Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ABAKƆSƐM

Desiderius Erasmus

Desiderius Erasmus

DESIDERIUS ERASMUS tenaa ase bɛyɛ mfe 500 a atwam ni. Ná wobu no sɛ onim ade sen Europe abenfo nyinaa. Nanso onipa koro yi ara, akyiri yi nkurɔfo kasa tiaa no sɛ ɔyɛ ohufo ne mmusubɔfo. Saa bere no, na nyamesom ho akyinnyegye gyina mu paa nanso ɔbɔɔ ne ho mmusu kaa nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so wɔ Katolek som mu ho asɛm. Ɛnnɛ, sɛ yɛreka wɔn a wɔboa maa nsakrae baa nyamesom mu wɔ Europe a, odi mu akoten paa. Adɛn nti na yɛreka saa?

NE GYIDI NE NEA OSUAA HO ADE

Erasmus suaa Latin ne Hela kasa yiye paa. Enti ɛma otumi de Bible a na ɛwɔ Latin mu te sɛ Latin Vulgate no totoo tete Kristofo Hela nsaano nkyerɛwee anaa Apam Foforo a na akyɛ paa no ho. Obegye toom sɛ Bible mu nimdeɛ ho hia paa, enti ne bere so no, ɔkaa sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ Bible no ase kɔ kasa ahorow a nnipa dodow no ara ka mu.

Ná Erasmus pɛ sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ Katolek Asɔre no ankasa mu. Ná ogye di sɛ, sɛ wɔka sɛ obi yɛ Kristoni a, ɛnyɛ amanne huhuuhu a obedi akyi na ehia, mmom ɛsɛ sɛ ɔma ɛda adi wɔ n’abrabɔ mu nso. Enti bere a nnipa bi maa wɔn homene so pɛɛ sɛ nneɛma sesa wɔ Roma Asɔre no mu no, na Katolekfo gye di paa sɛ ɔno na na ɔhyɛ akyi.

Erasmus bɔɔ ne ho mmusu kaa nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so wɔ Katolek som mu no ho asɛm

Sɛnea na asɔfo no sisi asɔremma no, Erasmus paa ho ntama. Afei nso ɔkaa wɔn akɛsesɛm ne sɛnea na popefo no moma wɔn ho so na wɔfoa akodi so no ho asɛm. Wɔne asɔfo a na wodidi asɔremma ho no anyɛ adwene da. Ná wɔyɛ amanne pii wɔ asɔre no mu. Ebi ne bɔneka, akronkronfo a wɔsom wɔn, akɔnkyen, ne akwantu kronkron. Wɔnam weinom nyinaa so didii asɔremma no ho. Afei nso, ɔne asɔre no anyɛ adwene wɔ nneɛma bi te sɛ sika a wogye wɔ bɔnesrɛ ho ne sigyadi ho mmara a na wɔahyɛ ama asɔfo no.

APAM FOFORO A ƐWƆ HELA KASA MU

Afe 1516 mu no, Erasmus yii Apam Foforo a wakyerɛ ase kɔ Hela kasa mu adi. Ɛno ne Kristofo Hela Kyerɛwsɛm a edi kan koraa a ɔyɛe. Wei akyi no, ɔsan kyerɛɛ Bible no ase fii Hela mu kɔɔ Latin mu. Ɔde nsɛm hyehyɛɛ anoano de kyerɛkyerɛɛ nneɛma mu. Ná emu nsɛm ne Vulgate no nhyia koraa. Bere bi akyi no, ɔsan yɛɛ ne nkyerɛase no mu nsakrae enti wode toto Latin Vulgate no ho a, wutumi hu sɛ ɛmmɛn ho koraa.

Apam Foforo a Erasmus kyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa mu

Nsonsonoe baako a na ɛwɔ Apam Foforo no ne Latin Vulgate no mu ne asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 5:7 no. Nea ɛbɛyɛ na afoa Baasakoro nkyerɛkyerɛ so no, wɔde nsɛm bi a wɔfrɛ no comma Johanneum hyehyɛɛ Vulgate no mu. Ɛkenkan sɛ: “Na baasa na edi adanse ɔsoro: Agya no, Asɛm no, ne Honhom Kronkron no, na baasa yi yɛ baako.” Nanso, Erasmus amfa saa nsɛm yi anhyɛ Apam Foforo mmienu a odii kan kyerɛɛ ase no nyinaa mu, efisɛ na enni Hela nsaano nkyerɛwee a ɔhwɛɛ so kyerɛɛ ase no biara mu. Akyiri yi, asɔre no hyɛɛ no sɛ ɔmfa saa asɛm no nhyɛ ne nkyerɛase a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu.

Hela Apam Foforo a Erasmus yɛe no mu na wɔhwɛ kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Europe kasa ahorow mu. Martin Luther, William Tyndale, Antonio Brucioli, ne Francisco de Enzinas nyinaa hwɛɛ so kyerɛɛ Hela Kyerɛwsɛm no ase kɔɔ German kasa, Borɔfo kasa, Italy kasa, ne Spain kasa mu.

Erasmus bere so no, na nyamesom mu nnwo koraa. Apam Foforo a ɔkyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa mu no boaa Protestantfo a na wɔpɛ ɔsom mu nsakrae no paa. Ná nnipa pii susuw sɛ Erasmus nso ka nnipa a wɔpɛ ɔsom mu nsakrae no ho. Nanso bere a nsakrae no fii ase ankasa no, wɔn ani wui. Saa bere no, wamfa ne ho anhyɛ anobaabae a ɛkɔɔ so no mu. Bɛboro mfe 100 a atwam ni, ɔbenfo David Schaff kyerɛwee sɛ, Erasmus “wui no, na ne din nni asɔre biara nhoma mu. Ná Katolekfo mpɛ no; saa ara nso na na Protestantfo mpɛ no.”