Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO

Suban Pa Ho Hia!

Suban Pa Ho Hia!

Wohwɛ a, nsɛm a edidi so yi mu nea ɛwɔ he na ebetumi ama w’ani agye paa?

  • asetena a wowɔ mu

  • w’awosu

  • wo suban

OBI bɛfa ‘asetena a ɔwɔ mu,’ na ebia waka sɛ, “sɛ m’ani begye a, gye sɛ . . .

  • “menya sika bebree”

  • “menya aware pa”

  • “menya apɔmuden”

Nanso sɛ obi ani begye a, ennyina n’asetena anaa n’awosu so. Mmom egyina ne suban so! Ntease wom. Adɛn ntia? Efisɛ yenni yɛn asetena anaa yɛn awosu so tumi kɛse, nanso yɛn suban de yebetumi ayɛ ho biribi.

“ƐSA YARE”

Bible abebusɛm bi ka sɛ: “Anigye koma sa yare; honhom a abotow ma nnompe mu yow.” (Mmebusɛm 17:22) Nea saa asɛm no kyerɛ ara ne sɛ, wo suban ho hia paa. Wo suban betumi aboa wo ama woadu wo botae bi ho anaa ebetumi ama w’abam abu. Suban koro yi ara betumi ama woasua biribi pa anaa ebetumi asɛe wo koraa.

Ebia ebinom begye kyim aka sɛ:

  • ‘Sɛ nneɛma nkɔ yiye a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ me ho sɛ biribiara rekɔ yiye?’

  • ‘Sɛ menya nneɛma ho adwempa sɛ dɛn mpo a, ɛrentumi nsesa m’asetena.’

  • ‘Twenee anim da hɔ a yɛmmɔ nkyɛn; sɛ adeɛ no nyɛ na medwene sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛrensesa hwee.’

Anhwɛ a wobɛka sɛ saa nsɛm yi tɔ asom. Nanso ɛyɛ sɛ yenya nneɛma ho adwempa. Wo de susuw nsɛm a edidi so yi ho hwɛ.

Alex ne Brian nyinaa yɛ adwuma faako, nanso ɛsono obiara adwuma. Bere a wɔn panyin bɛhwɛɛ adwuma a wɔayɛ no, ɔmaa wohuu mfomso bi a ɛwom.

  • Alex: “Brɛ a mebrɛe nyinaa ankosi hwee! Dabɛn koraa na metumi ayɛ adwuma yi yiye? Nea mɛyɛ biara yese enye. Mete adwuma yi mu reyɛ dɛn koraa?”

  • Brian: “Me panyin yi akamfo me paa nanso watwe m’adwene asi nneɛma nketenkete bi so. Masua nneɛma pii afi mu a ɛbɛboa me daakye.”

WUDWEN HO SƐN?

  • Bosome nsia akyi, wohwɛ a wɔn mu hena na n’adwuma bɛsɔ ani paa? Alex anaa Brian?

  • Sɛ worepɛ obi afa no adwumam a, mmarima yi mu hena na anka wobɛfa no?

  • woyɛ biribi na anyɛ yiye a, woyɛ w’ade te sɛ Alex anaa Brian?

Andrea ne Brittney ayɛ ankonam. Ɛsono sɛnea wɔn mu biara yɛ n’ade.

  • Andrea de, ɔno nko ara ho na odwen. Sɛ ɔbɛyɛ biribi ama obi a, gye sɛ onii no ayɛ no papa. N’asɛm ne sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ papa to gu?”

  • Brittney nso ku ne ho yɛ nkurɔfo papa a ɔnhwehwɛ biribiara mfi wɔn hɔ. Ɔde Bible mu afotusɛm yi na ɛbɔ ne bra: “Sɛnea mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara.” (Luka 6:31) N’asɛm ara ne sɛ, ‘Woyɛ papa a woyɛ fa.’

WUDWEN HO SƐN?

  • Mmea mmienu yi mu hena na wobɛfa no adamfo?

  • Wɔn mu hena na obetumi ne nkurɔfo abɔ yiye?

  • Sɛ woayɛ ankonam a, sɛn na woyɛ w’ade? Woyɛ w’ade te sɛ Andrea anaa Brittney?

Ebia wunim nnipa pii a wɔn suban te sɛ Brian ne Brittney. Ebi mpo a wote nka sɛ wote sɛ wɔn ara. Sɛ saa a, ɛnde ebia woahu sɛ wo suban betumi akyerɛ nneɛma pii. Sɛ wo suban reyɛ ayɛ sɛ Alex anaa Andrea nso ɛ? Hwɛ nneɛma mmiɛnsa a ɛwɔ Bible mu a ɛbɛboa wo ama woanya adwempa na w’abam ammu.

1 MMA W’ABAM MMU

BIBLE KA SƐ: “W’aba mu abu ahohia da mu anaa? W’ahoɔden so bɛtew.”Mmebusɛm 24:10.

NEA ƐKYERƐ: Woma w’abam bu a, ɛbɛyɛ den sɛ wubetumi ayɛ nea ɛrehaw wo no ho biribi.

NHWƐSO BI NI: Juliza ani annye ne nkwadaaberem. Ná ne papa yɛ kɔwensani, na na wɔn abusua no di hia buruburoo. Ná wodi atutena; wɔntena faako. Mfiase no, na asetena afono Juliza nanso nneɛma sesae. Ɔkaa sɛ, “Ansa na m’awofo ani so retete wɔn no, na Bible aboa me ama m’ayɛ nsakrae pii. Ɛde besi nnɛ, nea m’asua afi Bible mu no ama manya nneɛma ho adwempa. Seesei sɛ nkurɔfo yɛ nneɛma a m’ani nnye ho a, mebɔ mmɔden sɛ mɛte wɔn ase.”

Juliza ahu sɛ nsɛm a ɛhyɛ nkuran pii wɔ Bible mu. Emu afotusɛm betumi aboa wo ama woanya nneɛma ho adwempa. Wo de hwɛ Efesofoɔ 4:23. Ɛka sɛ: “Momma wɔnkɔ so nyɛ mo foforo wɔ tumi a ɛkanyan mo adwene no mu.”

Kyerɛwsɛm yi kyerɛ sɛ wubetumi asesa w’adwene wɔ nneɛma ho. Nanso ɛmma prɛko pɛ. Enti Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnkɔ so nyɛ yɛn ho foforo.’

2 NYA NNEƐMA HO ADWEMPA

BIBLE KA SƐ: “Mmɔborɔni de, da biara nye mma no; na nea ɔwɔ anigye koma no wɔ apontow mu daa.”—Mmebusɛm 15:15.

NEA ƐKYERƐ: Sɛ wusu wo ho mmɔbɔ dodo a, worenhu adepa biara wɔ w’abrabɔ mu da, na da biara wubenwiinwii. Nanso sɛ wunya nneɛma ho adwempa a, ‘daa wo koma ani gye.’ Enti wopɛ sɛ w’ani gye a, w’ani begye; na wopɛ sɛ wo werɛ how nso a, wo werɛ bɛhow.

NHWƐSO BI NI: Biribi honoo Yanko tirim maa wɔyɛɛ no oprehyɛn mpɛn pii. Eyi sɛee ne kasa ne ne nantew. Ná osuro sɛ ne yare no remma ontumi nyɛ nneɛma a ɔde asi n’ani so no, enti n’abam bui mfe pii. Nanso akyiri yi, ɔsesaa n’adwene. Ɛbaa no sɛn? Ɔkaa sɛ: “Sɛ́ anka medwinnwen nneɛma a mentumi nyɛ ho de ahaw me ho no, misuae sɛ medwen nneɛma a ɛbɛhyɛ me den ho.”

Ade baako a Yanko yɛ ne sɛ ɔkenkan Bible. Ɔkaa sɛ eyi ma “midwen nneɛma pa ho. Ɛwom, minyii m’adwene mfii nea daakye mepɛ sɛ meyɛ no so de, nanso seesei mede m’adwene si nneɛma nketenkete a mitumi yɛ so. Nneɛma bebree wɔ hɔ a mɛtumi adwene ho ama m’ani agye, enti sɛ m’abam reyɛ abu a, ɛno na mede m’adwene si so.”

Wo nso wubetumi ayɛ sɛ Yanko, na woato wo dadwen nyinaa agu ayɛ nneɛma a ɛbɛma w’ani agye. Sɛ yare reteetee wo a, bisa wo ho sɛ: ‘Enti anidaso asa koraa? Anaasɛ mɛtumi ayɛ ho biribi?’ Bɔ mmɔden sɛ woremma nneɛma nhyɛ wo so; mmom fa w’adwene si nneɛma pa so.

3 YƐ NKURƆFO PAPA

BIBLE KA SƐ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.

NEA ƐKYERƐ: Sɛ obi yi ne yam yɛ nkurɔfo papa a, n’ani gye paa. Adɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn ammɔ yɛn sɛ yɛnwen yɛn nko ara yɛn ho. (Filipifo 2:3, 4; 1 Yohane 4:11) Sɛ yɛyɛ papa a, yɛn ani gye, na ɛboa ma yɛn adwennwen so tew.

NHWƐSO BI NI: Ɔbarima bi a yɛfrɛ no Josué akyi berɛmo ho aka, na amane a ɔrehu de yɛnka. Nanso ɔbɔ mmɔden sɛ daa ɔbɛboa nkurɔfo. N’asɛm a ɔka ne sɛ, “Sɛ́ anka mɛka sɛ merentumi nyɛ biribi no, daa midwen nea mɛtumi ayɛ aboa nkurɔfo ho, na eyi ma m’ani gye paa.”

NEA WUBETUMI AYƐ

Hwɛ sɛ wubetumi ayɛ nneɛma aboa nkurɔfo anaa. Sɛ wunim obi a ɔyare a, wubetumi anoa aduan akɔma no? Wunim akwakoraa anaa aberewa bi a wubetumi akɔ ne fie akɔboa no?

Sɛnea wo dua ade a wohwɛ so kama no, saa ara na ɛsɛ sɛ wohwɛ wo suban yiye. Sɛ wuhu sɛ wotaa de w’adwene kɔ nneɛma a ɛho nhia pii so ma w’abam bu a, ɛnde bɔ mmɔden tu ase. Nya nneɛma ho adwempa na yɛ nneɛma a ɛbɛma w’ani agye. Woyɛ saa a, asetena remfono wo. Ɛbɛma woahu sɛ ampa, suban pa ho hia.

Yare nti ebinom agyae nnuan bi di. Wo nso, wuhu suban bi a enye wɔ wo ho a, wubetumi agyae