Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ Ma Yenya Anidaso

Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ Ma Yenya Anidaso

Onyankopɔn ahyɛ yɛn bɔ sɛ, ɛrenkyɛ koraa, ɔbɛyɛ nneɛma pa pii ama yɛn. Obeyi amanehunu nyinaa afi hɔ, na ɔbɛma yɛn ani agye wɔ asaase so. (Dwom 37:11) Saa bɔhyɛ yi, yebetumi agye adi anaa? Yiw. Efisɛ “Onyankopɔn nyɛ onipa dasani na wadi atoro.” (Numeri 23:19) Ma yɛnhwɛ nneɛma pa a yɛn Bɔfo no bɛyɛ ama yɛn no bi.

Onyankopɔn Bɛsɛe Wɔn a Wɔyɛ Nneɛma Bɔne

“Sɛ nnebɔneyɛfo fifi sɛ wura, na sɛ amumɔyɛfo nyinaa yɛ frɔmfrɔm a, ɛyɛ ɔsɛe korakora a ɛbɛba wɔn so ntia.”​—DWOM 92:7.

Sɛnea yɛadi kan ahu no, bɔne kɔ ara na ɛrekɔ anim. Nanso wei nyɛ yɛn nwonwa, efisɛ sɛ yɛhwɛ 2 Timoteo 3:1-5 a, Bible kaa sɛ, “awiei mmere” no mu no, nnipa bedi bɔne paa. Awiei mmere a Bible ka ho asɛm no, ɛkyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ koraa, nnipa a wontie Onyankopɔn nyinaa, obeyi wɔn afi hɔ. Ɛba saa a, wɔn a wotie Onyankopɔn anaasɛ apapafo nko ara na wɔbɛka wɔ asaase so. Bible ka sɛ: “Atreneefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wɔbɛtena so daa.”​—Dwom 37:29.

Onyankopɔn Bɛsɛe Satan

“Onyankopɔn a ɔma asomdwoe no bɛpɛtɛw Satan.”​—ROMAFO 16:20.

Sɛ Onyankopɔn yi nnipabɔnefo, Satan, ne ahonhommɔne no fi hɔ a, asomdwoe bɛba asaase so. Yɛn Bɔfo no ahyɛ yɛn bɔ sɛ: ‘Obiara renhunahuna yɛn.’​—Mika 4:4.

Onyankopɔn Beyi Owu Ne Yare Afi Hɔ

“Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu . . . Na ɔbɛpopa wɔn aniwa mu nisu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”​—ADIYISƐM 21:3, 4.

Brɛ a yɛrebrɛ no, ebi fi Satan, ne Adam ne Hawa. Ebi nso wɔ hɔ a, yɛn ara yɛn bɔne nti na yɛrebrɛ. Nanso ɛrenkyɛ, Onyankopɔn beyi yɛn haw nyinaa afi hɔ. Ɛba saa a, yɛrenhu amane bio, na yɛrenyare. Afei, owu a abɛsɛn amansan kɔn mu no, ɛno nso befi hɔ. Nnipa a wɔdɔ Onyankopɔn na wotie no no nko ara na wɔbɛtena ase daa. Nanso ɛhe na wɔbɛtena?

Yɛn Bɔfo No Besiesie Asaase No Ama Ayɛ Paradise

“Asaase pradadaa ne asaase a ɛso awo ani begye, na anweatam bedi ahurusi na apae sɛ nhwiren.”​—YESAIA 35:1.

Sɛ Onyankopɔn sɛe abɔnefo wie a, obesiesie asaase no ma ayɛ fɛfɛɛfɛ! Baabi a wobɛfa biara wubehu turo ne nnua a ɛyɛ fɛ, na asaase no bɛbɔ aduan paa. (Dwom 72:16) Ɛpo ne nsubɔnten a ɛwɔ hɔ nyinaa ani bɛtew ayɛ kama. Ɛnnɛ, efĩ ahyɛ asaase yi so ma, na nkurɔfo nso sɛe ara na ɛresɛe mframa a yɛhome no. Nanso saa bere no, Onyankopɔn besiesie asaase no ama asan asi ne dedaw mu! Obiara besi ne dan atena mu. Ɛrenkɔba sɛ yebehu obi a ahia no, ɔkɔm de no, anaa onni baabi da.​—Yesaia 65:21, 22.

Onyankopɔn Benyan Wɔn a Wɔawuwu No

‘Nkurɔfo bɛsɔre afi awufo mu.’​—ASOMAFO NNWUMA 24:15.

W’adɔfo a wɔawuwu no, w’ani begye ho sɛ wobɛsan ahu wɔn bio anaa? Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no bɛsan anyan wɔn ama wɔabɛtena asaase a wasiesie no kama no so. Ebia obi bebisa sɛ, ‘Sɛ wonyan m’adɔfo a wɔawuwu no a, enti mehu sɛ asomasi anaa ɔbenten na ogyina hɔ yi, na ɔno nso behu me?’ Yiw. Saa da no, anigye a yebenya de, ɛsɛ w’ani! Asɛm a yɛreka yi, ɛnyɛ anansesɛm bi kɛkɛ. Sɛ wohwɛ Bible mu a, wubehu sɛ, wonyan mpanyin ne mmofra bi a wowuwui ma wɔsan kɔkaa wɔn abusuafo ho. Bere a Yesu wɔ asaase so sɛɛ, onyanee ebinom a wɔawuwu, na mpɛn pii no, nkurɔfo bebree dii ho adanse.​—Luka 8:49-56; Yohane 11:11-14, 38-44.