Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO

Wɔn a Wotu Bata—Nea Wɔhwɛ Kwan ne Nea Esi Ankasa

Wɔn a Wotu Bata—Nea Wɔhwɛ Kwan ne Nea Esi Ankasa

Wotu Kɔpɛ Asetena Pa

NÁ George nhu nea ɔnyɛ ne ho. Ná onnya aduan a ɛbɛso n’abusua. Bere koro ara mu no, na afipamfo yare yare, na na ɛte sɛ nea ɔkɔm rekum ebinom. Nanso, na onim sɛ nneɛma kɔ yiye wɔ ɔman bi a ɛbɛn wɔn mu. Osusuw ho sɛ, ‘Metu bata akɔpɛ adwuma, na mabɛfa m’abusua akɔka me ho.’

Patricia nso susuw asetena pa a obetumi anya wɔ amannɔne ho. Ná onni adwuma, na na onni nea ɛbɛboa no ma n’asetena atu mpɔn. Ɔne ne mpena sii gyinae sɛ wobetu afi Nigeria akɔ Algeria, na wɔafi hɔ akɔ Spain. Nanso na wonnim sɛnea akwantu no betumi ayɛ den wɔ Sahara Anhweatam no so. Ɔkae sɛ, “Ná manyinsɛn, na na masi me bo sɛ mɛma me ba no anya asetena pa.”

Ná Rachel pɛ sɛ otu kɔ Europa kofi abrabɔ ase bio. Ná n’adwuma asɛe wɔ Philippines, na na n’abusuafo aka akyerɛ no sɛ, adwuma nyɛ nã wɔ amannɔne. Enti ɔbɔɔ bosea a ɔde bɛfa wimhyɛn, na ɔne ne kunu ne ne babea dii nkra, na ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ, “Ɔrenkyɛ, ɔbɛsan aba.”

Akontaabu kyerɛ sɛ, nnipa bɛboro ɔpepem 200 na nnansa yi, woatu bata te sɛ George, Patricia ne Rachel. Ɛwom sɛ nnipa binom aguan kɔ aman afoforo so esiane ɔko, asiane, anaa ɔtaa nti de, nanso sikasɛm mu ahokyere nti na wɔn mu dodow no ara ayɛ saa. Ɔhaw bɛn na nnipa a wodi atutena yi ahyia wɔ aman a wɔatu akɔ hɔ no so? So wɔn nyinaa nya asetena pa a na wɔrehwehwɛ no? Sɛ awofo tu bata sɛ wɔrekɔhwehwɛ asetena pa a, ɛka wɔn mma dɛn? Kenkan nsɛmmisa yi ho mmuae a edidi so no.

 Nea Ɛbɛyɛ A Wubedu Hɔ Na Woanya Biribi Ayɛ

Atutenadi ho asɛnnennen a edi kan ne akwantu no ankasa. George, a yedii kan kaa ne ho asɛm no twaa akwansin bebree a na aduan kakraa bi na ɛhyɛ ne ho. Ɔka sɛ, “Ná akwantu no yɛ hu.” Ɛnyɛ akwantufo no nyinaa mpo na wotumi du mmeae a wɔrekɔ no.

Ná Patricia botae ne sɛ obedu Spain. Ɔtenaa lɔre a wɔnkataa so mu de twaa Sahara Anhweatam no. “Ɔkwan a yetwa fii Nigeria de kɔɔ Algeria no gyee yɛn nnawɔtwe, na na nnipa 25 abɔ apee so wɔ lɔre no mu. Yɛnam kwan so rekɔ no, yehuu nnipa a wɔawuwu pii, ne wɔn a wɔrewɔ ntwɛtwɛdɛ wɔ anhweatam no so a nea aka wɔn ara ne sɛ wobewuwu. Ɛda adi sɛ, afirikafo a wɔn tirim yɛ den na wogyaw akwantufo yi wɔ kwan so.”

Nea ɛnte sɛ George ne Patricia no, Rachel de, ɔfaa wimhyɛn kɔɔ Europa, a na ɔrekɔyɛ ofie adwuma. Nanso wansusuw sɛnea n’ani begyina ne babea a wadi mfe abien no ho da. Ɔka sɛ, “Bere biara a mehu sɛ ɛna bi regyigye ne ba no, me werɛ how paa.”

George brɛe paa ansa na ɔrehu abrabɔ so wɔ ɔman a otu kɔɔ mu no mu. Asram pii twaam ansa na ɔretumi de sika amena fie. Ɔka n’asɛm sɛ, “Esiane sɛ na mayɛ ankonam na m’abam abu nti, na metaa tew nusu anadwo.”

Bere a Patricia dii asram pii wɔ Algeria no, afei okoduu Morocco hye so. Ɔka sɛ, “Ɛhɔ na mewoo me babea no. Ná ɛsɛ sɛ mede me ho sie wɔn a wɔkyere mmea akwantufo na wɔhyɛ wɔn ma wokosi tuutuu no. Akyiri yi, minyaa sika a metumi de afa ahyɛmma atwa po so akwantu a ɛyɛ hu no akɔ Spain. Ná ahyɛmma no nni ahoɔden, na na wonsiesiee no sɛ ebetumi afa nnipa pii saa. Ná ɛsɛ sɛ yɛde yɛn mpaboa sesaw nsu a ɛba ahyɛmma no mu no gu! Bere a yeduu Spain mpoano no, na mayɛ mmerɛw araa ma, na mintumi nnantew.”

Nokwarem no, ɛnyɛ akwantu mu abɛbrɛsɛ nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wotu kwan no susuw ho. Ɛsɛ sɛ wosusuw ɔhaw a wobetumi ahyia wɔ ɔman foforo no kasa ne wɔn amammerɛ ho, ne afei ɛka a wɔbɛbɔ ansa na wɔanya nkrataa a ɛbɛma wɔatumi atena hɔ akyɛ no nso ho. Ɛyɛ den ma wɔn a wontumi nnya nkrataa a edi mũ no sɛ wobenya adwuma pa, adan pa, nhomasua, anaa ayaresa a ɛfata. Afei ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wobenya tumi krataa de aka kar anaasɛ wɔde sika bɛkɔ akɔto sikakorabea. Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, nkrataa a atukɔfo yi nni no ma nkurɔfo sisi wɔn, ebia wɔde wɔn yɛ adwuma a wontua wɔn ka yiye.

Ade foforo a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ne sika ankasa. Nokwarem no, so yebetumi de yɛn ho ato sika so? Bible de afotu pa yi ma yɛn: “Hwɛ yiye na wammiri wo mogya ani ampɛ ahonyade. Wo sika betumi atu ayera prɛko pɛ, te sɛ nea afuw ntaban atu te sɛ ɔkɔre.” (Mmebusɛm 23:4, 5, Good News Translation) Ma ɛntena w’adwenem nso sɛ sika ntumi ntɔ nneɛma a yehia wɔ asetenam paa no—ɔdɔ, akomatɔyam, ne abusua mu biakoyɛ. Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow sɛ awofo  ma sika a wobenya ho hia wɔn sen ɔdɔ a wobenya ama wɔn ho wɔn ho anaa “tema” biara a ɛsɛ sɛ wonya ma wɔn mma no!—2 Timoteo 3:1-3.

Sɛ́ nnipa no, ɛsɛ sɛ yɛne Onyankopɔn nya abusuabɔ nso. (Mateo 5:3) Enti, awofo a wɔn ani kũ wɔn mma ho no yɛ nea wobetumi biara de di wɔn asɛyɛde a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma ma wonhu Nyankopɔn, n’atirimpɔw, ne ne gyinapɛn no ho dwuma.—Efesofo 6:4.

 Abusua A Biakoyɛ Wom—Ehia Koraa Sen Sika

Ebia ɛsono sɛnea nnipa a wodi atutena no mu biara nsɛm te de, nanso wɔn mu pii hyia tebea koro no ara sɛnea yehui wɔ George, Rachel, ne Patricia a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no mu no. Sɛ ɔwofo bi tu kwan anaa ɔwarefo bi tu kwan gyaw ne hokafo hɔ a, ɛhaw abusua no nyinaa, na ebetumi agye mfe pii ansa na wɔatumi aka abom bio sɛ abusua. George ne n’abusua no fam no, egyee wɔn bɛboro mfe anan.

Rachel faa wimhyɛn san kɔɔ Philippines kɔfaa ne babea a na ɔne no atetew mu bɛyɛ mfe anum no. Patricia koduu Spain no, na ne babea no da ne nsa so. Patricia ka sɛ, “M’abusua a mewɔ nyinaa ni, enti mebɔ mmɔden sɛ mɛhwɛ no yiye.”

Ɛmfa ho ankonamyɛ, sikasɛm mu ahokyere, ne anigyina a wɔn a wotu bata no pii fa mu no, womia wɔn ani sɛ wɔbɛtena ɔman foforo a wɔakɔ so no mu. Wɔsɛe sika ne bere pii wɔ akwantu no ho ma enti sɛ nneɛma ankɔ yiye a, esiane sɛ wɔmpɛ sɛ wokogye animguase nti, wɔn mu kakraa bi pɛ na wonya akokoduru san kɔ wɔn akyi.

Obi a onyaa akokoduru saa ne Allan, a ofi Philippines no. Onyaa adwuma a sika wom wɔ Spain, nanso asram 18 akyi no, ɔsan n’akyi baa fie. Ɔka sɛ, “M’ani gyinaa me yere ne me babea kumaa no dodo. Misii gyinae sɛ merenkodi paa wɔ amannɔne bio gye sɛ me ne m’abusua no nyinaa na yɛretu akɔ. Na saa na akyiri yi, yɛyɛe. Abusua ho hia koraa sen sika.”

Patricia behui sɛ biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛho hia koraa sen sika. Ɔfaa “Apam Foforo,” anaa Kristofo Hela Kyerɛwsɛm no biako hyɛɛ ne ho kɔɔ Spain. Ɔka sɛ, “Ná mibu nhoma no sɛ tumi bi wom. Afei me ne ɔbea bi a ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo hyiae. Bere bi a atwam no, na mempɛ sɛ me ne ɔsom yi mufo bɛkasa koraa. Enti mibisaa Ɔdansefo no nsɛm pii sɛnea ɛbɛyɛ a menya ne gyidi no ho asɛm aka. Nanso, amma no saa, mmom ɔde Bible no buaa me nsɛmmisa no nyinaa.”

Nea Patricia suae no ma obehui sɛ anigye ne anidaso a obi benya bere nyinaa no nnyina beae a ɔte anaa sika a ɔwɔ so, na mmom egyina nimdeɛ a obenya afa Onyankopɔn ne n’atirimpɔw a ɔwɔ ma yɛn no so. (Yohane 17:3) Nneɛma a Patricia suae no bi ne sɛ, nokware Nyankopɔn no wɔ din—Yehowa. (Dwom 83:18) Ɔsan nso kenkan wɔ Bible mu sɛ, ɛrenkyɛ Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bɛma n’Ahenni no ayi ohia nyinaa afi hɔ. (Daniel 7:13, 14) Dwom 72:12, 14 ka sɛ, ‘[Yesu] begye ohiani a osu frɛ no, ne mmɔborɔni ne nea onni boafo nso. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.’

Dɛn nti na wunnye bere mfa nhwehwɛ Bible no mu? Saa nhoma a wɔde Onyankopɔn nyansa kyerɛwee yi betumi aboa wo ma woahu nea ehia paa wɔ asetena mu, na woasisi gyinae pa, na wode anigye ne anidaso agyina sɔhwɛ biara a ebia worehyia seesei no ano.—Mmebusɛm 2:6-9, 20, 21.