Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

JW LIBRARY

Fa JW Library Di Dwuma​—Android

Fa JW Library Di Dwuma​—Android

Yɛma wo akwaaba ba JW Library so. Wɔayɛ JW Library sɛ yɛmfa nkenkan Bible na yɛmfa nsua. Wopɛ sɛ wuhu nneɛma a ɛwɔ so a, fa wo nsa fa “screen” no so fi benkum kɔ nifa; anaa mia Menu a ɛwɔ benkum so wɔ soro hɔ no so.

 Bible

Wokɔ Bible afa hɔ a, wubenya Bible nkyerɛase pii. Sɛ wumia Bible nhoma bi so na wumia eti no so a, wubetumi akenkan. Worekenkan a, wubehu ase hɔ nsɛm ne nneɛma a ɛtete saa wɔ nifa so.

Wopɛ Bible nhoma foforo a, fa wo nsa si screen no so fi benkum kɔ nifa. Mia Bible so, na wubehu Bible mu nhoma no nyinaa bio.

 Publications

Wokɔ Publications a, wubenya nhoma, nsɛm a yɛbɔ tie ne video. Mia nhoma a wopɛ so na yi mu asɛm bi kenkan. Worekenkan a, wubetumi akan emu kyerɛw nsɛm no nso. Wumia kyerɛwsɛm no so a, nkyekyɛm no bebue wɔ nifa so. Wumia kyerɛwsɛm bi link wɔ nifa so hɔ a, ɛde wo bɛkɔ saa nkyekyɛm no wɔ Bible mu.

Wopɛ sɛ wubue nhoma foforo a, fa wo nsa si screen no so fi benkum kɔ nifa. Mia Publications so, na wubehu nhoma no sɛ ɛsa so.

 Daily Text

Menu na mia Daily Text so, na wubehu saa da no asɛm.

 Online

Faako a wɔakyerɛw Online no de wo bɛkɔ yɛn wɛbsaet ahorow no so.

 Update Bi Ba a, Fa Gu W’afiri So

Bɔ mmɔden sɛ update biara a ɛbɛba JW Library so no, wubenya bi. Ɛno bɛyɛ yiye a, gye sɛ daa wo update w’afiri no.

Ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ wowɔ Android program a aba foforo koraa a ɛne w’afiri no fa. Wopɛ ɛho nsɛm pii a hwɛ: https://support.google.com/nexus/answer/4457705.

Nea ɛbɛma ayɛ mmerɛw no, fa w’afiri no to baabi a update biara ba a, ɛno ara bɛyɛ update no. Wopɛ ɛho nsɛm pii a hwɛ: https://support.google.com/googleplay/answer/113412.