Ma Yɛnsɔ Hokwan No Mu!
Twe Bi:
1. Na yɛhwɛ kwan,
Na yɛka sɛ,
Yɛde yɛn b’re nyinaa
Bɛka asɛm.
Afei deɛ hwɛ,
Hokwan no ni,
Sɛ yɛbɛkɔ yɛ’anim.
Ɛb’re no ni!
(NNYESO)
Hokwan fɛfɛ
Ɛnna yɛanya.
Na yɛretwɛn dɛn bio?
Ma yɛnsɔ mu!
Yɛn b’re nyinaa,
Ma yɛmfa nyɛ n’adwuma.
Na yebenya
Asomdwoe pii.
2. Yehowa se
Mma yɛmmɔ hu.
Yebenya nea yehia,
Yebedi mu.
Ɛyɛ wo sɛ
Wuntumi nyɛ?
Kae sɛ Yehowa se
Ɔbɛboa yɛn.
(NNYESO)
Hokwan fɛfɛ
Ɛnna yɛanya.
Na yɛretwɛn dɛn bio?
Ma yɛnsɔ mu!
Yɛn b’re nyinaa,
Ma yɛmfa nyɛ n’adwuma.
Na yebenya
Asomdwoe pii.
3. Tu wo ho ma
Adwuma no,
Na wubenya nhyira
Afi soro.
Ɛnhwɛ w’akyi.
Fa wo ho bɔ afɔre.—
Ɛrenkyɛ koraa
Wobɛsere.
(NNYESO)
Hokwan fɛfɛ
Ɛnna yɛanya.
Na yɛretwɛn dɛn bio?
Ma yɛnsɔ mu!
Yɛn b’re nyinaa,
Ma yɛmfa nyɛ adwuma no.
Na yebenya
Asomdwoe pii.
Hokwan fɛfɛ
Ɛnna yɛanya.
Na yɛretwɛn dɛn bio?
Ma yɛnsɔ mu!
Yɛn b’re nyinaa,
Ma yɛmfa nyɛ adwuma no.
Na yebenya
Asomdwoe pii.
Ma yɛnsɔ mu!