Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛsɛ Sɛ Nyamesomfo De Wɔn Ho Hyehyɛ Amanyɔsɛm Mu Anaa?

Ɛsɛ Sɛ Nyamesomfo De Wɔn Ho Hyehyɛ Amanyɔsɛm Mu Anaa?

 Wokɔ wiase baabiara a, wubehu nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Yesu Kristo akyidifo, nanso wɔde wɔn ho hyehyɛ amanyɔsɛm mu denneennen. Ebinom taa amanyɔfo a wɔrepere tumi akyi anaa wɔtaa amanyɔkuw pɔtee bi akyi, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nnipadɔm aba wɔn asɔre mu anaa wobenya wɔn ama wɔagye wɔn nkyerɛkyerɛ atom. Amanyɔfo nso, wɔtaa fa nsɛm a ɛsɔre wɔ ɔman no mu so nya nyamesomfo ma wɔbɛtaa wɔn akyi. Nyamesom mpanyimfo taa gyina sɛ wɔnto aba mma wɔn anaa wɔmma wɔn dibea wɔ aban mu. Aman bi so mpo deɛ, wotumi fa “Kristofo” asɔre bi sɛ ɔman no asɔre.

 Wudwen ho sɛn? Ɛsɛ sɛ Yesu Kristo akyidifo de wɔn ho hyehyɛ amanyɔsɛm mu anaa? Sɛ wohwɛ sɛnea Yesu bɔɔ ne bra a, wubetumi anya asɛm yi ho mmuae. Yesu kaa sɛ: “Magyaw mo nhwɛso sɛ, sɛnea mayɛ ama mo no, mo nso monyɛ saa ara.” (Yohane 13:15) Ɛba amanyɔsɛm a, nhwɛso bɛn na Yesu yɛe?

Yesu de ne ho hyehyɛɛ amanyɔsɛm mu anaa?

 Daabi. Yesu amfa ne ho anhyehyɛ wiase no amanyɔsɛm mu.

 Yesu anhwehwɛ dibea wɔ aban mu. Bere a Satan Ɔbonsam kaa sɛ ɔde “wiase ahenni nyinaa” bɛma no no, wannye. (Mateo 4:8-10) a Bere foforo nso, nkurɔfo hui sɛ, sɛ Yesu bedi wɔn so a ɛbɛboa wɔn, enti wopiapiaa no sɛ ɔmmɛyɛ amanyɔsɛm. Bible ka sɛ: “Yesu hui sɛ wɔpɛ sɛ wɔkyere no yɛ no ɔhene. Enti ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔhyɛɛ bepɔw no so bio.” (Yohane 6:15) Yesu amfa ne ho anhyehyɛ amanyɔsɛm mu. Ɛno nti na wampene nea na nkurɔfo no pɛ ɔyɛ no so no.

 Yesu annyina obiara akyi wɔ amanyɔsɛm mu. Ɛho nhwɛso bi ni. Yesu bere so no, na Yudafo no mpɛ sɛ wotua tow ma Roma aban no, na na wobu towtua sɛ ɛyɛ asisisɛm. Bere a nkurɔfo no kaa sɛ Yesu nkyerɛ n’adwene wɔ amanyɔsɛm mu akyinnye a ɛfa saa towtua no ho no, wanka sɛ wontua anaa wonnyae. Nea ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ: “Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.” (Marko 12:13-17) Yesu annyina obiara akyi wɔ amanyɔsɛm mu, mmom ɔmaa nkurɔfo no hui sɛ tow a Roma aban no ananmusifo a wɔyɛ adwuma ma Kaesare gyigye no, ɛsɛ sɛ wotua. Nanso ɔmaa wohui sɛ ɛnyɛ nea aban no bɛka biara na ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Sɛ aban no ka sɛ obi nyɛ biribi a Onyankopɔn nko ara na ɛfata sɛ ɔyɛ ma no a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ. Saa nneɛma no bi ne ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn.—Mateo 4:10; 22:37, 38.

 Aban bi a ɛwɔ soro na na Yesu taa akyi. Ɛno ne Onyankopɔn Ahenni. (Luka 4:43) Nea enti a Yesu amfa ne ho anhyehyɛ amanyɔsɛm mu ne sɛ, na onim sɛ nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ wɔ asaase yi so no, Onyankopɔn Ahenni nko ara na ebetumi ayɛ, na ɛnyɛ nnipa aban. (Mateo 6:10) Na onim sɛ Onyankopɔn Ahenni remfa nnipa aban so nni tumi, na mmom ebeyi nnipa aban afi hɔ na Onyankopɔn Ahenni asi anan.—Daniel 2:44.

Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no, wɔde wɔn ho hyehyɛɛ amanyɔsɛm mu anaa?

 Daabi. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔnka wiase no ho,’ na wotiee saa asɛm no. (Yohane 15:19) Wosuasuaa Yesu, enti wɔtwee wɔn ho fii wiase no amanyɔsɛm ho. (Yohane 17:16; 18:36) Wɔamfa wɔn ho anhyehyɛ amanyɔsɛm mu, mmom wɔyɛɛ adwuma a Yesu kaa sɛ wɔnyɛ no. Ɛne sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa, na wɔakyerɛkyerɛ nkurɔfo.—Mateo 28:18-20; Asomafo Nnwuma 10:42.

 Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no, Onyankopɔn paa na na wotie n’asɛm. Ná wonim nso sɛ ɛsɛ sɛ wotie aban mpanyimfo no asɛm. (Asomafo Nnwuma 5:29; 1 Petro 2:13, 17) Enti na wodi ɔman mmara so, na na wotua tow. (Romafo 13:1, 7) Ɛwom sɛ wɔamfa wɔn ho anhyehyɛ amanyɔsɛm mu de, nanso na wɔma aban no mmara bɔ wɔn ho ban, na nhyehyɛe a na aban no yɛ de boa ɔmanfo no nso, na wɔmpo.—Asomafo Nnwuma 25:10, 11; Filipifo 1:7.

Kristofo a ɛwɔ hɔ nnɛ mfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu

 Bible ma yehu paa sɛ Yesu anaa n’akyidifo a wɔtenaa ase tete no amfa wɔn ho anhyehyɛ amanyɔsɛm mu. Yehowa Adansefo yɛ Kristofo, enti baabiara a wɔwɔ no, wɔtwe wɔn ho fi amanyɔsɛm ho koraa. Wɔyɛ adwuma a Yesu kaa sɛ n’akyidifo nyɛ no. Enti wɔka “Ahenni no ho asɛmpa” no sɛnea Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so yɛe no.—Mateo 24:14.

a Bere a Yesu poo wiase ahenni no, wanka sɛ enni Satan nsam sɛ ɔde saa ahenni no bɛma no. Akyiri yi, Yesu frɛɛ Satan “nea odi wiase so.”—Yohane 14:30.