Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛdɛn Na Wunim Fa Yehowa Adansefo Ho?

Ɛdɛn Na Wunim Fa Yehowa Adansefo Ho?

Daa wuhu sɛ yɛne nkurɔfo rebɔ Bible mu nkɔmmɔ. Ebia nsɛnkyerɛwfo anaa nnipa bi aka yɛn ho asɛm ama woate. Wo nso ɛ? Ɛdɛn paa na wunim fa Yehowa Adansefo ho?

SƆ W’ADWENE HWƐ

Hwɛ nsɛm a edidi so yi. Ɛyɛ nokware anaa atoro?

NOKWARE ATORO

  1. Yehowa Adansefo yɛ Kristofo.

  2. Yehowa Adansefo gye di sɛ Onyankopɔn de nnafua 6 pɛ na ɛbɔɔ ade.

  3. Yehowa Adansefo mpɛ ayaresa.

  4. Yehowa Adansefo gye Bible mũ no nyinaa di.

  5. Yehowa Adansefo wɔ wɔn ara Bible, na ɛno nko ara na wɔde yɛ adwuma.

  6. Yehowa Adansefo asesa wɔn Bible sɛnea ɛne wɔn gyidi behyia.

  7. Yehowa Adansefo ayi wɔn ho afi ɔman no biribiara mu.

  8. Yehowa Adansefo mfa wɔn a wɔwɔ ɔsom foforo mu nyɛ hwee.

Wubehu mmuae no wɔ kratafa 8 ne 9.

  1. 1 NOKWARE. Yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ ne ne nhwɛso akyi. (1 Petro 2:21) Nanso wode yɛn toto asɔre ahorow ho a, wubehu sɛ yɛyɛ soronko. Nhwɛso bi ni: Yɛahu wɔ Bible mu sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba; ɔnyɛ Baasakoro. (Marko 12:29) Yennye nni sɛ onipa wɔ ɔkra bi wɔ ne mu a enwu. Afei nso biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ nnipa ayayade wɔ hell anaa Ɔbonsam gya mu. Yennye nni nso sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wɔn a wɔdi ɔsom ahorow anim abodin soronko bi.—Ɔsɛnkafo 9:5; Hesekiel 18:4; Mateo 23:8-10.

  2. 2 ATORO. Yegye di sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ biribiara. Nanso yennye nni sɛ Onyankopɔn de nnafua nsia pɛ na ɛbɔɔ ade sɛnea ebinom ka no. Adɛn ntia? Efisɛ saa adwene no ne Bible nhyia. Sɛ Bible ka “da” a, etumi kyerɛ bere tenten bi. (Genesis 2:4; Dwom 90:4) Bio nso, ebinom ka sɛ wɔbɔɔ asase nkyɛɛ ahe biara. Nanso Bible ma yehu sɛ ansa na Onyankopɔn rebɔ ade nna nsia no, na asase no wɔ hɔ dedaw. 1Genesis 1:1.

  3. 3 ATORO. Yɛyare a, yɛhwehwɛ ayaresa. Yɛn mu bi mpo yɛ adɔkotafo. Tete no na Kristoni bi a ɔde Luka nso yɛ ‘oduruyɛfo,’ anaa dɔkota. (Kolosefo 4:14) Nanso sɛ ayaresa anaa aduruyɛ bi ne Bible nhyia a, yɛpo. Nhwɛso bi ni: Yɛnnye mogya, efisɛ Bible aka no pen sɛ yɛntwe yɛn ho mfi mogya ho.Asomafo Nnwuma 15:20, 28, 29.

    Nanso yɛn anaa yɛn busuani bi yare a, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛhwehwɛ ayaresa. Esiane sɛ Adansefo no nnye mogya nti, sɛ adɔkotafo rehwɛ wɔn a, wɔhwɛ sɛ wɔrenhwere mogya pii. Ɛnnɛ, adɔkotafo fa saa kwan yi so sa nkurɔfo yare. Wokɔ aman pii so a, nnipa bi mpɛ sɛ wobegye mogya, efisɛ wosuro sɛ ebia na wɔanya mogya mu nyarewa anaa wobɛhwɛ mpo na nnuruyɛfo a wɔde mogya no rema wɔn no adi mfomso bi.

  4. 4 NOKWARE. Yegye tom sɛ Bible no nyinaa “fi Onyankopɔn honhom mu, na eye.” (2 Timoteo 3:16) Nea nkurɔfo taa frɛ no Apam Dedaw ne Apam Foforo no nyinaa ka ho. Yɛn de yɛfrɛ eyinom Hebri Kyerɛwnsɛm ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm, efisɛ yɛmpɛ sɛ nkurɔfo nya adwene sɛ Bible no fa bi atwam anaasɛ ɛso nni mfaso.

  5. 5 ATORO. Yɛde Bible nkyerɛase pii yɛ adwuma. Nanso sɛ yɛwɔ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no wɔ kasa bi mu a, yɛn ani gye ho sɛ yɛde bɛyɛ adwuma, efisɛ ɛbɔ Onyankopɔn din, emu da hɔ, na ne ntease nso nyɛ den. Susuw Onyankopɔn din Yehowa no ho hwɛ. Wohwɛ Bible nkyerɛase bi mu a, nnianim nsɛm nko ara mu no, wɔabobɔ nnipa 79 a wɔboa maa wɔyɛe no din. Nanso Yehowa Nyankopɔn a Bible yɛ ne dea no de, wɔayi ne din afi nkyerɛase no mu. Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no de, baabi a ɛsɛ sɛ edin Yehowa no pue no, wɔde ahyɛ hɔ. 2

  6. 6 ATORO. Sɛ yehu sɛ yɛn adwene a yɛwɔ ne Bible no nhyia a, yɛyɛ nsakrae. Ansa na yɛreyɛ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase (Borɔfo de) no 1950 mu no, na yɛde Bible nkyerɛase a ɛwɔ hɔ no yɛ adwuma, na ɛno na yɛde yɛn gyidi ne yɛn nkyerɛkyerɛ nyinaa gyinaa so.

  7. 7 ATORO. Yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn ne wɔn kosusuw Bible ho, na eyi boa wɔn paa. Yɛaboa nkurɔfo pii ama wɔatwe wɔn ho afi nneyɛe bɔne te sɛ nnubɔnenom ne asanom bebrebe ho. Yɛaboa nnipa mpempem pii nso ama wɔahu akenkan ne akyerɛw wɔ aman bebree so. Afei sɛ atoyerɛnkyɛm si baabi a, yɛboa yɛn nuanom Adansefo ne wɔn a wɔnyɛ bi nyinaa. Yɛde mmoa a ehia ne Bible mu awerɛkyekyesɛm ma wɔn a wɔn ho aka nyinaa. 3

  8. 8 ATORO. Bible tu yɛn fo sɛ ‘yenni nnipa nyinaa ni.’ (1 Petro 2:17) Yɛde saa afotu no yɛ adwuma ɛmfa ho ɔsom a nkurɔfo wɔ mu. Nhwɛso bi ni: Aman pii wɔ hɔ a Yehowa Adansefo dɔɔso paa wɔ hɔ, nanso yɛnhyɛ amanyɔfo anaa mmarahyɛfo sɛ wɔnsɔre ntia asɔre bi anaa wɔngu no koraa. Saa ara nso na yɛmmɔ dawuru sɛ wɔnhyɛ mmara mma obiara mmɔ ne bra sɛnea yɛn gyidi te. Mmom sɛnea yɛpɛ sɛ nkurɔfo kyerɛ obu ma yɛn gyidi no, yɛn nso yɛyɛ wɔn saa ara.—Mateo 7:12.

Nsɛm a ɛwɔ yɛn wɛbsaet jw.org/tw hɔ no bi na yɛaka wɔ ha no. Wopɛ sɛ wosua pii ka ho a, kɔ YƐN HO NSƐM > NSƐM A NKURƆFO TAA BISA..

^ 1. Ne saa nti, yegye nhwehwɛmu a nyansahufo bi ayɛ no tom sɛ asase no adi mfe mpempem pii.

^ 2. Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛma Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no yɛ soronko. Ɛne sɛ yɛntɔn. Eyi ama nkurɔfo pii anya Bible wɔ wɔn kasa mu. Seesei ɛwɔ kasa bɛyɛ 130 mu. Wubetumi akenkan bi wɔ www.mt711.com/tw mpo.

^ 3. Ɔkwan titiriw baako a yɛde sika a yeyi yɛ adwuma ne sɛ yɛde boa wɔn a atoyerɛnkyɛm asɛe wɔn nneɛma. (Asomafo Nnwuma 11:27-30) Yɛn nuanom a wɔboa nnipa a wɔn ho aka no nnye akatua biara, enti sika a yeyi no, yɛde ne nyinaa boa adwuma no.