Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mɛyɛ Dɛn Abɛyɛ Yehowa Danseni?

Mɛyɛ Dɛn Abɛyɛ Yehowa Danseni?

 Yesu kaa nea ɛbɛma obi abɛyɛ Yehowa Danseni no ho asɛm wɔ Mateo 28:19, 20. Asɛm a ɛwɔ hɔ no ma yehu nea ɛsɛ sɛ obi yɛ na wabɛyɛ Kristo suani. Ebi ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔka Yehowa ho asɛm anaasɛ odi ne ho adanse.

 Anammɔn 1: Sua nea Bible kyerɛkyerɛ. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔnyɛ asuafo na wɔnkyerɛkyerɛ nkurɔfo.’ (Mateo 28:19, 20) Yɛka sɛ obi yɛ “suani” a, nea ɛkyerɛ ne “obi a osua ade.” Nsɛm pii wɔ Bible mu a ebetumi aboa yɛn ma yɛanya anigye ne akomatɔyam wɔ asetenam, titiriw Yesu nkyerɛkyerɛ no. (2 Timoteo 3:16, 17) Yɛne nkurɔfo sua Bible a yennye sika. Yɛn ani begye sɛ yɛbɛboa wo nso ma woasua Bible no.​—Mateo 10:7, 8; 1 Tesalonikafo 2:13.

 Anammɔn 2: Fa nea wusua yɛ adwuma. Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wosua Bible no ‘di nea wahyɛ no nyinaa so.’ (Mateo 28:20) Wei kyerɛ sɛ, Bible a woresua no, ɛnsɛ sɛ wofa no sɛ woresua anya nimdeɛ kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ ɛboa wo ma woyɛ nsakrae wɔ w’adwene ne wo nneyɛe mu. (Asomafo Nnwuma 10:42; Efesofo 4:22-29; Hebrifo 10:24, 25) Sɛ obi di Yesu ahyɛde so a, ɛma osi gyinae sɛ obedi n’akyi, na ohyira ne ho so ma Yehowa Nyankopɔn.​—Mateo 16:24.

 Anammɔn 3: Bɔ asu. (Mateo 28:19) Bible mu no, sɛ wɔbɔ obi asu a ɛte sɛ nea wɔasie no. (Fa toto Romafo 6:2-4 ho.) Ɛma yehu sɛ obi awu ama abrabɔ a na ɔwom dedaw no, na woafi abrabɔ foforo ase. Wobɔ asu a, ɛma obiara hu sɛ woatu anammɔn mmienu a Yesu dii kan kae no, na afei wonam w’asubɔ so resrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wo ahonim pa.​—Hebrifo 9:14; 1 Petro 3:21.

Mɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛsɛ sɛ mebɔ asu?

 Ka ho asɛm kyerɛ mpanyimfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo no mu no. Wɔne wo bɛbɔ nkɔmmɔ ahwɛ sɛ wote nea woasua no ase, na wode reyɛ adwuma anaa. Afei wɔbɛhwɛ sɛ wufi wo pɛ mu ahyira wo ho so sɛ wobɛsom Onyankopɔn anaa.​—Asomafo Nnwuma 20:28; 1 Petro 5:1-3.

Yehowa Adansefo mma nso, nea yɛaka yi fa wɔn ho anaa?

 Aane. Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛntete yɛn mma wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Nanso sɛ mmofra no renyin a, ɛsɛ sɛ wɔn ankasa si gyinae sɛ wobesua nea Bible no kyerɛkyerɛ, na wɔgye tom de bɔ wɔn bra. Ɛno ansa na wɔafata sɛ wɔbɔ wɔn asu. (Romafo 12:2) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ obi bɛsom Onyankopɔn oo, sɛ ɔnsom no oo, egyina ɔno ara so.​—Romafo 14:12; Galatifo 6:5.