Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa W’ani Bu!

Fa W’ani Bu!

Twe Bi:

  1. 1. Adekyee mu nsɛm, ɛdɔɔso.

    Nea yebedi mpo ayɛ den.

    Nanso mewɔ anidaso pii.

    Nea mehwɛ kwan nyinaa bɛba.

    (NNYESO)

    Fa w’ani bu sɛ ɔhaw nni hɔ bio.

    Anigye nkoaa ne apɔwmuden pii.

    Fa w’ani bu sɛ yɛka da biara sɛ,

    “Yɛda w’ase o yɛn ani sɔ nea woayɛ no!”

  2. 2. Me haw ara ne sɛ mente hwee,

    Awia ketee mpo minhuu hwee.

    Ɛnkyɛ yɛbɛte nnwom dɛdɛ.

    Afei y’ani behu adeɛ.

    (NNYESO)

    Fa w’ani bu sɛ ɔhaw nni hɔ bio.

    Anigye nkoaa ne apɔwmuden pii.

    Fa w’ani bu sɛ yɛka da biara sɛ,

    “Yɛda w’ase o yɛn ani sɔ nea woayɛ no!”

    (BRIDGE)

    Me nanteɛ ho ayɛ den, mintumi.

    Nanso, ɛnkyɛ metu amm’rika!

    (NNYESO)

    Fa w’ani bu sɛ ɔhaw nni hɔ bio.

    Anigye nkoaa ne apɔwmuden pii.

    Fa w’ani bu sɛ yedi ah’rusi kɛse,

    Da nyinaa yɛte asɛmpa nkoaa.

    (NNYESO)

    Fa w’ani bu sɛ ɔhaw nni hɔ bio.

    Anigye nkoaa ne apɔwmuden pii.

    Fa w’ani bu sɛ yɛka da biara sɛ,

    “Yɛda w’ase o yɛn ani sɔ!”