Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI DUBIAKO

Ɔwɛnee, na Ɔtwɛnee Nso

Ɔwɛnee, na Ɔtwɛnee Nso

1, 2. Adwuma a ɛyɛ den bɛn na na ɛsɛ sɛ Elia yɛ, na akwan bɛn so na na ɛsono Elia ne Ahab?

NÁ Elia pɛ sɛ ɔbɔ ne soro Agya no mpae wɔ kokoam. Nanso, na ɛnkyɛe koraa na na nnipadɔm a wɔatwa odiyifo nokwafo no ho ahyia no ahu sɛ wama ogya afi soro aba, na akyinnye biara nni ho sɛ, na wɔn mu pii pɛ sɛ wɔdɛfɛdɛfɛ no de nya n’anim dom. Ansa na Elia reforo akɔ Bepɔw Karmel atifi akɔbɔ Yehowa Nyankopɔn mpae wɔ kokoam no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwumaden bi. Ná ɛsɛ sɛ ɔne Ɔhene Ahab kɔkasa.

2 Ná ɛsono Ahab ɛnna ɛsono Elia koraa. Ahab a na wasiesie ne ho sɛ ɔhene no yɛ oniberefo ne ɔwaefo a na ontumi nsi gyinae. Elia de, na ɔhyɛ odiyifo atade a ɛnyɛ kyenkyenee a ebia wɔde aboa nhoma anaa yoma anaa abirekyi nhwi ayɛ. Ná ɔyɛ ɔbarima a ɔwɔ akokoduru, na ɔyɛ ɔnokwafo, na na ɔwɔ gyidi. Bere a saa da no reba awiei no, na nkurɔfo no ahu nsonsonoe kɛse a ɛwɔ saa mmarima baanu no ntam yiye.

3, 4. (a) Dɛn nti na na ɛda no ayɛ da bɔne ama Ahab ne Baal asomfo no? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

3 Ná ɛda no ayɛ da bɔne ama Ahab ne Baal asomfo foforo. Ná ada adi sɛ abosonsom a Ahab ne ne yere Ɔhemmaa Yesebel agye agyinam wɔ Israel mmusuakuw du ahemman mu no yɛ atoro ankasa. Ná wɔama nkurɔfo no ahu sɛ Baal yɛ ɔdaadaafo. Saa onyame a nkwa nni ne mu no antumi amma ogya kɛkɛ mpo ansɔ bere a n’adiyifo no de nne kɛse teɛteɛɛm, wɔsawee, na wɔde asekan twitwaa wɔn ho ma mogya guu wɔn no. Baal antumi ammɔ saa mmarima 450 a na wɔfata sɛ wokunkum wɔn no ho ban. Atoro nyame yi antumi anyɛ biribi foforo nso, na na n’anim rebegu ase koraa. Ná Baal adiyifo no de bɛboro mfe abiɛsa na asrɛ wɔn nyame no sɛ ɔmma osu ntɔ wɔ asase no so, nanso Baal antumi anyɛ saa. Ná ɛrenkyɛ na Yehowa ankasa ama osu atɔ de ada ne tumi adi sɛ ɔno ne nokware Nyankopɔn no.—1 Ahe. 16:30–17:1; 18:1-40.

4 Nanso, bere bɛn na na Yehowa bɛkeka ne ho? Enkosi saa bere no, na dɛn na Elia bɛyɛ? Na dɛn na yebetumi asua afi ɔbarima a ɔwɔ gyidi yi hɔ? Momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua bere a yɛrehwehwɛ asɛm no mu no.—Monkenkan 1 Ahene 18:41-46.

Ná N’ani Kũ Mpaebɔ Ho

5. Dɛn na Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ ɔnyɛ, na so wuhu sɛ na Ahab asua biribi afi nea na asi wɔ da no mu no mu?

5 Elia kɔɔ Ahab hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kodidi na nom efisɛ mate osu kɛse nka.” So na ɔhemmɔne yi asua biribi afi nsɛm a esisii saa da no mu? Bible nhyɛ da nka, nanso biribiara nni asɛm yi mu a ɛkyerɛ sɛ onuu ne ho. Wansrɛ odiyifo no sɛ ɔmmoa no ma ɔnsrɛ Yehowa hɔ bɔne fafiri. Ahab anyɛ eyi mu biara, mmom no, ‘okodidi nomee.’ (1 Ahe. 18:41, 42) Na Elia nso ɛ?

6, 7. Dɛn na Elia bɔɔ ho mpae, na dɛn ntia?

6 “Elia de, ɔforo kɔɔ Karmel atifi de n’anim kobutuw fam na ɔde ne ti hyɛɛ ne nkotodwe ntam.” Bere a Ahab kodidii no, Elia nyaa hokwan de bɔɔ ne soro Agya no mpae. Hyɛ sɛnea ɔbrɛɛ ne ho ase bɔɔ mpae no nsow—Elia kotow fam, ɔbɔɔ ne mu ase araa ma anka ne ti reyɛ aka ne nkotodwe. Dɛn na na Elia reyɛ yi? Ɛho nhia sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka biribi. Bible ka wɔ Yakobo 5:18 sɛ, Elia bɔɔ mpae maa osu tɔe. Ɛbɛyɛ sɛ ɔbɔɔ mpae a ɛte saa no wɔ Karmel atifi.

Mpae a Elia bɔe no daa no adi sɛ na nea ɔpɛ paa ne sɛ obehu sɛ Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ

7 Ná Yehowa adi kan aka sɛ: “Merebɛma osu atɔ agu asase no so.” (1 Ahe. 18:1) Enti Elia bɔɔ mpae sɛ asɛm a Yehowa aka no mmra mu, sɛnea bɛyɛ mfe apem akyi no, Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae no ara pɛ.—Mat. 6:9, 10.

8. Dɛn na nea Elia yɛe no ma yesua fa mpaebɔ ho?

8 Nea Elia yɛe no ma yesua pii fa mpaebɔ ho. Nea na ehia Elia paa wɔ ne mpaebɔ mu ne sɛ Onyankopɔn apɛde bɛyɛ hɔ. Sɛ yɛbɔ mpae a, ɛyɛ papa sɛ yɛkae sɛ: “Biribiara a yebisa sɛnea [Onyankopɔn apɛde] te no, otie yɛn.” (1 Yoh. 5:14) Ɛnde, ɛda adi sɛ ɛho hia sɛ yehu Onyankopɔn apɛde na yɛatumi abɔ mpae ma watie yɛn—eyi nti na ehia sɛ yesua Bible da biara da no. Akyinnye biara nni ho sɛ, na Elia san nso pɛ sɛ osu tɔ esiane amane a na ne kuromfo rehu no nti. Ɛda adi sɛ na anwonwade a Yehowa ayɛ ma wahu saa da no ama anisɔ ahyɛ ne koma mã. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛda anisɔ adi wɔ yɛn mpaebɔ mu na yɛda no adi sɛ yedwen afoforo ho.—Monkenkan 2 Korintofo 1:11; Filipifo 4:6.

Ná Ɔwɔ Ahotoso, na Ɔwɛnee

9. Dɛn na Elia ka kyerɛɛ ne somfo no sɛ ɔnyɛ, na su ahorow abien bɛn na yebesusuw ho?

9 Ná Elia wɔ awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma osu atɔ, nanso na onnim bere ko a Yehowa bɛyɛ saa. Enti, dɛn na odiyifo no yɛe saa bere no? Hyɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka no nsow: “Ɔka kyerɛɛ ne somfo no sɛ: ‘Mesrɛ wo, foro kɔhwɛ po fam.’ Enti ɔkɔhwɛe, na ɔkae sɛ: ‘Manhu hwee.’ Na ɔkaa no mpɛn ason kyerɛɛ no sɛ, ‘San kɔ.’” (1 Ahe. 18:43) Anyɛ yiye koraa no, yebetumi asua nneɛma abien afi nea Elia yɛe no mu. Nea edi kan no, hyɛ ahotoso a na odiyifo no wɔ no nsow. Afei, susuw sɛnea ɔwɛnee no ho.

Elia bɔɔ mmɔden paa hwehwɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɛma osu atɔ

10, 11. (a) Ɔkwan bɛn so na Elia daa no adi sɛ ɔwɔ Yehowa bɔhyɛ mu ahotoso? (b) Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso a ɛte saa?

10 Esiane sɛ na Elia wɔ Yehowa bɔhyɛ mu ahotoso nti, ɔbɔɔ mmɔden paa hwehwɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ na Yehowa rebɛma osu atɔ. Enti, ɔsomaa ne somfo no sɛ onkogyina baabi a ɛwɔ soro na ɔnhwɛ akyirikyiri sɛ obehu biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ osu rebɛtɔ anaa. Bere a ɔsomfo no san bae no, wamfa anigyesɛm ammrɛ no, na mmom ɔkae sɛ: “Manhu hwee.” Ná osu mmunae, na na biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ osu rebɛtɔ. Afei, so wuhuu biribi a ɛyɛ nwonwa wɔ asɛm a Elia kae no ho? Kae sɛ, na ɛnkyɛe koraa na na Elia aka akyerɛ Ɔhene Ahab sɛ: “Mate osu kɛse nka.” Ɛyɛɛ dɛn na odiyifo no tumi kaa biribi a ɛte saa bere a na osu mmunae?

11 Ná Elia nim bɔ a Yehowa ahyɛ. Esiane sɛ na ɔyɛ Yehowa nanmusifo ne ne diyifo nti, na ɔwɔ awerɛhyem sɛ ne Nyankopɔn bɛma N’asɛm abam. Ná Elia wɔ ahotoso araa ma na ɛte sɛ nea wate sɛ osu no retɔ. Eyi betumi ama yɛakae nea Bible ka faa Mose ho no: “Ɔkɔɔ so tintimii te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.” So saa na wugye Onyankopɔn di? Ɔma yɛn nneɛma pii a yebetumi agyina so anya ɔno ne ne bɔhyɛ mu gyidi a ɛte saa.—Heb. 11:1, 27.

12. Dɛn na Elia yɛe de kyerɛe sɛ na ɔrewɛn, na ɔyɛɛ n’ade dɛn bere a ɔtee sɛ omununkum ketewa bi na ɛwɔ wim no?

12 Nea edi hɔ no, hyɛ sɛnea Elia wɛnee no nsow. Wansoma ne somfo no pɛnkoro anaa mprenu, na mmom mpɛn ason! Ɛbɛyɛ sɛ soma a Elia kɔɔ so somaa ne somfo no mpɛn pii no maa ɔsomfo no brɛe, nanso Elia de, na n’ani abere rehwehwɛ sɛnkyerɛnne ma enti wampa abaw. Awiei koraa no, bere a ɔsomfo no kɔɔ nea ɛto so ason no, ɔbɛkae sɛ: “Hwɛ! Mihuu omununkum ketewa bi a ne kɛse te sɛ onipa nsam sɛ efi po mu reforo kɔ soro.” So wubetumi ayɛ sɛnea na ne somfo no ateɛ ne nsa de ne nsayam rekyerɛ sɛnea omununkum ketewaa bi refi Ɛpo Kɛse no mu resɔre no ho mfonini wɔ w’adwene mu? Ɛbɛyɛ sɛ ɔsomfo no nyaa adwene sɛ omununkum ketewaa no nkyerɛ hwee. Nanso, Elia de, na saa omununkum no yɛ ade titiriw ma no paa. Afei, ɔka kyerɛɛ ne somfo no ntɛm ara sɛ: “Foro kɔka kyerɛ Ahab sɛ: ‘Siesie wo teaseɛnam na sian kɔ, na osu anka wo ahyɛ ha!’”—1 Ahe. 18:44.

13, 14. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua sɛnea Elia wɛnee no? (b) Adanse bɛn na yɛwɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade ntɛm so?

13 Eyi mu nso, Elia ayɛ nhwɛso kɛse ama yɛn. Yɛn nso yɛte bere a ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛkeka ne ho ma n’asɛm a waka abam mu. Elia twɛnee ma osu tɔe, na saa ara na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ retwɛn bere a wiase nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei. (1 Yoh. 2:17) Enkosi sɛ Yehowa Nyankopɔn bɛkeka ne ho no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so wɛn bere nyinaa sɛnea Elia yɛe no. Onyankopɔn ankasa Ba, Yesu, tuu n’akyidifo fo sɛ: “Monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim da ko a mo Wura bɛba.” (Mat. 24:42) So na Yesu kyerɛ sɛ n’akyidifo renhu bere a awiei no bɛba koraa? Dabi, efisɛ ɔkaa nneɛma a ɛbɛkɔ so wɔ wiase, bere a awiei no rebɛn no ho nsɛm pii. Yɛn nyinaa betumi ahu “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” ho sɛnkyerɛnne pii no.—Monkenkan Mateo 24:3-7.

Ná omununkum ketewaa bi a efi po mu resɔre no ara dɔɔso ma Elia sɛ ɛbɛma wanya ahotoso sɛ ɛrenkyɛ na Yehowa akeka ne ho. Ɛsɛ sɛ nna a edi akyiri yi ho sɛnkyerɛnne no ka yɛn paa ma yɛyɛ ade ntɛm so

14 Saa sɛnkyerɛnne no fã biara ma yenya adanse kɛse a edi mũ. So adanse a ɛte saa dɔɔso a ebetumi aka yɛn ma yɛayɛ yɛn ade ntɛm so wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa no mu? Ná omununkum ketewaa bi a efi po mu resɔre no ara dɔɔso ma Elia sɛ ɛbɛma wanya ahotoso sɛ ɛrenkyɛ na Yehowa akeka ne ho. So odiyifo nokwafo no nsa sii fam?

Yehowa De Ahotɔ ne Nhyira Bae

15, 16. Nsɛm bɛn na esisii ntɛmntɛm, na dɛn na ɛbɛyɛ sɛ na Elia rehwɛ kwan sɛ Ahab bɛyɛ?

15 Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Omununkum maa wim yɛɛ tumm, na mframa bɔe na osu kɛse fii ase tɔe. Na Ahab de ne teaseɛnam no ani kyerɛɛ Yesreel.” (1 Ahe. 18:45) Nsɛm sisii ntɛmntɛm paa. Bere a na Elia somfo no reka odiyifo no asɛm akyerɛ Ahab no, saa omununkum ketewaa no yɛɛ kɛse maa wim nyinaa yɛɛ tumm. Mframa kɛse bi bɔe. Mfe abiɛsa ne fã akyi no, awiei koraa no, osu tɔe wɔ Israel asase no so. Asase a na akyen no nyaa nsu. Bere a osu no tɔe kɛse no, Kison asubɔnten no yirii, na akyinnye biara nni ho sɛ, ɛhohoroo Baal adiyifo a wokunkum wɔn no mogya kɔe. Ná wɔrema Israelfo asoɔdenfo no nso kwan ma wɔahohoro Baal som ho nkekae bɔne no afi asase no so.

“Osu kɛse fii ase tɔe”

16 Ná Elia wɔ awerɛhyem sɛ saa pɛpɛɛpɛ na ɛbɛba! Ɛbɛyɛ sɛ na ɔredwinnwen sɛnea na Ahab bɛyɛ n’ade wɔ anwonwasɛm a na ɛresisi no ho. So na Ahab benu ne ho na wasakra afi Baal som a enye no ho? Ná nsɛm a asisi saa da no ama wanya adanse a edi mũ a na obegyina so ayɛ nsakrae a ɛte saa. Nokwarem no, yɛrentumi nhu nea na Ahab redwen ho saa bere no. Nea Bible ka ara ne sɛ, ɔhene no “de ne teaseɛnam no ani kyerɛɛ Yesreel.” So na wasua biribi? So na wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛsesa n’akwan? Nsɛm a esisii akyiri yi no ma yehu sɛ wanyɛ saa. Nanso, na ɛda no nnya mmaa awiei mmaa Ahab ne Elia nyinaa.

17, 18. (a) Dɛn na ɛbaa Elia so bere a na ɔnam kwan so rekɔ Yesreel no? (b) Dɛn na ɛmaa Elia ho yɛɛ nwonwa wɔ mmirika a otu fii Karmel kɔɔ Yesreel no mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

17 Yehowa diyifo no nso faa ɔkwan a Ahab faa so no ara so. Ná ɔkwan a ɔretwa no ware, na ade resa, na na atɛkyɛ wɔ ɔkwan no so. Anwonwasɛm bi san sii.

18 “Ná Yehowa nsa wɔ Elia so, enti ɔkyekyeree n’asen tuu mmirika kosian Ahab ho koduu Yesreel.” (1 Ahe. 18:46) Ɛda adi sɛ na “Yehowa nsa” wɔ Elia so wɔ anwonwakwan so. Ná efi hɔ rekɔ Yesreel no bɛyɛ kilomita 30, na na Elia abɔ akwakoraa. * Wo de, twa sɛnea odiyifo no twetwee n’atade tenten no kɔɔ soro, na ɔkyekyeree wɔ n’asen sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛyɛ hare na watumi atu mmirika afa ɔkwan a ɛso ayɛ atɛkyɛ no so no ho mfonini hwɛ—otuu mmirika denneennen kɔtoo ɔhene no teaseɛnam no sian no ho koraa!

19. (a) Nkɔmhyɛ ahorow bɛn na ahoɔden a Onyankopɔn de maa Elia no ma yɛkae? (b) Bere a na Elia de mmirika rekɔ Yesreel no, dɛn paa na na onim?

19 Hwɛ nhyira ara a Elia nyae! Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ no nwonwa sɛ onyaa ahoɔden a ɛte saa a ebia ne mmerantebere mu mpo wannya bi no. Ebetumi ama yɛakae nkɔmhyɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛ anokwafo benya apɔwmuden ne ahoɔden a edi mũ wɔ Paradise asase a ɛreba no mu no. (Monkenkan Yesaia 35:6; Luka 23:43) Bere a na Elia de mmirika nam ɔkwan a atɛkyɛ wɔ so no so no, na onim paa sɛ wanya n’Agya, Yehowa, a ɔno ne nokware Nyankopɔn koro no anim dom!

20. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Yehowa nhyira?

20 Yehowa ani gye ho sɛ obehyira yɛn. Momma yɛnhwehwɛ ne nhyira; mmɔden biara a yɛbɛbɔ de ayɛ saa no fata. Ehia sɛ yɛwɛn, na yesusuw adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na Yehowa akeka ne ho wɔ mmere a ɛyɛ hu na egye ntɛmpɛ yi mu ho sɛnea Elia yɛe no. Yɛwɔ nea yebegyina so paa anya Yehowa, “nokware Nyankopɔn” no bɔhyɛ mu ahotoso koraa te sɛ Elia.—Dw. 31:5.

^ nky. 18 Eyi akyi bere tiaa bi no, Yehowa maa Elia tetee Elisa a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no nea “ɔde nsu gu Elia nsa so no.” (2 Ahe. 3:11) Elisa bɛyɛɛ Elia somfo, na ɛda adi sɛ na ɔboa akwakoraa no.