Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ABIEN

Ɔne “Nokware Nyankopɔn Nantewee”

Ɔne “Nokware Nyankopɔn Nantewee”

1, 2. Adwuma bɛn na na Noa ne n’abusua reyɛ, na nsɛnnennen a wohyiae no bi ne dɛn?

NOA maa ne mu so twee ne mu efisɛ na wabrɛ. Fa w’adwene bu sɛ Noa te taaboo kɛse bi so regye n’ahome kakra; ɔma n’ani so hwɛ adaka kɛse a wɔreyɛ ho adwuma no. Ná amane no pampan a ano yɛ den no agye hɔ nyinaa, na na ɔte dede a nnade a wɔde reyɛ adwuma no reyɛ no nso. Baabi a na Noa te no nti na ohu adwumaden a ne mmabarima no reyɛ wɔ adaka kɛse a wɔde nnua reyɛ no; ná otumi hu afã ahorow no nyinaa. Ɛde besi saa bere no, na Noa ne ne mmabarima ne ne nsenom ne ɔno ankasa yere a ɔda ne koma so no de mfe pii ayɛ adaka no ho adwuma. Ná wɔayɛ adaka no ho adwuma pii, nanso na nea aka na ɛdɔɔso!

2 Ná mpɔtam hɔfo no bu Noa ne n’abusua no nyinaa sɛ wɔyɛ nkwaseafo. Bere a wogu so reyɛ adaka no na ɛrenya nkɔanim nyinaa no, na nkurɔfo no reserew wɔn kɛse wɔ ka a na wɔreka sɛ nsu rebeyiri akata asase nyinaa so no ho. Wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ ɔsɛe a na Noa rebɔ wɔn kɔkɔ wɔ ho no yɛ nsɛnhunu! Ná wonhu nea enti a ɛsɛ sɛ obi ne n’abusua nyinaa sɛe wɔn bere yɛ nkwaseadwuma a ɛte saa. Nanso, Noa Nyankopɔn, Yehowa de, na onim sɛ Noa yɛ onyansafo paa.

3. Ɔkwan bɛn so na Noa ne Onyankopɔn nantewee?

3 Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Noa ne nokware Nyankopɔn nantewee.” (Monkenkan Genesis 6:9.) Saa asɛm no kyerɛ dɛn? Ɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn baa asase so anaasɛ Noa kɔɔ soro. Mmom no, Noa tiee ne Nyankopɔn wɔ biribiara mu, na na ɔdɔ no paa ma enti ɛkɔyɛɛ sɛ nea ɔne Yehowa nam sɛ n’adamfo. Mfe mpempem pii akyi no, Bible kaa Noa ho asɛm sɛ: ‘Ɔnam ne gyidi so buu wiase no fɔ.’ (Heb. 11:7) Ɛyɛɛ dɛn na otumi yɛɛ saa? Dɛn na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ betumi asua afi ne gyidi no mu?

Ɔtreneeni a Ɔtenaa Amumɔyɛfo Mu

4, 5. Ɛyɛɛ dɛn na abɔnefosɛm gyee nsam wɔ Noa bere so?

4 Wɔwoo Noa too wiase bi a na abɔnefosɛm rekɔ anim ntɛmntɛm mu. Wɔ Noa nanabarima Henok a na ɔno nso yɛ onipa trenee a ɔne Onyankopɔn nantewee no bere so no, na bɔne abu so. Ná Henok ahyɛ nkɔm sɛ atemmu reba abɔnefo a wɔwɔ wiase no so. Nanso, eduu Noa bere so no, na abɔnefosɛm no agye nsam koraa. Nokwarem no, na asase no asɛe wɔ Yehowa ani so, efisɛ na amumɔyɛsɛm ahyɛ so mã. (Gen. 5:22; 6:11; Yuda 14, 15) Dɛn na na ama bɔne agye nsam saa?

5 Ná awerɛhosɛm kɛse bi asi wɔ Onyankopɔn abɔfo a wɔne no wɔ soro no mu. Ná wɔn mu biako atew atua atia Yehowa dedaw ma wabɛyɛ Satan Ɔbonsam, efisɛ na wasɛe Onyankopɔn din asan adaadaa Adam ne Hawa ama wɔakɔyɛ bɔne. Wɔ Noa bere so no, abɔfo bi nso tew atua tiaa Yehowa tumidi a asɛm biara nni ho no. Wogyaw dibea a na Onyankopɔn de ama wɔn wɔ soro no hɔ, na wɔbaa asase so bɛdanee nnipa warewaree mmea a wɔn ho yɛ fɛ. Saa abɔfo atuatewfo a wɔyɛ ahomaso ne pɛsɛmenkominya no sɛee nnipa adwene.—Gen. 6:1, 2; Yuda 6, 7.

6. Tebea bɛn na Nefilimfo no ma ɛbaa wiase, na dɛn na Yehowa sii gyinae sɛ ɔbɛyɛ?

6 Bio nso, abɔfo a wɔne nnipa mmabea dedae no woo afrafra mma a wɔsõsõ woware na wɔn ho yɛ den boro so. Bible frɛ wɔn Nefilimfo, a nea ɛkyerɛ ne “Abusuyɛfo”—wɔn a wɔma afoforo hwe ase. Nefilimfo asisifo yi maa atirimɔdensɛm hyɛɛ wiase mã. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Ɔbɔadeɛ no kae sɛ “onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asase so mã, na ne komam nsusuwii nyinaa yɛ bɔne bere nyinaa.” Yehowa sii gyinae sɛ ebedu mfe 120 no, na wasɛe saa amumɔyɛfo wiase no.—Monkenkan Genesis 6:3-5.

7. Dɛn nti na na ɛbɛyɛ den ama Noa ne ne yere sɛ wɔbɛbɔ wɔn mma no ho ban afi subammɔne a na ɛrekɔ so wɔ wɔn bere so no ho?

7 Hwɛ sɛnea na mmofra ntetee bɛyɛ den wɔ wiase a ɛte saa mu! Nanso, Noa tumi tetee ne mma no. Onyaa ɔyere pa. Bere a Noa dii mfe 500 no, ne yere no woo mmabarima baasa maa no; wɔn din ne Sem, Ham, ne Yafet. * Ná ehia sɛ Noa ne ne yere nyinaa bɔ wɔn mma no ho ban fi subammɔne a na ɛrekɔ so no ho. Ná Nefilimfo no yɛ nnipa a wɔyɛ “abran” na “wɔwɔ din,” na mmarimaa nso de, wɔn ani taa gye nnipa a wɔte saa ho. Ná biribiara nni hɔ a Noa ne ne yere betumi ayɛ a ɛremma mmofra no nte nneɛma bɔne a na abran no reyɛ no ho asɛm. Nanso, na wobetumi akyerɛkyerɛ wɔn mma no ma wɔahu Yehowa Nyankopɔn a okyi amumɔyɛsɛm biara no ho nokwasɛm. Ná ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn mma no ma wohu sɛ awudisɛm ne atuatew a ɛrekɔ so wɔ wiase no hyɛ Yehowa awerɛhow.—Gen. 6:6.

Ná ɛsɛ sɛ Noa ne ne yere bɔ wɔn mma no ho ban fi subammɔne ho

8. Awofo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wodwen wɔn mma ho bɛyɛ dɛn atumi asuasua Noa ne ne yere?

8 Awofo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɛte Noa ne ne yere ase paa. Awudisɛm ne atuatew ahyɛ wiase a yɛn nso yɛte mu yi mu mã. Yɛtaa hu mmabun pii a wɔyɛ asobrakye wɔ nkurow akɛse mu. Nneɛma a wɔyɛ ma mmofra sɛ wɔmfa nnyigye wɔn ani mpo betumi ayɛ nea awudisɛm ahyɛ mu mã. Awofo a wodwen wɔn mma ho kyerɛkyerɛ wɔn Yehowa a ɔyɛ asomdwoe Nyankopɔn no ho ade sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenyɛ nneɛma bɔne no bi; wɔma wohu sɛ ɛda bi bɛba a Onyankopɔn bɛma awudisɛm nyinaa to atwa. (Dw. 11:5; 37:10, 11) Wobetumi akyerɛkyerɛ wɔn ma wɔayɛ osetie! Noa ne ne yere tumi yɛɛ saa. Wɔn mma no nyinyin bɛyɛɛ mpanyin pa, na wɔwarewaree mmea a na wɔn nso ani gye ho sɛ wɔde nokware Nyankopɔn, Yehowa, apɛde bedi kan wɔ wɔn asetena mu.

“Yɛ Adaka”

9, 10. (a) Ahyɛde bɛn na Yehowa de maa Noa a ɛmaa n’asetena sesae koraa? (b) Dɛn na Yehowa maa Noa hui wɔ sɛnea ɔnyɛ adaka no ne nea enti a ɛsɛ sɛ ɔyɛ adaka no ho?

9 Da koro pɛ na Noa asetena sesae koraa. Yehowa ne ne somfo a ɔdɔ no yi kasae, na ɔkaa sɛnea ɔrebɛsɛe saa wiase no ho asɛm kyerɛɛ no. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: “Fa gofer dua yɛ adaka.”—Gen. 6:14.

10 Ná saa adaka no nyɛ po so hyɛn sɛnea ebinom adwene yɛ wɔn no. Ná biribiara nni ho a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ po so hyɛn. Ná ɛyɛ adaka kɛse bi kɛkɛ. Yehowa kyerɛɛ Noa sɛnea adaka no kɛse bɛyɛ pɛpɛɛpɛ ne sɛnea ɔnyɛ ɛho nneɛma bi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa amane ntetare emu ne ɛho nyinaa. Ɔkyerɛɛ Noa nea enti a ɔpɛ sɛ ɔyɛ no saa no. Ɔkae sɛ: “Mɛma nsu ayiri afa asase so . . . Biribiara a ɛwɔ asase so bɛsɛe.” Nanso, Yehowa ne Noa yɛɛ saa apam yi: “Wobɛkɔ adaka no mu, wo ne wo mma ne wo yere ne wo mma yerenom.” Ná ɛsɛ sɛ Noa de mmoa ahorow biara bi kɔ adaka no mu. Wɔn a na wɔbɛkɔ adaka no mu nkutoo na na wobenya nkwa wɔ Nsuyiri a na ɛreba no mu!—Gen. 6:17-20.

Noa ne n’abusua boom yɛɛ adwuma de dii Onyankopɔn ahyɛde so

11, 12. Adwuma kɛse bɛn na na ɛda hɔ ma Noa, na dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

11 Ná adwuma kɛse da hɔ ma Noa. Ná adaka no renyɛ adaka ketewa koraa; ne ntwemu bɛyɛ mita 133, ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ mita 22, na ne tenten nso bɛyɛ mita 13. Sɛ yɛde po so hyɛn kɛse paa a wɔde nnua ayɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ toto Noa adaka no ho a, na adaka no bɛso asen no koraa. So Noa twetwee ne ho kae sɛ adwuma no yɛ den nti ɔrentumi nyɛ, anaasɛ obuu n’ani guu ɛho akwankyerɛ no so yɛɛ nea ɔpɛ? Bible ma mmuae sɛ: “Noa yɛɛ nea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa. Saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛe.”—Gen. 6:22.

12 Adwuma no kyɛe; ebia edii mfe 40 anaa 50. Ná ɛsɛ sɛ wobu nnua na wɔtwe, wɔpaapae na wɔsen ntaaboo keka si anim. Ná wɔbɛyɛ adaka no abansoro a ɛtoa so abiɛsa a adan bebree hyehyɛ mu. Afei nso, na wɔbɛyɛ pon wɔ nkyɛnmu. Ɛbɛyɛ sɛ wɔyeyɛɛ mpomma wɔ adaka no soro; na wɔbɔɔ so wɔ ɔkwan bi so a sɛ nsu gu so a ebesian agu fam.—Gen. 6:14-16.

13. Adwuma bɛn na Noa yɛe a ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ den paa sen adaka a na ɔreyɛ no, na nkurɔfo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

13 Bere a mfe bi twaam a Noa hui sɛ adaka no anya ayɛ adaka no, ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei paa sɛ n’abusua no aboa no! Ɔyɛɛ adwuma foforo bi nso a ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ den koraa sen adaka a na ɔreyɛ no. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ na Noa yɛ “trenee sɛnkafo.” (Monkenkan 2 Petro 2:5.) Enti, ɔde akokoduru bɔɔ ne beresofo amumɔyɛfo a wonsuro Onyankopɔn no kɔkɔ sɛ ɔsɛe bi reba wɔn so. Dɛn na wɔyɛe wɔ ho? Akyiri yi, Yesu Kristo kaa saa bere no ho asɛm sɛ nkurɔfo no ‘anhu.’ Ɔkae sɛ, abrabɔ mu nneɛma bi te sɛ adidi ne ɔnom ne aware gyee wɔn adwene nyinaa ma enti wɔantie Noa. (Mat. 24:37-39) Akyinnye biara nni ho sɛ, nnipa bebree dii ɔne n’abusuafo ho fɛw, na ɛbɛyɛ sɛ ebinom mpo hunahunaa no na wɔsɔre tiaa no denneennen. Ebetumi aba mpo sɛ wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔremma wɔnnyɛ adaka no.

Ɛmfa ho sɛ na biribiara di adanse sɛ Onyankopɔn rehyira Noa no, nkurɔfo no dii ne ho fɛw na wɔantie asɛm a na ɔreka no

14. Dɛn na Kristofo mmusua a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua afi Noa ne n’abusua no hɔ?

14 Ne nyinaa mu no, Noa ne n’abusua no annyae adwuma no yɛ da. Ɛwom sɛ nnipa a na wɔwɔ wiase saa bere no susuwii sɛ adaka a na Noa ne n’abusua no reyɛ no ho nhia anaasɛ ɛyɛ nkwaseadwuma de, nanso wɔkɔɔ so yɛe. Enti, Kristofo mmusua a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua nneɛma pii afi gyidi a Noa ne n’abusua daa no adi no mu. Sɛnea Bible kyerɛ no, yɛn nso yɛte wiase nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri mu.” (2 Tim. 3:1) Yesu kae sɛ yɛn bere yi bɛyɛ te sɛ bere a na Noa reyɛ adaka no. Sɛ Kristofo reka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no na sɛ wiase no antie anaa wodi asɛm a wɔreka no ho fɛw anaasɛ wɔtaa wɔn a, ɛsɛ sɛ wɔkae Noa. Ɛnyɛ nnɛ na saa ɔhaw no fii ase.

‘Monkɔ Adaka no Mu’

15. Aka kakra ma Noa adi mfe 600 no, awerɛhosɛm bɛn na ɛtotoo no?

15 Mfe pii twaam, na nkakrankakra wowiee adaka no kama. Aka kakra ma Noa adi mfe 600 no, awerɛhosɛm bi totoo no. Ne papa Lamek wui. * Mfe anum akyi no, Lamek papa a ɔyɛ Noa nanabarima Metusala nso wui bere a na wadi mfe 969; ɔno ne onipa a onyinii paa a ne ho asɛm wɔ Bible mu. (Gen. 5:27) Metusala ne Lamek nyinaa bɛtoo Adam a ɔne onipa a odi kan no.

16, 17. (a) Bere a Noa dii mfe 600 no, asɛm bɛn na Yehowa san ka kyerɛɛ no? (b) Ka anwonwasɛm a Noa ne n’abusua hui no ho asɛm.

16 Bere a tete agya Noa dii mfe 600 no, Yehowa Nyankopɔn san kasa kyerɛɛ no sɛ: “Wo ne wo fiefo nyinaa nkɔ adaka no mu.” Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa saa bere no nso sɛ ɔmfa mmoa ahorow nyinaa bi nkɔ adaka no mu; ɔkae sɛ ɔmfa mmoa a wɔn ho tew a obetumi de wɔn abɔ afɔre no ason ason, na ɔmfa wɔn a aka no nso abien abien.—Gen. 7:1-3.

17 Worenya anwonwasɛm a esii saa bere no ahwɛ. Mmoa akɛse ne nketewa ahorow ahorow mpempem bebree fi akyirikyiri baa adaka no ho. Mmoa a wɔnantew wɔn nan so, ntuboa, wɔn a wɔwea, ne wɔn a wɔtwe wɔn ho ase nyinaa baa hɔ bi. Wo de, hwɛ sɛ akwakoraa Noa rebɔ mmɔden aka mmoa no anaa ɔretwe wɔn mu bi agu buw mu, anaa ɔrebɔ hwirema afrɛ ebinom; ɔfaa akwan ahorow so maa mmoa yi nyinaa kɔɔ adaka no mu. Bible ka sɛ: ‘Wɔkɔɔ adaka no mu kaa Noa ho.’—Gen. 7:9.

18, 19. (a) Sɛ obi gye nsɛm a esisii wɔ Noa bere so no ho akyinnye a, nkyerɛkyerɛmu bɛn na yebetumi de ama no? (b) Ɔkwan bɛn so na yehu Yehowa nyansa wɔ ɔkwan a ɔfaa so koraa mmoa no so no mu?

18 Ebia ebinom begye akyinnye aka sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na biribi saa atumi ayɛ yiye? Ɛbɛyɛ dɛn na saa mmoa no nyinaa atumi atena faako asomdwoe mu?’ Wo de, susuw eyi ho hwɛ: Wunnye nni sɛ amansan nyinaa Bɔfo no betumi ama mmoa a ɔno ankasa bɔɔ wɔn no abrɛ wɔn ho ase na wadwudwo wɔn sɛnea ɛsɛ? Kae sɛ, Yehowa ne Onyankopɔn a ɔbɔɔ mmoa no nyinaa. Mfe pii akyi no, ɔsan paee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu na ɔmaa owia nso gyinae. So Onyankopɔn a ɔyɛɛ eyinom nyinaa no rentumi nyɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Noa bere so a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no nyinaa anaa? Obetumi ayɛ ama aboro so, na ɔyɛe nso!

19 Ɛwom, anka Onyankopɔn betumi afa ɔkwan foforo bi so akora mmoa no so. Nanso, ofi nyansam faa ɔkwan bi so a ɛkae yɛn sɛ ɔwɔ nnipa mu ahotoso sɛ wobetumi ahwɛ nneɛma a ɛte ase wɔ asase yi so nyinaa so. (Gen. 1:28) Ɛno nti ɛnnɛ, awofo pii de Noa ho asɛm no kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wohu sɛ nnipa ne mmoa a Yehowa abɔ wɔn no nyinaa som bo ma no.

20. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ aka nnawɔtwe ma Nsuyiri no aba no na Noa abusua no nni adagyew koraa?

20 Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ, aka nnawɔtwe na Nsuyiri no aba. Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na abusua no nni adagyew koraa. Fa w’adwene bu sɛ wɔahyehyɛ mmoa no nyinaa ne nnuan a abusua no ne mmoa no bedi nyinaa kama, na wɔretwe abusua no nneɛma akɔ adaka no mu. Ade biako a na ɛho behia Noa yere, Sem yere, Ham yere, ne Yafet yere paa ne sɛ wɔbɛma adaka no mu tena ayɛ ahomeka.

21, 22. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Noa beresofo no anyɛ nea ɛkɔɔ so no ho hwee? (b) Bere bɛn na wɔn a na wɔredi Noa ne n’abusua no ho fɛw no gyaee?

21 Dɛn na nnipa a wɔaka no nso yɛe? “Wɔanhu” nneɛma a ɛkɔɔ so a na ɛkyerɛ sɛ Yehowa rehyira Noa no nyinaa. Sɛ wɔanhu hwee mpo a, ɛnyɛ dɛn ara a na wobehu sɛ mmoa no sesa so rekɔ adaka no mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ wɔanyɛ nea na ɛrekɔ so no ho hwee. Saa ara na nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ nso nhu adanse pii a ɛkyerɛ sɛ yɛte wiase nhyehyɛe yi nna a edi akyiri no mu. Sɛnea ɔsomafo Petro kae no, fɛwdifo redi wɔn a wotie Onyankopɔn kɔkɔbɔ no ho fɛw. (Monkenkan 2 Petro 3:3-6.) Saa ara na akyinnye biara nni ho sɛ, nkurɔfo dii Noa ne n’abusua nso ho fɛw.

22 Bere bɛn na wogyaee fɛwdi no? Bible ka sɛ bere a Noa de n’abusua ne mmoa no kɔɔ adaka no mu ara pɛ na “Yehowa too ɔpon no mu.” Sɛ na fɛwdifo no mu bi bɛn hɔ na wohuu nea Onyankopɔn ayɛ no a, akyinnye biara nni ho sɛ, na wɔn nsɛm bɛka wɔn anom. Sɛ ɛno ampusuw wɔn ma wɔannyae fɛwdi no a, nsu no ma wogyaee, efisɛ ɛtɔe! Sɛnea Yehowa kae no, nsu no tɔe, ɛtɔe araa ma eyiri faa wiase nyinaa.—Gen. 7:16-21.

23. (a) Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa ani annye abɔnefo a na wɔwɔ Noa bere so no wu ho? (b) Dɛn nti na nyansa wom sɛ yesuasua Noa gyidi no nnɛ?

23 So Yehowa ani gyee saa abɔnefo no wu ho anaa? Dabi! (Hes. 33:11) Nea ɛte ne sɛ, ɔmaa wɔn bere pii a na anka wobetumi asesa wɔn akwan na wɔayɛ nea ɛteɛ. So na anka wobetumi asesa? Sɛnea Noa bɔɔ ne bra no kyerɛ sɛ anka wobetumi. Sɛnea Noa ne Yehowa nantewee, na otiee ne Nyankopɔn wɔ biribiara mu no kyerɛ sɛ na anka wɔn nso betumi anya wɔn ti adidi mu. Noa nam nea ɔyɛe no so de ne gyidi buu ne beresofo no fɔ; ɛma yehu sɛ na ne beresofo no yɛ amumɔyɛfo ampa. Ne gyidi gyee ɔne n’abusua no nkwa. Sɛ wusuasua Noa gyidi no a, ebetumi ama wo ne w’adɔfo nyinaa anya nkwa. Wo nso wubetumi ne Yehowa Nyankopɔn anantew sɛ w’Adamfo sɛnea Noa yɛe no. Na mo adamfofa no betumi atena hɔ akosi daa!

^ nky. 7 Ná nnipa a wɔtenaa ase saa bere no tumi nyin kyɛ paa sen yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ. Nea enti a na wotumi nyin kyɛ ne sɛ na pɛyɛ ne ahoɔden a wɔde bɔɔ Adam ne Hawa no fii hɔ nkyɛe.

^ nky. 15 Bere a Lamek woo ɔbabarima no, ɔtoo ne din Noa, a ebia nea ɛkyerɛ ne “Ɔhome” anaa “Awerɛkyekye.” Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Noa bɛbɔ ne bra ma ɛne ne din no ahyia ma adesamma anya ahotɔ wɔ asase a wɔadome no no so. (Gen. 5:28, 29) Lamek wui ansa na nkɔmhyɛ yi reba mu. Ɛbɛyɛ sɛ Noa maame, ne nuabarimanom, ne ne nuabeanom wuwui wɔ Nsuyiri no mu.