odi asɛm biara ho dwuma.​—Kenkan Dwom 103:7-10.

3. So Onyankopɔn wɔ din?

Yesu kae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Ɛwom sɛ Onyankopɔn wɔ abodin ahorow pii de, nanso ne din yɛ biako pɛ. Ɛsono sɛnea wɔbɔ edin no wɔ kasa biara mu. Wɔ Twi mu no, wɔtaa bɔ no “Yehowa.” Nanso, nnipa binom bɔ no “Yahwe.”​—Kenkan Dwom 83:18.

Wɔayi Onyankopɔn din afi Bible ahorow pii mu, na wɔde abodin ahorow te sɛ Awurade anaa Onyankopɔn na asi ananmu. Nanso, bere a wɔkyerɛw Bible no de, na Onyankopɔn din no pue wom bɛyɛ mpɛn 7,000. Bere a Yesu reka Onyankopɔn ho asɛm akyerɛ nkurɔfo no, ɔma wohuu Onyankopɔn din no.​—Kenkan Yohane 17:26.

Hwɛ video a yɛato din Enti Onyankopɔn wɔ Din?

4. So Yehowa dwen yɛn ho?

Te sɛ agya a ɔwɔ ɔdɔ yi, Onyankopɔn reyɛ biribi a yebenya so mfaso daa

So amanehunu a nnipa pii refa mu no kyerɛ sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a onnwen yɛn ho? Nnipa binom kyerɛ sɛ Yehowa ma yehu amane de sɔ yɛn hwɛ, nanso saa asɛm no nyɛ nokware.​—Kenkan Yakobo 1:13.

Onyankopɔn adi yɛn ni, efisɛ wama yɛn hokwan a ɛma yetumi yɛ nea yɛpɛ. So ɛnyɛ yɛn anigye sɛ yɛn ankasa tumi fi yɛn pɛ mu paw sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn? (Yosua 24:15) Nanso, nnipa pii hyɛ da yɛ afoforo bɔne ma enti nnipa bebree rehu amane. Sɛ Yehowa hu abɔnefosɛm a ɛte saa a, ɛyɛ no yaw.​—Kenkan Genesis 6:5, 6.

Yehowa yɛ Onyankopɔn a odwen yɛn ho. Ɔpɛ sɛ yɛn ani gye wɔ yɛn asetena mu. Obeyi amanehunu ne wɔn a wɔde ba afi hɔ nnansa yi ara. Nanso, ɔwɔ nea enti paa a wama kwan kakra ma amanehunu rekɔ so no. Yebesua nea enti a wayɛ saa no ho ade wɔ Adesua 8 no mu.​—Kenkan 2 Petro 2:9; 3:7, 13.

5. Yɛbɛyɛ dɛn atumi abɛn Onyankopɔn yiye?

Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa mpaebɔ so mmɛn no. Odwen yɛn mu biara ho. (Dwom 65:2; 145:18) Ɔpɛ sɛ ɔde yɛn bɔne firi yɛn. Sɛ mpo ɛtɔ mmere bi na yɛyɛ bɔne a, ohu mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani no. Enti ɛmfa ho sɛ yɛtɔ sin no, yebetumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den ankasa.​—Kenkan Dwom 103:12-14; Yakobo 4:8.

Esiane sɛ Yehowa na ama yɛn nkwa nti, ɛsɛ sɛ yɛdɔ no sen obiara. (Marko 12:30) Bere a wusua Onyankopɔn ho ade pii na woyɛ nea ɔka kyerɛ wo no, woda no adi sɛ wodɔ no, na ɛbɛma woabɛn no yiye bere nyinaa.​—Kenkan 1 Timoteo 2:4; 1 Yohane 5:3.