Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ewim Nsakrae a Ɛresɛe No, Bible Betumi Aboa Wo Ama Woagyina Mu Anaa?

Ewim Nsakrae a Ɛresɛe No, Bible Betumi Aboa Wo Ama Woagyina Mu Anaa?

 Ewim nsakrae a ɛresɛe no, ɛredi nnipa ɔpepem pii nya. Wo nso, woka ho anaa? Sɛnea wim nsakrae resɛe, ne nsunsuanso a ɛde ba no, egu ahorow. Mframa gyampantrudu, ahum, ne mframa dennen a etwa ne ho taa ma ɛpo bu fa asaase so. Nsuyiri ne mframa a ano yɛ den nso sɛe nneɛma. Nsu tumi tɔ denneennen ma mmepɔw hono twiw fa asaase so. Ahum tumi tu ma ayerɛmo tete ma egya tɔ kwae mu. Ɔpɛ a ano yɛ den, mframa a emu yɛ hye paa, ne awɔw a mframa dennen nam mu nso tumi sɛe ade paa.

 Mmeae pii wɔ wiase a, ewim nsakrae a ɛsɛe nneɛma no, ɛresisi toatoa so, na sɛnea ɛresɛe nneɛma no, ebi mmae da. Adwumakuw bi a yɛfrɛ no International Federation of Red Cross and Red Crescent Societies ka sɛ: “Nnipa a atoyerɛnkyɛm redi wɔn nya no, dɔ ara na wɔredɔɔso. Nea enti a ɛte saa ne sɛ nsuyiri, ahum, ne ɔpɛ adɔɔso. Wei nti, nnipa wu ara na ɛrewu; asetena mu nso ayɛ den ama nnipa pii, na nnipa ɔpepem pii nso fie sɛe afe biara.”

 Sɛ nkurɔfo hyia amanehunu a ɛte saa a, ɛnyɛ wɔn agyapade nko ara na ɛsɛe, na mmom ɛde adwinnwen bɛto wɔn so. Wɔn ahode ne wɔn afie a wɔahwere ne wɔn ho nnipa a awuwu no, ne nyinaa ma wɔn ani yɛ wɔn yayaaya.

 Nsunsuanso bɔne a wim nsakrae a ɛresɛe de ba no, sɛ ebi aka wo a, Bible betumi aboa wo ama woagyina mu. Bible ma yenya awerɛkyekye, anidaso, ne afotu pa. Wei aboa nnipa pii a ewim nsakrae a ɛresɛe nti atoyerɛnkyɛm atoto wɔn no. (Romafo 15:4) Afei nso, Bible bua nsɛmmisa bi a ehia a ɛhaw nnipa pii adwene. Ɛne sɛ: Adɛn nti na Onyankopɔn ama kwan ama asɛm yi asi? Ɔde retwe m’aso anaa?

Ewim nsakrae a ɛresɛe nnɛ no, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde retwe yɛn aso

 Bible kyerɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma amanehunu a ɛto nnipa no ba. Bible ma yenya awerɛhyem sɛ “obi ntumi mfa bɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13) Wei ma yehu sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔde wim nsakrae a ɛma nnipa hu amane nnɛ no ba.

 Bible ma yehu sɛ mmere bi wɔ hɔ a Onyankopɔn de nsuyiri ne nea ɛkeka ho twee nnipa aso. Nanso na ɛnte sɛ wim nsakrae a ɛsɛe ade nnɛ no. Ewim nsakrae de, ɛreba a ɛmmɔ nkae, na ɛsɛe apapafo ne abɔnefo nyinaa fra. Nanso Bible mu nsɛm ma yehu sɛ, Onyankopɔn deɛ, bere biara a ɔde biribi saa bɛba no, ɔbɔ apapafo ho ban, odi kan bɔ nkae, na ɔma yehu nea enti a ɔde reba. Nhwɛso ne sɛ, bere a Onyankopɔn de Nsuyiri reba wiase wɔ Noa bere so no, ɔkyerɛɛ nea enti a ɔde reba. Odii kan bɔɔ kɔkɔ ansa na ɔde reba, na ɔbɔɔ Noa ne n’abusua ho ban.—Genesis 6:13; 2 Petro 2:5.

 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a yɛreka sɛ atoyerɛnkyɛm a ɛrekɔ so nnɛ no, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde retwe yɛn aso a, hwɛ asɛm a yɛato din “Dɛn Na Bible Ka Fa Atoyerɛnkyɛm Ho?

Wɔn a ewim nsakrae a ɛresɛe adi wɔn nya no, Onyankopɔn dwen wɔn ho

 Bible ma yehu sɛ Yehowa a Nyankopɔn dwen nnipa ho, na ɔwɔ tema. Hwɛ Bible mu nsɛm a ɛma awerɛkyekye a edidi so yi.

  •   Yesaia 63:9: ‘Bere a wɔn ho hiahiaa wɔn no, Onyankopɔn ho hiahiaa no.’

     Nea ɛkyerɛ: Sɛ nnipa hu amane a, ɛyɛ Yehowa yaw paa.

  •   1 Petro 5:7: “Odwen mo ho.”

     Nea ɛkyerɛ: Yehowa pɛ sɛ esi wo yiye.

 Yehowa dwen yɛn ho na ɔwɔ tema. Ɛno na ɛka no ma ɔboa yɛn. Ɔnam afotu pa a ɛwɔ Bible mu no so kyekye yɛn werɛ. Afei nso, Bible ma yɛn anidaso sɛ bere bi reba a, ewim nsakrae renkɔfa atoyerɛnkyɛm biara mma bio. Ɛno nso, Yehowa fa so kyekye yɛn werɛ.—2 Korintofo 1:3, 4.

Bere bi reba a ewim nsakrae renkɔfa ɔhaw mmrɛ obiara bio

 Bible ma yehu sɛ Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ ‘ɔbɛma yɛn daakye ne anidaso.’ (Yeremia 29:11) Nea ɔpɛ ne sɛ nnipa bɛtena paradise asaase so ama wɔn ani agye a ewim nsakrae biara remma wonhu amane.—Genesis 1:28; 2:15; Yesaia 32:18.

 Onyankopɔn nam n’Ahenni no so na ɛde saa daakye no bɛba. Saa Ahenni no wɔ soro, na Yesu na edi so. (Mateo 6:10) Yesu wɔ nyansa ne tumi a obetumi de asiw atoyerɛnkyɛm a ewim nsakrae de ba no ano. Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔyɛɛ biribi de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ tumi wɔ ewim nsakrae so. (Marko 4:37-41) Ɔde ntease ne nyansa na ebedi ade, na ɔbɛkyerɛ nnipa sɛnea yɛbɛhwɛ ɔdomankoma agyapade a atwa yɛn ho ahyia no so yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrensɛe. (Yesaia 11:2) Sɛ Yesu redi ade a, ewim nsakrae renkɔfa amanehunu biara mma nnipa so bio.

 Ebia wubebisa sɛ, ‘Bere bɛn na Yesu de ne tumi bɛma ewim nsakrae a ɛsɛe ade no agyae?’ Sɛ wubenya ɛho mmuae a, hwɛ asɛm a yɛato din “Bere Bɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛba Abedi Asase So?

Ewim nsakrae a ɛresɛe no, nea yebetumi ayɛ wɔ ho nnɛ

 Bere a atoyerɛnkyɛm rebesi, bere a asi, ne bere a asi awie no, Bible afotu betumi aboa yɛn ne nyinaa mu.

  •   Bere a atoyerɛnkyɛm rebesi: Yɛ ahoboa sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayɛ ho biribi ntɛm.

     Nea Bible aka: “Onyansafo hu asiane, na ɔde ne ho sie, na ogyimifo de, ɛno ara ne sɛ ɔrekɔ, na otwa so aba.”—Mmebusɛm 22:3.

     Nea ɛkyerɛ: Fa w’ani to fam hwɛ atoyerɛnkyɛm ko a ebetumi asi wo mpɔtam, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayɛ ho biribi ntɛm na woabɔ w’abusua ho ban.

     Obi anom asɛm: “Ɛda a gyahyehye no bae no, na yɛaboaboa yɛn ho dedaw. Obiara wɔ putupuru bag a yɛde nneɛma a ehia yɛn agugu mu, enti asɛm no sii ara na yɛmaa so. Ná yɛwɔ yɛn nnuru ne ntaade a yɛde bɛhyɛ. Ná nkurɔfo ani so atan wɔn, na na wonhu nea wɔnyɛ. Nanso yɛn deɛ, na yɛwɔ biribiara a yehia. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ na yɛaboaboa yɛn ho saa!”—Tamara, California, U.S.A.

  •   Bere a atoyerɛnkyɛm asi: Yɛ nea ehia paa no.

     Nea Bible aka: “Sɛ onipa nya agyapade ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no na ɛbɛma wanya nkwa.”—Luka 12:15.

     Nea ɛkyerɛ: Nkwa hia sen agyapade.

     Obi anom asɛm: “Bere a ahum bi a yɛfrɛ no Lawin b sɛee yɛn fie no, na minhu nea menyɛ. Nso ade baako a meyɛe ne sɛ, mebɔɔ mpae kaa me koma mu asɛm nyinaa kyerɛɛ Yehowa Nyankopɔn. Mihui sɛ agyapade na asɛe, na ɛnyɛ yɛn nkwa.”—Leslie, Philippines.

  •   Bere a atoyerɛnkyɛm asi awie: Mfa ɔkyena nhaw wo ho.

     Nea Bible aka: “Ɛnsɛ sɛ mudwinnwen ɔkyena ho da, efisɛ ɔkyena ankasa benya ne dadwen.”—Mateo 6:34.

     Nea ɛkyerɛ: Biribi a ensii no, mfa nhaw wo ho.

     Obi anom asɛm: “Bere a mframa gyampantrudu bi a yɛfrɛ no Irma bɔe maa nsu yirii faa me fie no, nneɛma pii wɔ hɔ na ɛsɛ sɛ yehu nea yɛbɛyɛ no. Ná m’adwene atu afra ara ma minhu nea menyɛ. Mebɔɔ mmɔden de Bible afotu a ɛse yɛmmfa ɔkyena nnhaw yɛn ho no yɛɛ adwuma. Mihui sɛ Yehowa aboa me, enti sɛnea mitumi gyinaa mu no, me koraa, na ɛyɛ me nwonwa.”—Sally, Florida, U.S.A.

 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nneɛma foforo a ɛbɛboa wo a, hwɛ asɛm a yɛato din “Atoyerɛnkyɛm Si a—Nea Wobɛyɛ De Agye Wo Ho ne Afoforo.”

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.

b Yɛsan nso frɛ no Haima.