Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo Bu Nyansahu Sɛn?

Yehowa Adansefo Bu Nyansahu Sɛn?

 Nea nyansahufo atumi ayɛ no yɛn ani sɔ. Nhwehwɛmu a nyansahufo ayɛ a ɛyɛ nokware nso, yegye tom.

 Nhoma bi ka sɛ, sɛ obi “sua nneɛma a atwa yɛn ho ahyia anaa abɔde ho ade nya nimdeɛ a ɛno ne nyansahu.” (Collins Cobuild Advanced Learner’s English Dictionary) Bible no nyɛ nyansahu nhoma nanso ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yensua nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ho ade. Ɛsan hyɛ yɛn nkuran sɛ nhwehwɛmu a nyansahufo ayɛ nso, yɛmfa nyɛ adwuma. Ɛho nhwɛso ni:

  •   Nsoromma ho adesua: “Momma mo ani so nhwɛ soro. Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa? Ɔno na obu wɔn asafodɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.”​—Yesaia 40:26.

  •   Abɔde a nkwa wom ho adesua: Solomon kaa “nnua ho asɛm, efi Lebanon nkyeneduru so kosi sommɛ a efifi dan ho so; ɔkaa mmoa ne nnomaa ne mmoa a wɔwea ne mpataa ho asɛm.”​—1 Ahene 4:33.

  •   Aduruyɛ ho adesua: “Wɔn a wɔte apɔw no nhia ɔyaresafo, na wɔn a wɔyare no de, wohia.”​—Luka 5:31.

  •   Wim tebea ho adesua: “Woahyɛn sukyerɛmma korabea pɛn? Anaa woahu amparuwbo korabea . . . ? Ɛhe na . . .  apuei mframa bɔ pete asase so?”​—Hiob 38:22-24.

 Yɛtaa ka abɔde ne nneɛma a nyansahu atumi ayɛ ho nsɛm wɔ yɛn nhoma mu. Saa a yɛyɛ no ma nkurɔfo nya obu ma nyansahu. Yehowa Adansefo awofo hyɛ wɔn mma nkuran ma wosua nhoma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no ase. Yehowa Adansefo pii yɛ nyansahufo. Ebinom yɛ adɔkotafo, nkontaabufo ne wɔn a wosua abɔde ho ade.

Nea nyansahu ntumi nyɛ

 Nsɛmmisa a nnipa wɔ no, yennye nni sɛ nyansahu betumi ama ne nyinaa ho mmuae. a Nhwɛso bi ni, nea wɔde yɛɛ asase na abotan ho animdefo hwehwɛ mu. Abɔde a nkwa wom ho animdefo nso, sɛnea nipadua no yɛ adwuma na wɔhwehwɛ mu. Nanso adɛn nti na wɔasiesie asase no kamakama ma abɔde a nkwa wom tumi tena so? Adɛn nti na nipadua nkwaadɔm no nyinaa yɛ adwuma bom?

 Yɛabehu sɛ Bible no nkutoo na ebetumi ama yɛn nsɛmmisa a ɛte saa ho mmuae a ɛtɔ asom. (Dwom 139:13-16; Yesaia 45:18) Enti, yegye di sɛ nhomasua a edi mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nyansahu ne Bible ka ho.

 Ɛtɔ da a, nsɛm a nyansahufo ka no, ɛte sɛ nea ɛne Bible no bɔ abira. Nanso, nsɛm bi a ayɛ sɛ abirabɔ no, Bible nkyerɛkyerɛ a wɔnte ase nti na ɛma wonya adwene saa. Nhwɛso bi ni, Bible no nkyerɛkyerɛ sɛ wɔde nnansia a emu biara yɛ nnɔnhwerew 24 na ɛbɔɔ asase.​—Genesis 1:1; 2:4.

 Nsɛm bi wɔ hɔ a nnipa bebree bu no sɛ ɛne nyansahu hyia, nanso nyansahufo binom a wɔagye din abehu sɛ ɛnyɛ nokware, enti wonye ntom. Ɛho nhwɛso ni, wohwɛ sɛnea wɔahyehyɛ nneɛma wɔ amansan no mu a, abɔde ho animdefo ne nyansahufo foforo ka sɛ, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no amma kwa na mmom onyansafo bi na ɔyɛe. Yɛne saafo no yɛ adwene.

a Erwin Schrödinger yɛ nyansahufo a ofi Austria. Wagye Nobel abasobɔde pɛn. Ɔkyerɛwee sɛ ‘awerɛhosɛm ne sɛ, nneɛma a ɛho hia yɛn paa no nyansahufo nka ho asɛm.’ Albert Einstein nso kae sɛ: “Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa nyansa nkutoo ntumi nyi ɔhaw ahorow a yehyia wɔ asetena mu no mfi hɔ.”