Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE NO ADWENE

So Ahiafo Ho Asɛm Hia Onyankopɔn?

So Ahiafo Ho Asɛm Hia Onyankopɔn?

So ahiafo ho asɛm hia Onyankopɔn?

“Mommma sikanibere mmma mo asetena mu . . . Na [Onyankopɔn aka] sɛ: ‘Merennyaw wo na merempa wo nso da.’”—Hebrifo 13:5.

SƐNEA ONYANKOPƆN HWƐ WƆN

Sɛ Yehowa Nyankopɔn somfo bi kɔ ahohia mu a, yebetumi ahu sɛnea Onyankopɔn hwɛ wɔn no wɔ akwan pii so. Emu biako ne mmoa a wɔn mfɛfo Kristofo fi ayamye mu de ma wɔn no. * Yakobo 1:27 ka sɛ: “Ɔsom a ɛho tew na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne eyi: sɛ obi bɛhwɛ nnyanka ne akunafo wɔn ahohia mu.”

Afeha a edi kan Kristofo no boaa wɔn ho wɔn ho. Sɛ nhwɛso no, bere a wɔhyɛɛ nkɔm sɛ ɔkɔm kɛse bi bɛba Yudea asase so no, Kristofo a na wɔwɔ Siria, wɔ Antiokia no, bɔɔ wɔn tirim sɛ “wɔde asetenade bɛkɔ akɔsom anuanom a wɔwɔ Yudea no.” (Asomafo Nnwuma 11:28-30) Eyi maa wɔn mfɛfo Kristofo a na wɔakɔ ahokyere mu no nyaa nea ehia wɔn. Wɔn pɛ mu a wofi de mmoa mae no dii Kristofo dɔ ho adanse.—1 Yohane 3:18.

 Dɛn na ahiafo betumi ayɛ de aboa wɔn ho?

“Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo.”—Yesaia 48:17, 18.

ONYANKOPƆN MMOA NA ƐMA YETUMI BOA YƐN HO

Sɛnea nnipa ɔpepem pii ahu no, mfaso pii wɔ nyansa a efi Bible mu no so, na biribiara ne no nsɛ. Mmebusɛm 2:6, 7 ka sɛ: “Yehowa na ɔma nyansa, na n’anom na nimdeɛ ne nhumu fi. Ɔbɛkora nyansa so ama treneefo.” Sɛ nkurɔfo hwehwɛ saa nyansa no na wɔde di dwuma a, wonya so mfaso.

Sɛ nhwɛso no, ɛma wɔtwe wɔn ho fi subammɔne te sɛ nnubɔnenom anaa asabow, a ɛsɛe sika no ho. (2 Korintofo 7:1) Ɛma wɔyɛ nokwaredifo, wɔde wɔn ahonim di dwuma yiye, na wodi wɔn asɛyɛde ho dwuma. Eyi boa ma wonya adwuma ntɛm, anaa sɛ wɔwɔ adwuma nso a, wɔn adwumawuranom ntoto wɔn ase koraa. Efesofo 4:28 ka sɛ: “Mma ɔkorɔmfo nnwia ade bio, na mmom ɔnyɛ adwumaden, . . . na ama wanya biribi a ɔde bɛma nea ahia no.”

Adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Bible no boa ahiafo?

“Onyankopɔn nyansa nam ne nnwuma so di bem.”—Mateo 11:19, The New English Bible.

ADANSE A ƐDA ADI PEFEE

Ná aka kakraa bi ma Wilson, a ɔte Ghana no awie adwuma a wɔfaa no bere tiaa bi no. Da a etwa to no, bere a na Wilson rehoro n’adwumam panyin paa kar ho no, ohuu sika wɔ baabi a wɔde nneɛma gu wɔ kar no akyi no. Ɔpanyin foforo bi ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa sika no. Nanso Wilson a ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo no ampene so. Mmom, ɔsan de sika no kɔmaa ne wura. Sɛ́ anka wobetua Wilson ka ma wakɔ fie no, wɔfaa no wɔ adwuma no mu, na akyiri yi ɔbɛyɛɛ adwumam panyin.

Wɔ Europa nso, woyii Géraldine adi fii n’adwumam efisɛ na n’adwumawura mpɛ Yehowa Adansefo asɛm. Nanso adwumawura no maame ka kyerɛɛ no sɛ wadi mfomso paa. Ɔkae sɛ: “Sɛ wopɛ odwumayɛni a ɔyɛ nsi a wubetumi de wo ho ato no so a, Yehowa Adansefo akyi no, worennya obiara.” Adwumawura no yɛɛ Adansefo no ho nhwehwɛmu, na ɔsan faa Géraldine adwuma no mu.

Bere a Sarah, a ɔyɛ baatankoro wɔ South Africa no kɔɔ ahokyere mu na n’asafo mufo maa ɔne n’abusua aduan ne sika a wɔde bɛfa kar no, ɛma ohuu sɛnea Kristofo da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn nuanom no. Akyiri yi, ne mma no kae sɛ, “Yɛwɔ awofo pii wɔ asafo no mu.”

Yebetumi aka osuahu a ɛtete saa pii. Eyi ma yɛkae asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 1:33 yi. Ɛka sɛ: “Nea otie me [Yehowa] no de, ɔbɛtena hɔ komm.” Ɛyɛ nokware paa!

^ nky. 5 Wɔ aman bi so no, aban no boa ahiafo. Faako a ahiafo nnya mmoa a ɛte saa no, wɔn abusuafo titiriw na asɛyɛde no da wɔn so.—1 Timoteo 5:3, 4, 16.