Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

4 | Afotu a Ɛwɔ Bible Mu Betumi Aboa Wo

4 | Afotu a Ɛwɔ Bible Mu Betumi Aboa Wo

BIBLE KA SƐ: ‘Kyerɛwnsɛm no nyinaa ye.’​—2 TIMOTEO 3:16.

Nea Wei Kyerɛ

Bible no nyɛ ayaresa nhoma, nanso afotu pa bebree wom. Saa afotusɛm no betumi aboa obi a adwene mu yare bi reteetee no. Ɛho nhwɛso ni:

Hwɛ Sɛnea Nea Edi So Yi Betumi Aboa Wo

“Nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare na wohia.”​—MATEO 9:12.

Bible no ma yehu sɛ, ɛtɔ da a ebehia sɛ yekohu dɔkta. Wɔn a wɔwɔ adwene mu yare no, wɔasua wɔn yare no ho nsɛm pii afi animdefo hɔ, na wɔakɔ ayaresabea ama wɔn ho atɔ wɔn.

“Apɔwmuteɛteɛ ye ma wo nipadua.”​—1 TIMOTEO 4:8, Contemporary English Version.

Wunya adaagye yɛ nneɛma a ɛbɛma woanya apɔwmuden a, ɛma adwene no yɛ adwuma yiye. Nneɛma a ebetumi ama woanya apɔwmuden no, ebi ne sɛ wubeyi bere bi a wode bɛtenetene w’apɔw mu daa, wubedi nnuan pa, na woada yiye.

“Anigye koma yɛ aduru papa; na honhom a abotow de, ɛma ahoɔden so tew.”​—MMEBUSƐM 17:22.

Sɛ wokenkan Bible mu nsɛm a ɛhyɛ nkuran, na wode botae a wubetumi adu ho sisi w’ani so a, ebetumi aboa ama w’ani agye. Sɛ wode w’adwene si nneɛma a ɛhyɛ nkuran so na wunya gyidi sɛ daakye ɛbɛyɛ yiye a, adwene mu yare no nyinaa akyi no, w’ani betumi agye.

“Nyansa ne ahobrɛasefo na ɛte.”​—MMEBUSƐM 11:2.

Ebia wubehu sɛ nneɛma a wopɛ sɛ woyɛ no, ɛnyɛ ne nyinaa na wo ara wubetumi ayɛ, enti sɛ obi pɛ sɛ ɔboa wo a, ma no mmoa wo. Ebia na w’abusuafo ne wo nnamfo pɛ sɛ wɔboa wo, nanso wɔnhu nea wɔnyɛ. Enti ma wɔnhu nea wɔyɛ a ɛbɛboa wo. Nanso nhwɛ kwan sɛ wɔbetumi ayɛ nea wopɛ biara ama wo, na kakra biara a wɔbetumi ayɛ ama wo no, ma w’ani nsɔ.

Sɛnea Bible Mu Afotusɛm Reboa Wɔn a Adwene Mu Yare Reteetee Wɔn

“Mihuu sɛ biribi nkɔ yiye wɔ me ho, enti mikohuu dɔkta. Mekɔe no, ɔhwehwɛɛ mu huu nea na ɛrehaw me. Wei boaa me ma mihuu sɛ meyare, na ɔkyerɛɛ me nnuru a metumi anom ama me ho atɔ me.”​—Nicole, a ɔwɔ adwene mu yare bi a yɛfrɛ no bipolar disorder.

“Mahu sɛ, sɛ me ne me yere bom kenkan Bible daa a, ɛma mitumi hyɛ ɛda no ase yiye; ɛma mitumi de m’adwene si nneɛma pa a ɛhyɛ nkuran so. Ɛtɔ da a mitumi hu sɛ yare no mu ayɛ den, nanso ɛba saa a, Bible mu asɛm pɔtee bi tumi kyekye me werɛ.”​—Peter; ɔwɔ adwene mu yare bi a yɛfrɛ no depression.

“Ná ɛyɛ den sɛ mɛka akyerɛ nkurɔfo sɛ meyare, efisɛ na mefɛre paa. Nanso m’adamfo bi de, sɛ mereka yare no ho asɛm akyerɛ no a, na otie me paa, na na ɔte me ase.”​—Ji-yoo wɔ adwene mu yare bi; ama asɛm aba n’adidi ho.

“Bible no aboa me ama mate ase sɛ, sɛ meyɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ mitumi gye m’ahome nso. Adwene mu yare a na ɛreteetee me no, afotu pa a ɛwɔ Bible mu no aboa me ama mahu sɛnea me ne yare no bɛtena.”​—Timothy; ɔwɔ adwene mu yare bi a yɛfrɛ no obsessive-compulsive disorder.

a Wɔasesa edin no bi.