Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Genesis 1:26—“Ma Yɛnyɛ Onipa Yɛn Suban So”

Genesis 1:26—“Ma Yɛnyɛ Onipa Yɛn Suban So”

 “Afei Onyankopɔn kae sɛ: ‘Ma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛnea yɛte; ma wonnya asaase nyinaa so tumi, na wonnya ɛpo mu mpataa, wim ntuboa, afieboa, ne mmoa a wɔwea asaase so nyinaa so tumi.’”—Genesis 1:26, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Na Onyankopɔn kae sɛ: Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn sɛso, na wonni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne ntɔteboa ne asaase nyinaa ne mmoa a wɔwea asaase so nyinaa so.”—Genesis 1:26, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Genesis 1:26 Kyerɛ

 Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ ne suban so, kyerɛ sɛ, suban a Onyankopɔn wɔ te sɛ ɔdɔ, ayamhyehye, ne atɛntrenee no, yetumi nya bi na yetumi da no adi nso. Ɛno nti na nnipa tumi suasua Onyankopɔn suban no.

 “Onyankopɔn kae sɛ: ‘Ma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so.’” Ansa na Yehowa Nyankopɔn a rebɔ biribiara anaa obiara no, ɔbɔɔ ɔbɔfo bi a ɔwɔ tumi paa. Saa ɔbɔfo no na akyiri yi yɛbɛfrɛɛ no Yesu no. Yehowa nam Yesu so na ɛbɔɔ “nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asaase so.” (Kolosefo 1:16) Suban a Yehowa wɔ no, ɛno ara bi na Yesu nso wɔ, efisɛ “ɔno ne Onyankopɔn a wonhu no no suban.” (Kolosefo 1:15) Ɛno nti na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛnea yɛte.”

 “Ma wonnya asaase nyinaa so tumi, na wonnya . . . afieboa . . . so tumi.” Onyankopɔn ammɔ mmoa wɔ ne suban so. Mmoa ntumi nna nnipa suban te sɛ ɔdɔ adi, na wonni ahonim anaa tiboa nso. Nanso Onyankopɔn ani kũ mmoa a wabɔ no ho. Ɛno nti na ɔkaa sɛ nnipa ‘nnya mmoa so tumi’ no. Saa asɛm no, wotumi nso kyerɛ ase ‘wonni mmoa so,’ (Akuapem Twi Nkwa Asɛm) anaa ‘wɔnhwɛ mmoa so’ (Common English Bible). Enti, na Yehowa de mmoa rehyɛ nnipa nsa sɛ wɔnhwɛ wɔn so. (Dwom 8:6-8; Mmebusɛm 12:10) Yehowa pɛ sɛ nnipa hwɛ asaase ne ɛso abɔde a ɛwɔ nkwa nyinaa so.

Genesis 1:26 Ho Nsɛm

 Genesis ti baako ne ti mmienu no ka sɛnea Onyankopɔn bɔɔ amansan no, asaase a yɛte so yi, ne nneɛma a ɛwɔ nkwa wɔ asaase so. Biribiara a Yehowa abɔ no, ɛyɛ nwonwa, nanso nneɛma a wabɔ wɔ asaase so nyinaa, ebiara nni hɔ a ɛto nnipa. Bere a Onyankopɔn bɔɔ biribiara wiei no, ‘ɔhwɛɛ biribiara a wayɛ, na ohui sɛ, eye paa!’—Genesis 1:31.

 Hwɛ video tiawa yi, na sɛnea Onyankopɔn bɔɔ ade no, wubehu sɛnea Genesis nhoma no kaa ho asɛm.

Genesis 1:26 Ho Atosɛm

 Atosɛm: Mmarima nko ara na wotumi suasua Onyankopɔn suban anaa wɔda ne suban no bi adi; mmea nka ho.

 Nokwasɛm: Asɛmfua “onipa” a ɛwɔ Genesis 1:26 no, Borɔfo Bible ahorow pii kyerɛ ase “ɔbarima.” Ɛno tumi ma nea ɔrekenkan no adwene yɛ no sɛ mmarima nko ara na yɛreka wɔn ho asɛm. Nanso, tete Hebri asɛmfua a wɔde yɛɛ adwuma wɔ saa kyerɛwsɛm no mu no, egyina hɔ ma mmarima ne mmea nyinaa. Mmea ne mmarima nyinaa tumi nya Onyankopɔn suban no bi. Wɔn nyinaa wɔ hokwan sɛ wonya Onyankopɔn adom ne daa nkwa akyɛde no.—Yohane 3:16.

 Atosɛm: Onyankopɔn wɔ nipadua te sɛ nnipa.

 Nokwasɛm: “Onyankopɔn yɛ Honhom,” kyerɛ sɛ, ɔnte amansan a yɛde yɛn ani hu yi mu. (Yohane 4:24) Ɛwom sɛ ɛtɔ da a Bible ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ ɔwɔ anim, nsa, koma, ne nea ɛkeka ho, nanso wei yɛ nsɛm a Onyankopɔn de ka ne ho asɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho asɛm a ɔreka akyerɛ yɛn no, yɛbɛte ase.—Exodus 15:6; 1 Petro 3:12.

 Atosɛm: Genesis 1:26 ma yehu sɛ Yesu, ɔno ara ne Onyankopɔn.

 Nokwasɛm: Onyankopɔn yɛ Yesu agya, na Yesu yɛ Onyankopɔn ba. Mframa mfa wɔn ntam koraa. Nanso ɛsono wɔn mu biara. Yesu kyerɛkyerɛe sɛ, Onyankopɔn yɛ kɛse sen no. (Yohane 14:28) Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ video a yɛato din Yesu Kristo—Ɔno Ara Ne Onyankopɔn Anaa? anaa kenkan asɛm a yɛato din “Adɛn Nti Na Wɔfrɛ Yesu Sɛ Onyankopɔn Ba?

 Hwɛ video tiawa yi, na wubehu Genesis nhoma no ani so.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din “Hena Ne Yehowa?