Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea nsu tumi dum ogya no, saa ara na bɔne fakyɛ tumi yi akasakasa fi hɔ

AWAREFO

4: Fa Bɔne Kyɛ

4: Fa Bɔne Kyɛ

NEA ƐKYERƐ

Bɔne fakyɛ kyerɛ sɛ wode mfomso a obi adi bɛkyɛ no, na woayi ɛho abufuw anaa ɛyawdi biara afi wo mu. Bɔne fakyɛ nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wubu mfomso no adewa anaa wohyɛ da yɛ wo ho sɛ biribiara nsii.

BIBLE MU ASƐM: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora.”—Kolosefo 3:13.

“Sɛ wodɔ obi a, womfa w’adwene nsi ne sintɔ ahorow so, mmom no, suban pa a ɔrebɔ mmɔden sɛ obenya no, ɛno na wode w’adwene besi so.”—Aaron.

NEA ENTI A ƐHO HIA

Sɛ wode wo hokafo ho abufuw anaa ɛyawdi hyɛ wo mu a, ebetumi abɔ wo yare anaa asɛe w’anigye. Ebetumi nso asɛe w’aware.

“Da bi, me kunu yɛɛ biribi ma ɛhyee me pa ara, ɛnna ɔpaa me kyɛw. Ná ɛyɛ den ma me sɛ mede bɛkyɛ no. Akyiri yi mede kyɛɛ no, nanso ɛyɛ me yaw sɛ manyɛ no ntɛm efisɛ ɛmaa yɛn ntam yɛɛ basaa.”—Julia.

NEA WUBETUMI AYƐ

FA WEI SƆ WO HO HWƐ

Ɛda a wo hokafo bɛyɛ biribi anaa ɔbɛka biribi ma ahaw wo no, bisa wo ho sɛ:

  • ‘Mema nsɛm haw me dodo anaa?’

  • ‘Enti mehwɛ a mfomso no sõ araa ma mihia kyɛwpa? Anaa ɛyɛ biribi a metumi abu m’ani agu so?’

WO NE WO HOKAFO NSUSUW HO

  • Ɛyɛ a egye bere tenten sɛn ansa na yɛde bɔne akyɛ yɛn ho?

  • Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛde mfomso akyɛ yɛn ho ntɛm?

NYANSAHYƐ

  • Sɛ wo hokafo yɛ biribi ma ɛhaw wo a, nsusuw sɛ wo hokafo no de adwemmɔne na ɛyɛɛ saa.

  • Sɛ wo hokafo no yɛ biribi a, kae sɛ “yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii” na te nea enti a ɔyɛɛ saa no ase.—Yakobo 3:2.

“Sɛ mfomso no fi yɛn mmienu nyinaa de a, ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛde bɛkyɛ yɛn ho. Nanso sɛ efi onipa baako de a, ɛyɛ den sɛ yɛde bɛkyɛ. Egye ahobrɛase pa ara na yɛagye kyɛwpa atom na yɛde mfomso akyɛ.”—Kimberly.

BIBLE MU ASƐM: “Wo ne no nsiesie asɛm no ntɛm.”—Mateo 5:25.

Sɛ wode wo hokafo ho abufuw anaa ɛyawdi hyɛ wo mu a, ebetumi abɔ wo yare anaa asɛe w’anigye. Ebetumi nso asɛe w’aware