Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 TETEFO MFONINI

Kores Ɔkɛseɛ

Kores Ɔkɛseɛ

Sɛnea nnɛyi kalenda kyerɛ no, wɔ October 5/6, afe 539 A.Y.B. anadwo no, nea na wɔnhwɛ kwan sɛ ebetumi ato Babilon Ahemman no ahenkurow no sii. Saa anadwo no, Mediafo ne Persiafo asraafo a Ɔhene Kores a wɔsan frɛ no Kores Ɔkɛseɛ da wɔn ano no, ko faa kurow no. Ɔkwan a ɔfaa so dii nkonim no yɛ nwonwa kɛkɛ.

SƐNEA KORES DII BABILON SO NKONIM

Abakɔsɛm nhoma bi ka sɛ: “Bere a Kores de n’ani sii Babilon so no, na ɛyɛ kurow titiriw a ɛsen biara wɔ Mediterranea Apuei fam—ɛkame ayɛ sɛ na kurow biara ne no nsɛ wɔ wiase nyinaa. (Ancient World Leaders—Cyrus the Great) Ná Babilon te Eufrate Asubɔnten a wɔde ayɛ nsuka atwa kurow no afasu akɛse ho ahyia no so—ɛma ɛyɛɛ te sɛ nea atamfo ntumi ntow nhyɛ kurow no so.

Kores mmarima no danee Eufrate ani fi Babilon atifi fam, maa nsu a ɛwɔ kurow no mu no yowee. Asraafo no faa nsu no mu hyɛn kurow no apon a na ano deda hɔ no mu, na wɔfaa Babilon a wɔammrɛ koraa. Sɛnea Hela abakɔsɛm akyerɛwfo Herodotus ne Xenophon kyerɛ no, na Babilonfo te nka sɛ nneɛma a wɔde atwa kurow no ho ahyia nti wɔwɔ ahobammɔ araa ma anadwo a wɔbɛtow hyɛɛ wɔn so no, na wɔn mu pii ne ɔhene no wɔ apontow ase! (Hwɛ adaka  “Ɔfasu Ho Nkyerɛwee No.”) Bio nso, Kores nkonimdi no maa Bible mu nkɔmhyɛ ahorow bi nyaa mmamu.

Wɔkaa sɛnea Kores bedi Babilon so nkonim ho asɛm too hɔ wɔ Bible mu

 NKƆMHYƐ AHOROW A ƐYƐ NWONWA

Ɛfata sɛ yɛhyɛ Yesaia nkɔmhyɛ no nsow efisɛ wodii kan kyerɛw too hɔ bɛyɛ mfirihyia 200—ebia mfe 150 ansa na wɔrewo Kores! Susuw nea edidi so yi ho hwɛ:

OGYE BI A ƐYƐ NWONWA

Wɔ afe 607 A.Y.B., Babilon asraafo sɛe Yerusalem pasaa na wɔfaa nnipa a wofii mu kae no mu dodow dommum. Bere tenten ahe na na Yudafo no bedi wɔ nnommum mu? Onyankopɔn kae sɛ: “Na sɛ mfirihyia aduɔson no ba awiei a, . . . mɛma Babilon hene ne ɔman no abu akontaa . . . na mɛdan no amamfõ akosi daa.”—Yeremia 25:12.

Sɛnea yɛadi kan aka no, Kores dii Babilon so nkonim wɔ afe 539 A.Y.B. mu. Ɛno akyi pɛɛ no, ogyaa Yudafo no ma wɔsan kɔɔ wɔn kurom wɔ afe 537 A.Y.B.—mfe 70 akyi pɛpɛɛpɛ fi bere a wɔde wɔn kɔɔ nnommumfa mu no. (Esra 1:1-4) Babilon de, awiei koraa no ɛbɛyɛɛ “amanfo”—eyi nso foa sɛnea Bible nkɔmhyɛ tumi bam pɛpɛɛpɛ no so.

ƐFA WO HO DƐN?

Susuw eyi ho: Bible kaa (1) Yudafo a wɔbɛkɔ nkoasom mu mfe 70, (2) sɛnea Kores bedi Babilon so nkonim ne ɔkwan pɔtẽẽ a ɔbɛfa so, ne (3) awiei koraa no, Babilon a ɛbɛdan amanfo ho asɛm. Ná nnipa ntumi nka nneɛma a ebesi daakye ho asɛm saa! Nea ntease wom a yebetumi aka ne sɛ: “Nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmae da, na mmom nea efi Onyankopɔn hɔ na nnipa kae.” (2 Petro 1:21) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yesusuw nea Bible no ka ho.

^ nky. 36 Asɛmfua no fa sɛnea wɔkari sika ho. Sɛ wopɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 7.