ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM June 2019

Adesua nsɛm a yebesua August 5–September 1, 2019

‘Monhwɛ Yiye Na Obi Amfa Mo Nnommum’!

Satan aben wɔ nnaadaa mu. Dɛn na Satan yɛ sɛnea ɛbɛyɛ a obenya yɛn adwene ama yɛasɔre atia Yehowa?

Tutu Nsusuwii Biara a Etia Onyankopɔn Nimdeɛ Gu!

Nea yɛafa mu, yɛn amammerɛ, ne nhomasua tumi ma yenya nsusuwii pa anaa nsusuwii bɔne. Yɛbɛyɛ dɛn atumi atutu nsusuwii bɔne a ‘agye ntini’ wɔ yɛn adwenem no agu?

Woreteetee a, Fa Wo Ho To Yehowa So

Sɛ yedwinnwen pii anaa dadwen hyɛ yɛn so kyɛ a, ebetumi ahaw yɛn nipadua na ama yɛn abam abu. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa boaa n’asomfo a wɔtenaa ase tete ma wotumi gyinaa ɔhaw a na ɛreteetee wɔn no ano a, yebetumi asua pii afi mu.

Boa Afoforo Ma Wonnyina Ateetee Ano

Lot, Hiob, ne Naomi de nokwaredi som Yehowa, nanso wɔfaa ateetee mu. Dɛn na yebetumi asua afi tebea ahorow a wɔfaa mu no mu?

Sɛnea Yɛbɛbɔ Yɛn Ho Ban Wɔ Satan Afiri Bi Ho

Ponografi anaa aguamansɛm hwɛ ayi Onyankopɔn asomfo pii. Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanhwɛ ade a ɛho ntew yi?

“Wɔabue” Tete Nhoma Mmobɔwee Bi Mu

Afe 1970 no, nkurɔfo a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu kohuu nhoma mmobɔwee bi a ahyew wɔ Ein Gedi, Israel. Abɛɛfo afiri bi a wɔfrɛ no 3-D scanner nti, wɔatumi ‘abue’ mu, anaa wɔahu nea wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee no mu. Bere a wɔde scanner no twaa mfoni no, dɛn na wohui?