Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE

Ɔkwan a Wobɛfa So Agyae Akasakasa

Ɔkwan a Wobɛfa So Agyae Akasakasa

ASƐNNENNEN

So ɛyɛ den ma wo ne wo hokafo sɛ mode ntoboase besusuw nsɛm ho? Wote nka sɛ, ɛsɛ sɛ bere nyinaa wohwɛ wo kasa yiye na ankɔfa akasakasa amma?

Sɛ saa a, nya awerɛhyem sɛ nneɛma betumi ayɛ yiye. Nanso nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wuhu nea ɛtaa de akasakasa ba mo ntam no.

NEA ƐMA ƐBA SAA

Ntease a ɛnyɛ adwuma.

Ɔbea warefo bi a wɔfrɛ no Jillian * ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a mintumi nna nsɛm adi yiye sɛnea mepɛ ankasa nkyerɛ me kunu. Anaa ɛtɔ da a, ɛyɛ me sɛ maka biribi akyerɛ no, bere a nokwarem no, m’adwene na ɛyɛ me saa. Ɛyɛ ade a etumi si ankasa!”

Ɛsono obiara adwene.

Ɛmfa ho sɛnea wo ne wo hokafo fata mo ho no, ɛnyɛ biribiara na mo adwene behyia wɔ ho. Dɛn ntia? Efisɛ ntaafo mpo, ɛsono obiara ne ne su—nokwasɛm a ebetumi ama aware asɔ anaa ɛde nsɛnnennen aba. Awarefo pii fam no, ɛde nsɛnnennen na ɛba.

Afoforo nhwɛso bɔne.

Ɔbea warefo bi a wɔfrɛ no Rachel ka sɛ, “Ná akasakasa ne atɛnnidi kɔ so paa wɔ m’awofo ntam, enti bere a mewaree no, na mekasa kyerɛ me kunu sɛnea na me maame kasa kyerɛ me papa no ara. Mansua sɛnea wɔda obu adi.”

Nea ɛkɔfa ɔhaw no ba ankasa.

Mpɛn pii no, akasakasa denneennen a ɛkɔ so no ntaa mfa asɛm pɔtẽẽ a asi no ankasa ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛyɛ asɛm, “Woka akyi daa!” na ɛkɔfa bae a, ebia na ɛnyɛ bere so di ne asɛm no, na mmom awarefo no biako te nka sɛ wɔne no anni no yiye.

Ɛmfa ho nea ɛkɔfa bae biara no, akasakasa bebrebe betumi aka w’akwahosan na ebetumi ama aware no agu daakye. Ɛnde, mobɛyɛ dɛn atumi agyae akasakasa?

 NEA WUBETUMI AYƐ

Ɔkwampa a wubetumi afa so akwati akasakasa ne sɛ wubehu nea ɛkɔfaa ne nyinaa bae no. Bere a nneɛma mu adwo no, wo ne wo hokafo nsɔ nea edidi so yi nhwɛ.

1. Mo mu biara mfa krataa, na ɔnkyerɛw nea ɛkɔfaa akasakasa a esii nkyɛe no bae no wɔ so. Sɛ nhwɛso, okunu betumi akyerɛw sɛ, “Wokɔhyɛɛ wo nnamfonom nkyɛn da mũ nyinaa a woamfrɛ me anka baabi a wowɔ ankyerɛ me.” Ɔyere nso betumi akyerɛw sɛ, “Wo bo fuwii esiane sɛ mekɔhyɛɛ me nnamfo nkyɛn nti.”

2. Momfa adwempa nsusuw nea edidi so yi ho: So na asɛm no yɛ aniberesɛm ankasa? Anka mubetumi abu mo ani agu so? Wɔ nsɛm bi mu no, esiane asomdwoe nti, ɛbɛyɛ papa sɛ mugye tom sɛ ɛsono obiara adwene, na moma ɔdɔ kata asɛm no so.—Bible nnyinasosɛm: Mmebusɛm 17:9.

Sɛ wo ne wo hokafo no gye tom sɛ asɛm no ho nhia biara a, mompa mo ho kyɛw na munnyae mu ma ɛnka.—Bible nnyinasosɛm: Kolosefo 3:13, 14.

Sɛ mo mu biako anaa mo baanu nyinaa bu asɛm no aniberesɛm paa a, ɛnde, monyɛ nea edi hɔ yi.

3. Kyerɛw sɛnea wotee nka bere a akasakasa no rekɔ so no, na ma wo hokafo no nso nyɛ saa ara. Sɛ nhwɛso no, okunu betumi akyerɛw sɛ, “Metee nka sɛ wopɛ wo nnamfo fekubɔ sen me.” Ɔyere nso betumi akyerɛw sɛ, “Metee nka sɛ woreyɛ me te sɛ abofra a ɛsɛ sɛ ɔfrɛfrɛ ne papa bere biara kyerɛ no baabi a ɔwɔ.”

4. Obiara mfa nea wakyerɛw mma ne yɔnko, na monkenkan. Dɛn na na ɛhaw wo hokafo paa bere a akasakasa no rekɔ so no? Munsusuw nea anka mo mu biara betumi ayɛ de adi nea ɛkɔfaa asɛm no bae no ho dwuma asomdwoe mu.—Bible nnyinasosɛm: Mmebusɛm 29:11.

5. Munsusuw nea musua fii adeyɛ yi mu no ho. Ɔkwan bɛn so na mubetumi de asuade a munyae no asiw akasakasa ano daakye?

^ nky. 7 Wɔasesa edin no bi.