Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE

Ɔkwan a Wɔfa So Gyae Akayɛ

Ɔkwan a Wɔfa So Gyae Akayɛ

ASƐNNENNEN

Dɛn na ɛma nnipa baanu a wɔaka ntam sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho no tumi yɛ aka bere tiaa bi—anaa nna pii? Ɛyɛ a nea wɔka ne sɛ, ‘Anyɛ yiye koraa no ɛma yegyae akasakasa.’ Nanso, ɛno mma asɛm no ntwa, na mmom ɛsɛe wɔn baanu nyinaa anigye.

NEA ƐMA ƐBA SAA

Aweredi. Awarefo binom ne wɔn ahokafo yɛ aka de twe wɔn aso. Fa no sɛ ɔbarima bi ayɛ nhyehyɛe sɛ ɔne ne yere bɛyɛ biribi dapɛn awiei nanso wanni kan ne ne yere ansusuw ho. Bere a ɔbea no hui no, ne bo fuwii na ɔka kyerɛɛ ne kunu no sɛ, ɔnnwene ne ho. Okunu no bua see no sɛ ne koma bɛn no dodo. Ɔbea no de abufuw fii adi, na ɛno akyi no, wankasa ne ho bio. Wɔ saa kwan yi so no, nea ɔbea no reka ne sɛ, “Woayɛ ade ma ayɛ me yaw, enti me nso mɛyɛ wo bi atua ka.”

Akayɛ a wɔde hwehwɛ biribi. Ebinom yɛ aka de hwehwɛ nea wɔpɛ. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ awarefo bi pɛ sɛ wotu kwan, na ɔbea no pɛ sɛ n’awofo ka wɔn ho kɔ. Okunu no mpene so. Ɔka sɛ, “Wo na meware wo, ɛnyɛ w’awofo.” Afei, ɔpatu ne ne yere no yɛ aka, na ɔtwe ne ho fi ne ho susuw sɛ ɛbɛma ɔbea no apene nea waka no so.

Ɛwom, sɛ awarefo gyae kasa bere a akasakasa a emu yɛ den asɔre wɔn ntam no a, ɛbɛma wɔn abufuw no abrɛ ase. Sɛ wogyae kasa saa a, ebetumi aboa. Bible ka sɛ, “kommyɛ wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:7) Nanso sɛ awarefo nam akayɛ so twe wɔn ahokafo aso, anaa wɔde hwehwɛ biribi a, ebetumi atwe asɛm no mu na ɛremma wommu wɔn ho bio. Dɛn na wobɛyɛ na asɛm a ɛte saa anto wo?

 NEA WUBETUMI AYƐ

Nea edi kan a wubetumi ayɛ ama akayɛ to atwa ne sɛ wubehu sɛ ɛso mfaso sua—na ɛrentumi nni wo haw no ho dwuma ankasa. Nokwarem no, akayɛ betumi ama woate nka sɛ woayɛ biribi atua wo hokafo no ka anaa ahyɛ no ma wayɛ nea wopɛ ama wo. Nanso, so saa na ɛsɛ sɛ wo ne obi a woaka ntam sɛ wobɛdɔ no no di nsɛm? Akwan pii wɔ hɔ a wubetumi afa so asiesie mo ntam.

Da nhumu adi. Bible ka sɛ, ɔdɔ “bo nhaw no.” (1 Korintofo 13:4, 5) Enti sɛ wo hokafo de abufuw keka nsɛm bi te sɛ “Wɔka biribiara kyerɛ wo a wonte,” anaa “Wo de, daa woka akyi” a, mma wo bo mfuw. Mmom no, hu nea enti a ɔkaa saa. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔka sɛ “Wɔka biribiara kyerɛ wo a wonte” a, ebetumi akyerɛ sɛ “Ɛyɛ me sɛ womfa me nsɛm aniberesɛm.”—Bible nnyinasosɛm: Mmebusɛm 14:29.

Bu wo hokafo no sɛ wo boafo na ɛnyɛ obi a wo ne no resi akan

Brɛ wo nne ase. Bere a akasakasa rekɔ so no, na emu reyɛ den. Nanso, biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de abrɛ akasakasa no ase. Ɔkwan bɛn so? Nhoma bi a wɔato din, Fighting for Your Marriage ka sɛ: “Sɛ wobrɛ wo nne ase na wugye wo hokafo no adwenkyerɛ tom a, ebetumi aboa ma akasakasa abrɛ ase. Mpɛn pii no, nea ehia sɛ woyɛ ara ne no.”—Bible nnyinasosɛm: Mmebusɛm 26:20.

Ka sɛ “yɛn,” nka sɛ “me.” Bible ka sɛ: “Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ne nko, na mmom ne yɔnko nso de.” (1 Korintofo 10:24) Sɛ wubu wo hokafo no sɛ wo boafo na ɛnyɛ obi a wo ne no resi akan a, ɛbɛyɛ den sɛ ne nsɛm bɛhyɛ wo abufuw na ɛde akasakasa bɛba mo ntam, na afei wo ne no ayɛ aka.—Bible nnyinasosɛm: Ɔsɛnkafo 7:9.

Akayɛ ne Bible mu afotu yi nhyia: “Sɛ́ ankorankoro no, mo mu biara nnɔ ne yere sɛ ne ho; na ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.” (Efesofo 5:33) Dɛn nti na wo ne wo hokafo nsi gyinae sɛ, mubetu akayɛ ase wɔ mo aware mu?