Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ANUM

“Ɔbea Pa”

“Ɔbea Pa”

1, 2. (a) Adwuma bɛn na na Rut reyɛ? (b) Nneɛma a ɛhyɛ nkuran bɛn na Rut hu faa Onyankopɔn Mmara ne ne nkurɔfo ho?

RUT buu nkotodwe wɔ atoko a wayɛ adwuma da mũ no nyinaa aboaboa ano no ho. Ná ɛrekɔ anwummere, enti na akuafo bebree afi mfuw mu de wɔn ani akyerɛ Betlehem, kurow ketewa a ɛda bepɔw so no kurow pon ano. Yebetumi aka sɛ na Rut abrɛ efisɛ na wayɛ adwuma fi anɔpa abesi saa anwummere no. Nanso, na ogu so reyɛ adwuma, na ɔreboro n’atoko no. Ne nyinaa mu no, nneɛma kɔɔ yiye maa no saa da no—wanna annwen ho da sɛ saa na na ɛbɛyɛ.

2 Afei de, so na nneɛma afi ase reyɛ yiye ama ababaa kunafo yi anaa? Sɛnea yehui wɔ ti anan no mu no, na ɔde ne ho afam n’asebea Naomi, na na waka ntam sɛ ɔne no bɛtena daa, na ɔde Naomi Nyankopɔn, Yehowa, bɛyɛ ne Nyankopɔn. Mmea akunafo baanu yi fi Moab na wɔbaa Betlehem, na ankyɛ na Moabni Rut hui sɛ nhyehyɛe fɛfɛɛfɛ bi wɔ Yehowa Mmara mu a wɔde boa ahiafo a wɔwɔ Israel a ebi sõ ahɔho mpo so. Afei de, na Rut ahu sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔde Mose Mmara no maa wɔn na wɔde tetee wɔn no mu bi de ayɛ adwuma ma wɔada no adi sɛ wɔn ani gye Onyankopɔn mmara ho, na eyi kyekyee ne werɛ.

3, 4. (a) Dɛn na Boas yɛe de hyɛɛ Rut nkuran? (b) Ɔkwan bɛn so na Rut asɛm no betumi aboa yɛn wɔ ɛnnɛ a sikasɛm mu ayɛ den no?

3 Wɔn a wɔde saa mmara no yɛɛ adwuma no mu biako ne Boas, ɔbarima bi a na n’ani afi a ɔyɛ ɔdefo a n’afuw mu na Rut kɔsesaw nnɔbae ase no. Saa da yi de, Boas ne no kasae te sɛ agya ne ne ba. Ɛbɛyɛ sɛ bere a Rut dwinnwen asɛm a Boas kae de kamfoo no sɛ ɔrehwɛ Naomi na wasi gyinae sɛ ɔbɛhwehwɛ hintabea wɔ nokware Nyankopɔn, Yehowa, ntaban ase ho no, n’ani gyei wɔ ne tirim.—Monkenkan Rut 2:11-14.

4 Nanso, ebetumi aba sɛ na Rut da so ara redwinnwen sɛnea asetena bɛkɔ akowie no no ho. Ná ɔhɔho hianiwa a onni kunu nni ba no bɛyɛ dɛn atumi ahwɛ ne ho ne Naomi daakye? So na nnɔbae ase a ɔsesaw no ara betumi ama wɔahwɛ wɔn ho? Na ɔno ankasa nso ɛ, sɛ ɔbɔ aberewa a, hena na ɔbɛhwɛ no? Sɛ odwinnwenee saa nsɛm yi nyinaa ho mpo a, ntease wom. Wɔ ɛnnɛ wiase a sikasɛm mu ayɛ den yi mu no, adwinnwen a ɛte saa da nnipa pii so. Sɛ yehu sɛnea Rut gyidi boaa no wɔ ahokyere bere a ɛte saa mu a, yebetumi asua nneɛma pii afi mu.

Dɛn Ne Abusua?

5, 6. (a) Nneɛma kɔɔ so dɛn wɔ da a edi kan a Rut kɔsesaw nnɔbae ase wɔ Boas afuw mu no? (b) Bere a Naomi huu Rut no, dɛn na ɔyɛe?

5 Bere a Rut boroo atoko no wiei na ɔboaboaa ano no, ohui sɛ wanya susude efa biako anaa lita 22. Ná ɛbɛyɛ olonka ason! Ebetumi aba sɛ ɔde guu ntama mu kyekyere soa kɔɔ Betlehem bere a na owia rekɔtɔ no.—Rut 2:17.

6 Bere a Naomi huu n’ase Rut a ɔda ne koma so no, n’ani gyei, na ebia atoko bebree a na ɛso no no maa ne ho dwiriw no. Rut san de aduan a Boas de maa adwumayɛfo no bi baa fie, na wɔn baanu nyinaa boom dii. Naomi bisae sɛ: “Ɛhe na wokɔsesaw nnɔbae nnɛ, na ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? Nhyira nka onipa a ɔdom wo no.” (Rut 2:19) Ná Naomi hwɛ nneɛma kɔ akyiri paa ma enti ohui sɛ nneɛma bebree a Rut de baa fie no kyerɛ sɛ obi ada ayamye adi akyerɛ ababaa kunafo no, na ɔne no adi no yiye.

7, 8. (a) Naomi hui sɛ ayamye a Boas daa no adi no fi hena, na dɛn ntia? (b) Dɛn bio na Rut yɛe de daa adɔe adi kyerɛɛ n’asebea no?

7 Wɔn baanu fii ase bɔɔ nkɔmmɔ, na Rut kaa ayamye a Boas daa no adi no nyinaa kyerɛɛ Naomi. Asɛm no kaa Naomi ma ɔkae sɛ: “Yehowa a ɔda adɔe adi kyerɛ ateasefo ne awufo no nhyira no.” (Rut 2:20) Ohui sɛ ayamye a Boas daa no adi no fi Yehowa, efisɛ Yehowa na ɔde hyɛ n’asomfo komam ma wɔyɛ papa, na ɔhyɛ wɔn bɔ sɛ obetua wɔn ayamye no so ka. *Monkenkan Mmebusɛm 19:17.

8 Naomi ka kyerɛɛ Rut sɛ ontie Boas na ɔnkɔ so nsesaw nnɔbae ase wɔ n’afuw mu na onni mmabaa a wofi ne fie no akyi na atwafo no ankɔhaw no. Rut tiee saa afotu no. Afei nso “ɔkɔɔ so ne n’ase no tenae.” (Rut 2:22, 23) Saa asɛm no ma yɛsan hu suban pa a Rut wɔ no bio; ɛno ne adɔe. Sɛ yɛhwɛ nea Rut yɛe no a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, so yɛn nso yɛma yɛn abusuafo ho hia yɛn, na yeyi yɛn yam boa yɛn adɔfo anaa? Yehowa ani mpa adɔe a ɛte saa so da.

Nea Rut ne Naomi yɛe no ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ abusua a yɛwɔ no

9. Abusua ho ade bɛn na yebetumi asua afi Rut ne Naomi hɔ?

9 So na yebetumi afrɛ Rut ne Naomi sɛ abusua? Ebinom susuw sɛ sɛ yɛka abusua “ankasa” a, ehia sɛ wonya okunu, ɔyere, ɔbabarima, ɔbabea, nana, ne nea ɛkeka ho wom. Nanso, sɛ abusua bi mufo nnɔɔso koraa mpo a, Rut ne Naomi asɛm no ma yehu sɛ Yehowa asomfo betumi abue wɔn komam na wɔaboa ma anigye, ɔdɔ, ne ayamye atena saa abusua no mu. So w’ani sɔ w’abusua? Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, Kristofo asafo no betumi ayɛ abusua ama wɔn a wonni abusua no mpo.—Mar. 10:29, 30.

Rut ne Naomi hyehyɛɛ wɔn ho nkuran na wɔn mu biara boaa ne yɔnko

“Ɔyɛ Obusuani a Obetumi Agye Yɛn”

10. Dɛn na na Naomi pɛ sɛ ɔyɛ de boa Rut?

10 Rut kɔɔ so sesaw nnɔbae ase wɔ Boas afuw mu fii atokotwa bere a efi ase wɔ April mu kosi June mu no. Bere a adapɛn bi twaam no, akyinnye biara nni ho sɛ, Naomi dwinnwen nea na obetumi ayɛ ama n’asebea a ɔda ne koma so no ho. Bere a na wɔwɔ Moab no, Naomi anka bi anhyɛ mu da sɛ na obetumi aboa Rut ma wanya okunu foforo. (Rut 1:11-13) Nanso afei de, na wafi ase renya adwene foforo. Ɔkɔɔ Rut nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, ɛsɛ sɛ mehwehwɛ homebea ma wo.” (Rut 3:1) Saa bere no, na ɛyɛ amammerɛ sɛ awofo hwehwɛ kunu ma wɔn mma, na na Naomi de Rut ayɛ ne ba ankasa. Ná ɔpɛ sɛ onya “homebea” ma Rut, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, na ɔpɛ sɛ ɔma onya ahotɔ ne ahobammɔ wɔ ne kunu fie. Nanso, dɛn na na Naomi betumi ayɛ?

11, 12. (a) Bere a Naomi frɛɛ Boas sɛ “obusuani a obetumi agye yɛn” no, na nhyehyɛe pa a ɛwɔ Onyankopɔn Mmara mu bɛn na na ɔreka ho asɛm? (b) Rut yɛɛ n’ade dɛn wɔ afotu a n’asebea de maa no no ho?

11 Bere a edi kan a Rut kaa Boas ho asɛm kyerɛɛ Naomi no, Naomi kae sɛ: “Ɔbarima no yɛ yɛn ho nipa. Ɔyɛ obusuani a obetumi agye yɛn.” (Rut 2:20) Ná ɛno kyerɛ dɛn? Ná nhyehyɛe pa bi wɔ Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no mu a ɛboaa mmusua a ohia anaa wɔn biribi a wawu nti wɔakɔ ahokyere mu no. Sɛ na ɔbea bi kunu wu bere a onni ba a, na etumi ma ɔteetee paa, efisɛ na ɛbɛma ne kunu din ayera koraa a wɔrenkae no bio. Nanso, Onyankopɔn Mmara no maa kwan sɛ ɔbarima no nuabarima betumi aware okunafo no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛwo na ama ne kunu a wawu no din atena hɔ na abɔ abusua no agyapade nso ho ban. *Deut. 25:5-7.

12 Naomi kaa adwene a na wafa no ho asɛm kyerɛɛ Rut. Yɛrenya sɛnea ɛbɛyɛ sɛ asɛm no yɛɛ Rut nwonwa bere a na n’ase no reka akyerɛ no no ahwɛ. Ná Israelfo Mmara no da so ara yɛ foforo ma Rut, na na onnim wɔn amammerɛ bebree no nso ho hwee. Ɛno mpo no, na obu Naomi paa, enti ɔyɛɛ aso tiee biribiara a ɔka kyerɛɛ no no. Ná ade a Naomi kae sɛ Rut nyɛ no betumi ayɛ den ama no, na na ebetumi ayɛ fɛre anaa akɔfa animguase mpo abrɛ no. Nanso, Rut penee so. Ɔde ahobrɛase kae sɛ: “Nea woaka biara mɛyɛ.”—Rut 3:5.

13. Dɛn na yebetumi asua afi Rut hɔ wɔ mpanyimfo afotu a otiei no mu? (Hwɛ Hiob 12:12 nso.)

13 Ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den ma mmabun sɛ wobetie mpanyimfo a wɔwɔ osuahu pii no afotu. Ɛnyɛ den sɛ wobenya adwene sɛ mpanyimfo nte nsɛnnennen ne ɔhaw a mmabun fa mu no ase ankasa. Ahobrɛase a Rut de tiee afotu no ma yehu sɛ, sɛ yetie afotu pa a mpanyimfo a wɔdɔ yɛn na wodwen yɛn ho de ma yɛn no a, ɛbɛboa yɛn paa. (Monkenkan Dwom 71:17, 18.) Ɛnde, afotu bɛn na Naomi de maa Rut, na otiei no, ɛboaa no anaa?

Rut Kɔɔ Awiporowbea Hɔ

14. Dɛn ne awiporowbea, na dɛn na na wɔyɛ wɔ hɔ?

14 Saa anwummere no, Rut kɔɔ awiporowbea hɔ. Awiporowbea yɛ asase a ɛso da so a wɔaboro hɔ ama ɛhɔ ayɛ denneennen a akuafo pii de wɔn awi kɔ hɔ kɔporow na wohuw so. Ná ɛtaa yɛ bepɔw ho anaa bepɔw so baabi a mframa bɔ denneennen wɔ hɔ anwummere. Nea ɛbɛyɛ a ntɛtɛw no befi awi no mu no, na adwumayɛfo no de adinam akɛse anaa sofi saw awi no ne ntɛtɛw no nyinaa tow kɔ wim, na mframa huw ntɛtɛw no kɔ ma awi no begu fam.

15, 16. (a) Ka nea ɛkɔɔ so wɔ awiporowbea hɔ bere a Boas wiee n’adwuma anwummere no. (b) Ɛyɛɛ dɛn na Boas hui sɛ Rut da n’anafo?

15 Bere a na adwumayɛfo no repɔn anwummere no, Rut de n’ani too fam hwɛɛ nea na ɛrekɔ so. Boas hwɛ ma wohuw n’atoko no so, na ɛbɛyɛɛ bebree sum hɔ. Bere a Boas de anigye didi wiei no, ɔdaa atoko no ho. Ɛbɛyɛ sɛ edu otwa bere a, na akuafo taa da wɔn nnɔbae ho sɛnea ɛbɛyɛ a akorɔmfo mmewia anaa afowfo mmɛfa. Bere a Rut hui sɛ Boas rekɔda no, ohui sɛ bere aso sɛ ɔyɛ nea Naomi kae no.

16 Ná Rut koma atu de, nanso ɔyɛɛ kodɛɛ kɔɔ Boas nkyɛn. Ohui sɛ Boas ada hatee. Enti sɛnea na Naomi aka akyerɛ no no, okoyii Boas nan ho ntama daa hɔ. Afei ɔtwɛnee. Bere kɔe, na Rut ani so no, ɛyɛɛ no te sɛ mfe apem. Afei bɛyɛ ɔdasum no, Boas fii ase dannan ne ho. Esiane sɛ na awɔ de no nti, ɔtwee ne mu a na ɛbɛyɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔtwe ntama kata ne nan ho bio. Nanso, ohui sɛ obi da n’anafo. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ, “Ɔbɛhwɛ a, ɔbea bi na ɔda n’anafo yi!”—Rut 3:8.

17. Nneɛma abien bɛn na wɔn a wɔkyerɛ sɛ na Rut kura adwemmɔne no werɛ afi?

17 Obisae sɛ: “Hena ni?” Ebetumi aba sɛ Rut de ɛnne a na ɛrepopo buae sɛ: “Ɛyɛ me, w’afenaa Rut; trɛw wo ntama mu kata w’afenaa so, efisɛ woyɛ abusua mu ogyefo.” (Rut 3:9) Nnɛɛmmafo bi pɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ Rut kasa ne ne nneyɛe no kyerɛ sɛ na okura adwemmɔne, nanso ɛyɛ a na wɔn werɛ afi nneɛma abien bi. Nea edi kan no, na ɛyɛ ɛhɔfo amammerɛ ma enti ná nea Rut yɛe no nyɛ nwonwa koraa. Nea ɛwom ara ne sɛ, ɛnnɛ, saa amammerɛ no pii atwam. Enti ɛbɛyɛ mfomso sɛ obi de nea Rut yɛe no bɛtoto nea ɛrekɔ so wɔ ɛnnɛ wiase a ɔbrasɛe ahyɛ mu mã no ho na waka sɛ na okura adwemmɔne. Nea ɛto so abien, nea Boas yɛe no ma yehu sɛ ɛnyɛ adwemmɔne na Rut de yɛɛ saa ma enti ɔkamfoo no paa.

Ɛnyɛ adwemmɔne na Rut de kɔhwehwɛɛ Boas

18. Asɛm bɛn na Boas ka de kyekyee Rut werɛ, na adɔe abien bɛn na Rut yɛe a Boas kaa ho asɛm?

18 Boas kasae, na sɛnea ɔtɔɔ ne bo ase kasae no maa Rut nyaa awerɛkyekye. Boas kae sɛ: “Yehowa nhyira wo, me ba. Adɔe a woada no adi nnɛ yi sen kan de no koraa, efisɛ woankodi mmerante akyi, sɛ́ wɔyɛ ahiafo anaa asikafo.” (Rut 3:10) Asɛm a ɛne “kan de no” yɛ adɔe a Rut yɛɛ Naomi sɛ odii n’akyi baa Israel na ɔresan ahwɛ no no. “Nnɛ yi” a Boas kae no nso yɛ ade a na Rut ayɛ saa da no. Boas hui sɛ na anka ɛnyɛ den koraa sɛ ababaa a ɔte sɛ Rut bɛhwehwɛ aberante bi aware no, sɛ́ ebia ɔyɛ sikani anaa ohiani. Mmom no, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ Naomi, ne Naomi kunu a na wawu no nyinaa adɔe na amma ɔbarima no din anyera wɔ n’abusua mu. Ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ adɔe a ababaa no yɛe no kaa Boas koma saa.

19, 20. (a) Dɛn nti na Boas ampere ne ho anware Rut? (b) Dɛn na Boas yɛe de daa ayamye adi kyerɛɛ Rut, na dɛn na ɔyɛe de kyerɛe sɛ na ɔmpɛ sɛ Rut din bɛsɛe?

19 Boas toaa so sɛ: “Afei me ba, nsuro. Nea wobɛka biara mɛyɛ ama wo, efisɛ kurom hafo nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbea pa.” (Rut 3:11) Boas ani gyee ho sɛ ɔbɛware Rut. Ebetumi aba sɛ anyɛ Boas nwonwa pii sɛ Rut ka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ne gyefo. Nanso, na Boas yɛ ɔtreneeni, enti na ɔrenyɛ nea ɔno ankasa pɛ. Ɔka kyerɛɛ Rut sɛ ogyefo bi wɔ hɔ, obi a ɔbɛn Naomi kunu a wawu no paa sen ɔno Boas. Enti, na Boas bedi kan akohu saa barima no ahwɛ sɛ n’ani begye ho sɛ ɔbɛware Rut anaa.

Esiane sɛ Rut ne afoforo dii no ayamye ne obu so nti, onyaa din pa

20 Boas ka kyerɛɛ Rut sɛ ɔnna hɔ ntwɛn nkosi sɛ anim bɛtetew kakra, na akyiri yi wayɛ kodɛɛ akɔ sɛnea ɛbɛyɛ a obiara renhu sɛ waba hɔ. Ná ɔmpɛ sɛ wɔn baanu nyinaa din bɛsɛe, efisɛ na ebinom betumi anya adwene sɛ ɔne Rut abu brabɔne. Rut san daa Boas anafo bio, na saa bere yi de ɛbɛyɛ sɛ na onsuro efisɛ na ɔbarima no adom no atie n’abisade no. Afei, bere a anim nnya ntetewee no, Rut sɔree, na Boas sesaw atoko bebree guu Rut ntama mu, na Rut san kɔɔ Betlehem.—Monkenkan Rut 3:13-15.

21. Dɛn na ɛmaa Rut nyaa din sɛ “ɔbea pa,” na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua nea ɔyɛe no?

21 Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Rut dwinnwen asɛm a na Boas aka sɛ obiara nim sɛ ɔyɛ “ɔbea pa” no ho maa n’ani gyei! Akyinnye biara nni ho sɛ, n’ani a na egye ho sɛ obehu Yehowa na wasom no no na ɛma onyaa saa din pa no. Afei nso, na wada ayamye ne tema kɛse adi akyerɛ Naomi ne ne nkurɔfo, na na wayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ n’ade sɛ Israelni, na wadi wɔn amammerɛ a na onnim no yiye no so. Sɛ yesuasua Rut gyidi no a, yɛbɛbɔ mmɔden akyerɛ obu kɛse ama nkurɔfo ne akwan a wɔfa so yɛ wɔn nneɛma ne wɔn amammerɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn nso yebehu sɛ yɛrenya din pa.

Rut Nyaa Homebea

22, 23. (a) Ɛbɛyɛ sɛ akyɛde a Boas de maa Rut no kyerɛ dɛn? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.) (b) Dɛn na Naomi kae sɛ Rut nyɛ?

22 Bere a Rut koduu fie no, Naomi bisaa no sɛ: “Me ba, wuni?” Ɛbɛyɛ sɛ na esum wom nti na ɛmaa Naomi bisaa saa no. Ebetumi nso aba sɛ na Naomi pɛ sɛ ohu sɛ Rut da so ara yɛ ababaa kunafo a ɔbarima biara mfaa n’ano ntoo no so anaasɛ wanya obi ahyɛ no bɔ sɛ ɔbɛware no. Rut kaa nea ɛkɔɔ so wɔ ɔne Boas ntam no nyinaa kyerɛɛ n’ase no ntɛm ara. Ɔsan nso de akyɛde a na ɛyɛ atoko pii a Boas de maa no sɛ ɔmfa nkɔma Naomi no maa no. *Rut 3:16, 17.

23 Naomi fi nyansam ka kyerɛɛ Rut sɛ ɔntena fie komm saa da no, na mma ɔnnkɔsesaw nnɔbae ase. Ɔmaa Rut awerɛhyem sɛ: “Ɔbarima no ho rentɔ no kosi sɛ obedi asɛm no ho dwuma awie nnɛ.”—Rut 3:18.

24, 25. (a) Dɛn na Boas yɛe de kyerɛe sɛ ɔyɛ ɔtreneeni na odwen afoforo ho? (b) Akwan bɛn so na wohyiraa Rut?

24 Asɛm a Naomi ka faa Boas ho no baa mu pɛpɛɛpɛ. Boas kɔɔ kurow no pon ano baabi a kurow no mu mpanyimfo taa hyiam no, na ɔtwɛnee wɔ hɔ kosii sɛ Naomi kunu busuani a ɔbɛn no paa no betwaam. Boas de too ɔbarima no anim wɔ adansefo no nyinaa anim sɛ ɔnware Rut mfa nyɛ ogyefo mma no. Nanso, ɔbarima no ampene, na ɔkae sɛ, sɛ ɔyɛ saa a ɔbɛsɛe n’ankasa agyapade. Afei Boas kae wɔ adansefo no anim wɔ kurow pon no ano sɛ ɔbɛyɛ ogyefo atɔ Naomi kunu Elimelek a wawu no agyapade na waware Rut a na ɔyɛ Elimelek ba Malon yere no. Boas kae sɛ, ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa “na ama owufo no din aba n’agyapade so.” (Rut 4:1-10) Ná Boas yɛ ɔtreneeni a odwen afoforo ho paa.

25 Boas waree Rut. Ɛno akyi no, Bible ka sɛ: “Yehowa ma onyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima.” Betlehem mmea no hyiraa Naomi na wɔkamfoo Rut sɛ ɔsom bo ma Naomi sen mmabarima baason. Yehu sɛ, akyiri yi, Rut babarima no mu na Ɔhenkɛse Dawid fi bae. (Rut 4:11-22) Dawid nso mu na Yesu Kristo fi bae.—Mat. 1:1. *

Yehowa hyiraa Rut ma ɔbɛyɛɛ obi a Mesia no fii ne mu bae

26. Dɛn na nea Rut ne Naomi yɛe no ma yehu?

26 Onyankopɔn hyiraa Rut pii, na ohyiraa Naomi a ɔboaa Rut ma ɔtetee abofra no te sɛ ɔno ankasa ne ba no nso. Mmea baanu yi asetena mu nsɛm no ma yehu paa sɛ Yehowa Nyankopɔn ani mpa wɔn a wɔde ahobrɛase yɛ adwumaden de hwɛ wɔn ankasa ho nnipa na wɔne ne nkurɔfo a wapaw wɔn bom som no no mu biara so. Yehowa hyira anokwafo a wɔte sɛ Boas, Naomi, ne Rut no bere nyinaa.

^ nky. 7 Sɛnea Naomi kae no, ɛnyɛ ateasefo nkutoo na Yehowa da ayamye adi kyerɛ wɔn; ɔma ɛsõ awufo nyinaa so bi. Ná Naomi ahwere ne kunu ne ne mmabarima baanu. Ná Rut nso ahwere ne kunu. Wutumi hu sɛ na mmarima baasa no wu no ama mmea baanu no ahwere ade paa. Enti sɛ obi da ayamye adi kyerɛ Naomi ne Rut a, na ɛte sɛ nea ɔreda no adi akyerɛ saa mmarima no, efisɛ sɛ wɔte ase a, anka wɔbɛhwɛ mmea no.

^ nky. 11 Ná ɛsɛ sɛ wodi kan de hokwan a wɔde ware okunafo a ɔte saa no ma nea wawu no nuabarimanom, na sɛ anyɛ yiye a ansa na wɔde ama mmarima foforo a wɔyɛ n’abusuafo a wɔbɛn no paa no. Saa ara nso na na wɔyɛ n’agyapade.—Num. 27:5-11.

^ nky. 22 Boas maa Rut atoko asusude asia a wɔankyerɛ ade pɔtee a ɔde susuwii. Ebetumi aba sɛ, sɛnea wɔde nnansia yɛɛ adwuma na wɔhomee da a ɛto so ason no, na ɔde reka biribi akyerɛ Rut sɛ ɛrenkyɛ na brɛ a wabrɛ wɔ ne kunayɛ mu no aba awiei na wanya “home” wɔ ne kunu fie. Ebetumi nso aba sɛ, sofi asia na Boas saw maa no, na ebia na nea Rut betumi asoa ara ne no.

^ nky. 25 Mmea baanum a Bible bɔ wɔn din sɛ wɔka wɔn a Yesu fi wɔn mu bae ho no mu biako ne Rut. Ɔfoforo nso ne Boas maame Rahab. (Mat. 1:3, 5, 6, 16) Ná ɔne Rut nyinaa nyɛ Israelfo.