Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆWƐN-ABAN No. 1 2023 | Adwene Mu Yare​—Bible Betumi Aboa

Wokɔ wiase baabiara a, nnipa ɔpepem pii na wɔwɔ adwene mu yare. Saa yare yi nnim panyin nnim akwadaa; ennim sikani nnim hiani. Ennim sɛ obi akɔ sukuu anaa ɔnkɔɔ sukuu, saa ara nso na ennim sɛ onipa no fi ha anaa ofi ha anaa ɔwɔ ɔsom wei mu anaa wei mu. Adwene mu yare no, ebi ne sɛn? Nneɛma bɛn na ɛma yehu sɛ obi anya adwene mu yare? Sɛ obi nya adwene mu yare a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ ayaresa a edi mu? Sɛn na Bible betumi aboa wɔn a wɔanya adwene mu yare? Ɔwɛn-Aban yi bɛboa yɛn ama yɛanya saa nsɛm yi mu nkyerɛkyerɛmu.

 

Adwene Mu Yare Atu Atese Wɔ Wiase Baabiara

Adwene mu yare nnim panyin nnim akwadaa. Ennim sɛ wei fi ha anaa wei fi ha. Hwɛ sɛnea Bible betumi aboa wo ama woako adwene mu yare.

Onyankopɔn Dwen Wo Ho

Sɛnea wote nka ne nneɛma a ɛrekɔ so wɔ w’adwene mu no, adɛn nti na wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa Nyankopɔn te ase sen obiara?

1 | Mpaebɔ​—‘Tow Wo Dadwen Nyinaa Gu No So’

Sɛ dadwen bi hyɛ wo so anaa biribi reteetee wo a, wubetumi abɔ ho mpae akyerɛ Onyankopɔn anaa? Wɔn a dadwen hyɛ wɔn so no, sɛn na mpaebɔ betumi aboa wɔn?

2 | ‘Awerɛkyekye a Wubenya Afi Kyerɛwnsɛm No Mu’

Nsɛm a ɛwɔ Bible mu ma yenya anidaso sɛ ɛrenkyɛ koraa, nneɛma a ɛma yedi yaw nyinaa befi hɔ.

3 | Sɛnea Nnipa a Wɔn Ho Asɛm Wɔ Bible Mu Betumi Aboa Wo

Nnipa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, na wɔwɔ atenka te sɛ yɛn ara. Sɛ ɛkɔba sɛ nneɛma hyɛ yɛn so anaa yɛn adwene tu fra a, wɔn nhwɛso no betumi aboa yɛn na yɛante nka sɛ aka yɛn nko ara.

4 | Afotu a Ɛwɔ Bible Mu Betumi Aboa Wo

Sɛ wokenkan Bible dwinnwen ho, na sɛ wode nneɛma bi sisi w’ani so a, hwɛ sɛnea ebetumi aboa wo ama woako adwene mu yare.

Sɛnea Wobɛboa Wɔn a Wɔwɔ Adwene Mu Yare

Sɛ w’adamfo bi reko adwene mu yare, na woyɛ biribi boa no ma ohu sɛ wudwen ne ho a, ebetumi aboa no paa.