Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Yi Ayɛ Bisibasaa—Wobɛyɛ Dɛn Atena Mu?

Wiase Yi Ayɛ Bisibasaa—Wobɛyɛ Dɛn Atena Mu?

Sɛnea seesei ɔhaw adɔɔso wɔ wiase no, ama worebrɛ anaa woreteetee? Ɔhaw a yɛrebɛbobɔ so yi, ebi rekɔ so wɔ baabi a wote no anaa?

  • akokoakoko

  • yare a atu atese

  • atoyerɛnkyɛm

  • ohia

  • nnipa mu nyiyim

  • awudisɛm

Sɛ biribi bɔne si a, wɔn a wɔn ho ka no, wɔn mu bebree wɔ hɔ a ɛbɔ wɔn pusa, na ɛma wɔn anidaso sa. Ebinom wɔ hɔ a biribi saa si a, etumi bubu wɔn. Nanso sɛ yedwinnwen ho ara ma ebubu yɛn dodo a, ebetumi asɛe asɛm no koraa.

Sɛnea wiase ayɛ bisibasaa no, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ so yiye, na yɛbɔ ho ban. Ebi ne yɛn apɔwmuden ne yɛn sikasɛm. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛn abusua ne yɛn nnamfo ho hia yɛn, na yɛhwɛ sɛ yɛremma yɛn anigye nsɛe.

Sɛnea nneɛma adan abutuw wɔ wiase no ama obiara rebrɛ. Nanso wo de, dɛn na wubetumi ayɛ na ama wo haw so atew kakra?