Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NYAN! No. 1 2022

Nneɛma sɛe ara na ɛresɛe wɔ wiase. Yɛn mu bebree wɔ hɔ a atoyerɛnkyɛm redi yɛn nya. Ɛno da nkyɛn a, nneɛma a nnipa yɛ a ɛde ɔhaw ba no nso mma yɛn ho ntɔ yɛn. Nyan! yi mu nsɛm bɛboa wo ama woahu nea wo ne w’adɔfo betumi ayɛ de abɔ mo ho ban, na moatumi atena wiase a ayɛ bisibasaa yi mu.

 

Wiase Yi Ayɛ Bisibasaa—Wobɛyɛ Dɛn Atena Mu?

Sɛ biribi bɔne si a, ɛsɛ sɛ woyɛ nea wubetumi biara bɔ wo ne w’abusuafo ho ban.

1 | Hwɛ W’apɔwmuden Yiye

Sɛ wohwɛ w’apɔwmuden so yiye na sɛ wuhyia ɔhaw bi a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wubegyina ano.

2 | Bɔ Wo Sika Ne W’agyapade Ho Ban

Sɛ wohwɛ wo sikasɛm yiye a, da hiada anaa da a biribi bɔne besi no, wo ho nkyere wo.

3 | Ayɔnkofa a Ɛwɔ Wo Ne W’adɔfo Ntam No, Bɔ Ho Ban

Hwɛ nneɛma a ɛbɛboa wo ama woabɔ w’aware ho ban, ne nea woyɛ a ɛbɛma wo ne nnamfo ne wo mma ntam ayɛ kama.

4 | Anidaso a Wowɔ No, Bɔ Ho Ban

Bible boa yɛn ma yegyina ɔhaw a yehyia wɔ yɛn asetenam no ano, na ɛma yenya anidaso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye.

Nsɛm a Ɛwɔ Nyan! Yi Mu

Kenkan nsɛm a ebetumi aboa wo ne w’abusua, na ama moatumi atena wiase a ayɛ bisibasaa yi mu.