Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Wɔabue” Tete Nhoma Mmobɔwee Bi Mu

“Wɔabue” Tete Nhoma Mmobɔwee Bi Mu

Efi afe 1970 a wohuu nhoma mmobɔwee a ahyew yi wɔ Ein Gedi no, na wontumi nkenkanee. Afiri bi a wɔfrɛ no 3-D scanner no ama wɔahu sɛ Leviticus nhoma no mu nsɛm bi na ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu, na Onyankopɔn din ka ho

AFE 1970 no, nkurɔfo a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu kohuu nhoma mmobɔwee bi a ahyew wɔ Ein Gedi, Israel. Wohui wɔ baabi a ɛbɛn Po a Awu no mpoano atɔe fam. Ná wɔretutu fam ahwehwɛ hyiadan bi a wɔhyewee bere a wɔsɛee akuraa no ɛnna wohuu nhoma mmobɔwee no; ɛbɛyɛ sɛ wɔsɛee akuraa no afe 500 Y.B. kosi afe 550 Y.B. mu hɔ baabi. Sɛnea na nhoma mmobɔwee no ayɛ nti, na ɛyɛ den sɛ obi betumi akenkan ahu asɛm a wɔakyerɛw wom; obi yɛe sɛ ɔrebue mu mpo a, anka ɛbɛtete. Nanso, abɛɛfo afiri bi a wɔfrɛ no 3-D scanner nti, wɔatumi “abue” mu, anaa wɔahu nea wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee no mu. Kɔmputa foforo bi a wɔayɛ aboa ma ɛnnɛ obi betumi akenkan asɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu.

Bere a wɔde scanner no twaa mfoni no, dɛn na wohui? Bible mu asɛm bi na ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu. Nkyerɛwee a ɛwom no yɛ kyerɛwnsɛm a ɛwɔ Leviticus nhoma no mfiase no bi. Tetragrammaton a ɛyɛ Onyankopɔn din a ɛwɔ Hebri mu no ka nsɛm a ɛwom no ho. Ɛbɛyɛ sɛ wɔkyerɛw nhoma mmobɔwee no afe 50 Y.B. kosi afe 400 Y.B. mu hɔ baabi. Qumran nsaano nkyerɛwee anaa Po a Awu Ho Nhoma Mmobɔwee no akyi no, saa nhoma mmobɔwee a wohui wɔ Ein Gedi no ne Hebri Bible nhoma mmobɔwee a akyɛ sen biara a wɔahu. Gil Zohar kaa wɔ The Jerusalem Post mu sɛ: “Ansa na wɔrehu Ein Gedi nhoma mmobɔwee a ɛyɛ Leviticus nhoma no fã bi no, na nsaano nkyerɛwee a akyɛ pa ara a ɛwɔ hɔ ne Po a Awu Ho Nhoma Mmobɔwee no (wɔkyerɛw no bɛyɛ afe 100 A.Y.B.) ne Aleppo Codex (wɔkyerɛw no bɛyɛ afe 930 Y.B.). Enti, bere a wɔkyerɛw Po a Awu Ho Nhoma Mmobɔwee no, edii bɛyɛ mfe 1,000 ansa na wɔrekyerɛw Aleppo Codex no.” Sɛnea abenfo bi kyerɛ no, saa nhoma mmobɔwee a wohui wɔ Ein Gedi no mu nsɛm a wɔatumi akenkan no ama wɔahu sɛ Masoretfo nkyerɛwee a ɛwɔ Torah no mu no, “mfe mpempem ni, nsakrae biara mmaa mu, na mfomso biara a wɔn a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi yɛe no nsesaa asɛm a ɛwom no.”