Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

JW LIBRARY

Sɛnea Wobɛtwe Nhoma Anaa Video na Wode Adi Dwuma​—Android

Sɛnea Wobɛtwe Nhoma Anaa Video na Wode Adi Dwuma​—Android

Nhoma, nhomawa, nkratawa, ne video pii wɔ JW Library so a wubetumi akenkan anaa woahwɛ bere a wunni Intanɛt so.

Wopɛ sɛ wotwe bi anaa wode di dwuma a, di akwankyerɛ yi akyi:

 Twe Nea Wopɛ

Wubetumi atwe dodow biara a wopɛ na akyiri yi woasua anaa woakenkan bere a wunni intanɛt so.

  • Sɛ wode wo nsa fa w’afiri no benkum so twe a, wubehu sɛ wɔahyehyɛ nhoma no wɔ Publications afa hɔ.

  • Wumia Languages ahyɛnsode no so a wubehu sɛ kasa ahorow no nyinaa sa so. Mia kasa a wopɛ so. Kasa a wotaa de di dwuma no, ɛno na edi kan. Wopɛ nso a wubetumi abɔ kasa a worehwehwɛ no ahyɛ hɔ.

Akwan pii wɔ hɔ a yɛfa so hwehwɛ nhoma wɔ JW Library so.

Wumia By Type a, wubehu nhoma ahorow wɔ kasa a wode ato so no mu sɛ wɔahyehyɛ no akuwakuw sei: Books, Tracts, anaa Videos. Wubue bi a, wubehu nneɛma foforo. Wofa Watchtower sei a, wubehu sɛ wɔahyehyɛ no afe afe, na video no nso, wɔahyehyɛ no ahorow ahorow. Sɛ wumia All Types so a, ɛde wo bɛkɔ w’akyi.

What’s New afa no ma wuhu nneɛma a wɔayi no adi nnansa yi ara wɔ kasa no mu.

Wunnya ntwee nhoma bi a, wubehu sɛ wɔde ahyɛnsode bi te sɛ mununkum ato ho. Wopɛ sɛ wotwe nhoma bi a, mia saa nhoma no so. Wotwe nhoma no wie a, ahyɛnsode no befi ho. Afei wumia so a, wubetumi akan.

Wokɔ Downloaded afa hɔ a, biribiara a woatwe wɔ kasa biara mu no wɔ hɔ. Wubetumi ahyehyɛ nhoma a ɛwɔ hɔ no wɔ akwan yi so: Frequently Used, Rarely Used ne Largest Size.

Yi Biribi Fi W’afiri So

 Sɛ w’afiri no so ayɛ ma anaa biribi wɔ so a wunhia bio a, wubetumi ayi afi so.

Sɛ wode wo nsa fa w’afiri no benkum so twe na wumia Publications so a, wubetumi amia baako so (te sɛ Books) na woahu nea ɛwom nyinaa. Wopɛ sɛ wuyi biribi fi so a, mia More ahyɛnsode no so na mia Delete.

Sɛ w’afiri no so reyɛ ayɛ ma a, yi nneɛma a wontaa mfa nyɛ adwuma anaa ɛso dodo no bi fi so. Fa wo nsa fa w’afiri no benkum so twe na mia Publications. Afei kɔ Downloaded na hyehyɛ nhoma no wɔ akwan yi so: Rarely Used anaa Largest Size. Afei yi nea wunhia no fi so.

Twe Nea Wɔayɛ Mu Nsakrae

 Ɛwom ara a, nhoma bi a woatwe dedaw no, wobɛhwɛ na wɔayɛ mu nsakrae.

Sɛ ɛba saa a, wubehu sɛ ahyɛnsode kurukuruwa bi abɛda ho. Sɛ wumia nhoma bi so a wubehu sɛ wɔakyerɛw sɛ wɔayɛ mu nsakrae. Wumia Download so a, wubenya nea wɔasakra mu no. Wopɛ nso a, mia Later na akyiri yi woatwe.

Wopɛ sɛ wuhu sɛ wɔayɛ nsakrae wɔ biribi a woatwe mu a, fa wo nsa fa benkum so na mia Publications. Wɔayɛ ebi mu nsakrae a, wɔbɛkyerɛw Pending Updates wɔ soro hɔ. Wumia so a, wubehu nea wɔasakra mu a wunnyae no nyinaa wɔ hɔ. Mia baako so, na wubenya foforo no bi anaa mia Update All so na twe nea wɔayɛ mu nsakrae nyinaa.

Program no mu nsakrae yi baa February 2015 bere a yeyii JW Library 1.4 adi no. Android 2.3 ne nea ɛbaa ɛno akyi so na nsakrae yi yɛ adwuma. Sɛ ɛnyɛ adwuma wɔ w’afiri so a, yɛsrɛ wo kɔ “Fa JW Library Di Dwuma​—Android,” na hwɛ ɛho akwankyerɛ wɔ Nea Wobɛyɛ Anya Nsakrae no Bi afa hɔ.