Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti Na Yehu Amane, Yɛbɔ Nkwakoraa Ne Mmerewa, Na Yewuwu?

Adɛn Nti Na Yehu Amane, Yɛbɔ Nkwakoraa Ne Mmerewa, Na Yewuwu?

Yɛn Bɔfo no hu yɛn nyinaa sɛ yɛyɛ ne mma. Ɛno nti, ɔmpɛ sɛ yehu amane. Nanso baabi a wobɛfa biara, amanehunu nko ara. Adɛn ntia?

Yɛn Awofo a Wodi Kan No Nti Na Yɛrehu Amane

“Ɛno nti, ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, na ɛmaa owu trɛw kaa nnipa nyinaa.”​—ROMAFO 5:12.

Yɛn awofo a wodi kan no, yɛfrɛ wɔn Adam ne Hawa. Bere a Onyankopɔn bɔɔ wɔn no, na bɔne biara nni wɔn ho, kyerɛ sɛ na wodi mu. Ɔde wɔn kɔtenaa turo fɛfɛɛfɛ bi mu wɔ asaase so. Ná yɛfrɛ hɔ Eden turo. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wobetumi adi nnuaba a ɛwɔ hɔ no nyinaa bi, nanso baako bi de, ɛnsɛ sɛ wodi bi. Nanso Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden kodii saa aduaba no bi. Nea wɔyɛe no, na ɛyɛ bɔne. (Genesis 2:15-17; 3:1-19) Esiane sɛ wɔyɛɛ asoɔden nti, Onyankopɔn pamoo wɔn fii turo no mu. Asetena bɛyɛɛ den maa wɔn. Akyiri yi wɔwoo mma, na wɔn mma no nso brɛe saa. Ewiee ase no, wɔbɔɔ nkwakoraa ne mmerewa, na wowuwui. (Genesis 3:23; 5:5) Esiane sɛ yɛyɛ Adam ne Hawa asefo nti, yɛn nso yɛyare, yɛbɔ nkwakoraa ne mmerewa, na yewuwu.

Ahonhommɔne Ka Ho Bi Nti Na Yɛrebrɛ

“Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.”​—1 YOHANE 5:19.

“Ɔbɔnefo” a Bible ka ne ho asɛm no, yɛfrɛ no Satan. Ɔyɛ ɔbɔfo bi a ɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. (Yohane 8:44; Adiyisɛm 12:9) Akyiri yi, abɔfo no bi nso sɔre tiaa Onyankopɔn, na wobedii Satan akyi. Saa abɔfo bɔne no, yɛfrɛ wɔn ahonhommɔne. Saa ahonhommɔne yi de wɔn tumi daadaa nkurɔfo ma wɔyɛ Ɔbɔadeɛ no so asoɔden. Wɔyɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma nnipa ayɛ nneɛma bɔne. (Dwom 106:35-38; 1 Timoteo 4:1) Satan ne ahonhommɔne no de, nea wɔpɛ ara ne sɛ wɔbɛma nnipa abrɛ, na wɔahu amane.

Amane a Yehu No Bi Wɔ Hɔ a, Efi Yɛn Ankasa

“Nea onipa dua no, ɛno ara na otwa.”​—GALATIFO 6:7.

Ɛwom, Adam ne Hawa asoɔden ne nneɛma bɔne a Satan reyɛ wɔ wiase no ama yɛrebrɛ. Nanso ɛtɔ da a, amane a nkurɔfo hu no, wɔn ankasa na wɔkɔfa bɛto wɔn so. Adɛn nti na yɛreka saa? Sɛ obi yɛ nneɛma bɔne anaa osisi gyinae bɔne a, ɛyɛ a ɔtaa twa so aba bɔne. Saa ara nso na sɛ obi yɛ nneɛma pa anaa osisi gyinae pa a, otwa so aba pa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, fa no sɛ ɔbarima bi dɔ ne yere ne ne mma, odi nokware, na ɔpɛ adwuma. Wohwɛ a nneɛma bɛkɔ sɛn ama no? Obenya mfaso pii na n’abusua nso ani begye. Nanso fa no sɛ, ɔtow kyakya, ɔwe nsa, na ɔyɛ ɔkwadwofo. Wohwɛ a, dɛn na ebesi? Ɔne n’abusua bedi hia. Wei ma yehu sɛ, sɛ yetie yɛn Bɔfo no a, yɛn ankasa na ɛboa yɛn. Ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye, na yenya “asomdwoe pii.”​—Dwom 119:165.

Yɛte “Awiei Mmere No Mu”

“Awiei mmere no mu no . . . , nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkominya, wɔbɛyɛ sikanibere, . . . wɔrentie wɔn awofo asɛm, . . . wɔrentumi nhyɛ wɔn ho so, wobedi atirimɔdensɛm, wɔbɛyɛ wɔn a wɔmpɛ papa.”​—2 TIMOTEO 3:1-5.

Subammɔne a kyerɛwnsɛm no kaa ho asɛm no, ɛno ara na nnɛ nnipa pii reda no adi. Wei yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte “awiei mmere no” mu anaa aka kakraa ama wiase no aba awiei. Kyerɛwnsɛm no san ka sɛ, awiei mmere no mu no, akokoakoko, aduankɔm, asaasewosow akɛse, ne yaredɔm bɛba. Ɛno nso, yehu sɛ ɛrekɔ so nnɛ. (Mateo 24:3, 7, 8; Luka 21:10, 11) Saa nneɛma yi nso ma yehu amane paa, na ɛka ho bi na nnipa rewuwu.