Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Dwen Wo Ho

Onyankopɔn Dwen Wo Ho

SƐ YƐREPƐ afotu a ɛbɛboa yɛn paa a, yebenya wɔ Bible mu, efisɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ. Ɛwom, ɛnyɛ ayaresa nhoma, nanso sɛ ɛkɔba sɛ yɛrefa ateetee mu anaa ebia nneɛma ama yɛn adwene ayɛ basaa, anaa biribi nti yɛredi yaw, yɛanya adwene mu yare anaa yare foforo bi a, Bible betumi aboa yɛn. Ebetumi akyerɛ yɛn nneɛma pɔtee bi a yɛyɛ a, ɛbɛboa yɛn ama yɛagyina nea yɛrefa mu no ano.

Ade foforo a ɛkyɛn nea yɛaka ho asɛm yi ne sɛ, Bible no ma yenya awerɛhyem sɛ Ɔbɔadeɛ Nyankopɔn a ne din de Yehowa a no te yɛn ase. Sɛnea yɛte nka ne nneɛma a ɛrekɔ so wɔ yɛn adwene mu no, ɔte ase sen obiara. Biribiara a yɛrefa mu no, wayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn. Wo de, ma yɛmfa kyerɛwnsɛm mmienu a ɛka koma yi nyɛ nhwɛso:

“Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn abam abu.”​—DWOM 34:18.

“Me, Yehowa wo Nyankopɔn, mikura wo nsa nifa mu. Me na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro. Mɛboa wo.’”​—YESAIA 41:13.

Sɛ adwene mu yare reteetee yɛn a, sɛn na Yehowa boa yɛn? Nsɛm a edidi so yi bɛma yɛahu sɛ Yehowa yɛ nneɛma bebree de boa yɛn, na ɛno kyerɛ sɛ odwen yɛn ho paa.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.​—Dwom 83:18.