Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Odwen Wo Ho’

‘Odwen Wo Ho’

Sɛ nkurɔfo yi wo baako hyɛ wo nsa wɔ abrabɔ mu mpo a, Obi wɔ hɔ a, ɔno de, ɔrennyaw wo da. Ɛyɛ hena?

Ɔhene Dawid a ɔtenaa ase tete no kaa sɛ: “Sɛ me papa ne me maame mpo gyaw me a, Yehowa de, obegye me.”​—Dwom 27:10.

Yehowa yɛ “ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn, nea ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.”​—2 Korintofo 1:3, 4.

‘Tow wo dadwen nyinaa gu no so, efisɛ odwen wo ho.’​—1 Petro 5:7.

Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ ɔboa wo a, hwɛ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no ti 12. Yehowa Adansefo na wɔyɛe. Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.mt711.com/tw