Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Aba Mu Awie

Aba Mu Awie

Twe Bi:

  1. 1. Ɛnnomaa wɔ wiem reto dwom,

    Na mununkum retu kwan.

    Owia resere ky’rɛ wo,

    Na ewiemu nyinaa ayɛ hann.

    Wo nnamfo rebɛsra wo

    Na wato pon retwɛn wɔn

    Ɛyɛ paradise no,

    Ampa, aba mu awie.

  2. 2. Twa w’ani hwɛ wo nifa so,

    Hwɛ adan na abu so.

    Na twa w’ani hwɛ benkum so,

    Ennuane mu nnuane abu so.

    Na hwɛ mmepɔ fɛfɛ nso,

    Nsu pa na abu so.

    Onyankopɔn bɔhyɛ yi,

    Ampa, aba mu awie.

    (BRIDGE)

    Me nnamfonom, m’abusuafo,

    Anigye mu anigye nie.

    Nkɔkorabɔ ne mm’rewabɔ

    Afi hɔ kɔ owuo nni hɔ.

  3. 3. O asase frɔmfrɔm bɛn ni!

    Ɛso tena yɛ dɛ sɛ!

    Momma yenni ahuru-si,

    Asomdwoe wɔ baabiara ɛnnɛ.

    Yɛbɛda Yehowa ase

    sɛ wadom n’asomfo nnɛ.

    Na ne bɔhyɛ kɛse no,

    Ampa, aba mu awie.

    (BRIDGE)

    Yerehuw dwom, t’robɛnto dwom.

    Yɛde santen rehyia ‘wufo.

    Anigye mu, yɛreka sɛ:

    “Me dɔfo pa awaawaa ‘tuu.”

  4. 4. Yɛte Paradise,

    Wompɛ wei na wopɛ deɛn?

    Ɛnnɛ yɛ ahosɛpɛ b’re,

    Efisɛ Nyankopɔn adom yɛn.

    Ɛyɛ yɛn koma so adeɛ,

    Bi’biara ayɛ fof’ro.

    Onyankopɔn hyɛɛ yɛn bɔ,

    Ampa, aba mu awie.