Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afotusɛm a Ɛbɛboa Ama Asomdwoe Atena Yɛne Afoforo Ntam

Afotusɛm a Ɛbɛboa Ama Asomdwoe Atena Yɛne Afoforo Ntam

Yɛn Bɔfo no ma yehu sɛnea yɛne yɛn fiefo anaa yɛn abusuafo, yɛn adwumamfo, ne yɛn nnamfo ntam bɛyɛ kama. Nnipa pii de n’afotu ayɛ adwuma ama wɔanya so mfaso. Wo de ma yɛnhwɛ n’afotusɛm no bi.

Fa Bɔne Kyɛ

“Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko mpo a . . . obiara mfa ne yɔnko bɔne nkyɛ no korakora.”​—KOLOSEFO 3:13.

Yɛyɛ nnipa yi de, ɛnyɛ dɛn ara yebedi mfomso. Yebetumi afom obi, na obi nso betumi afom yɛn. Enti ehia sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn, na wɔn nso de yɛn de kyɛ yɛn. Sɛ obi fom yɛn na yɛde kyɛ no a, ɛsɛ sɛ yeyi ne ho abufuw fi yɛn mu, na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ no bi ‘tua ka.’ Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛkɔfa ho asɛm ba bio. (Romafo 12:17) Nanso yɛmfa no sɛ, ade a onipa no yɛe no ahye yɛn paa na yentumi nyi mfi yɛn mu. Ɛba saa a, dɛn na yɛbɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛkɔ onipa no nkyɛn na yɛne no kɔka ho asɛm. Sɛ yɛne no rekasa a, ɛsɛ sɛ yɛde nidi ma no. Afei ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛrekɔhwehwɛ asomdwoe, na ɛnyɛ nea n’asɛm yɛ dɛ.—Romafo 12:18.

Brɛ Wo Ho Ase Na Kyerɛ Sɛ Wubu Afoforo

“Mommrɛ mo ho ase na mummu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.”​—FILIPIFO 2:3.

Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yebu afoforo a, wɔbɛpɛ yɛn asɛm, na wɔn ani begye sɛ wɔne yɛn bɛbɔ. Efisɛ wonim sɛ, yɛne wɔn bedi no yiye, na yɛrenhyɛ da nyɛ biribi a ɛbɛhaw wɔn. Nanso sɛ yebu yɛn ho sɛ yɛkyɛn afoforo anaa nea yɛpɛ nko ara na yɛpɛ sɛ afoforo yɛ a, ɛnkyɛ na yɛne nkurɔfo anya asɛm. Ɛba saa a, nkurɔfo ani rennye ho sɛ wɔbɛbɛn yɛn, na yɛrennya nnamfo biara.

Nyɛ Nyiyim

“Onyankopɔn nyiyi nnipa mu, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ nea ɛteɛ no, ogye no tom.”​—ASOMAFO NNWUMA 10:34, 35.

Yɛn Bɔfo no nhwɛ ɔman a obi fi mu, kasa a ɔka, dibea a ɔwɔ anaa sɛ́ ɔyɛ bibini anaa buroni; ɔne obiara di no pɛpɛɛpɛ. Bible ka sɛ, “Ɔmaa aman nyinaa mu nnipa fii onipa baako mu.” (Asomafo Nnwuma 17:26) Enti sɛ yɛbɛka a, nnipa a ɛwɔ asaase so nyinaa yɛ anuanom. Sɛ yedi obiara ni, na yɛkyerɛ sɛ yedwen obiara ho a, ɛma yɛn ani gye, ɛma afoforo koma tɔ wɔn yam, na ɛma Ɔbɔadeɛ no ani sɔ yɛn.

Kyerɛ Sɛ Wudwo

‘Momfa odwo nyɛ ataade nhyɛ.’​—KOLOSEFO 3:12.

Sɛ yedwo a, ɛma obiara a ɔbɛn yɛn no koma tɔ ne yam. Wotumi ka wɔn komam asɛm kyerɛ yɛn. Afei nso, sɛ yɛyɛ biribi na ankɔ yiye a, ɛnyɛ den sɛ wɔbɛka akyerɛ yɛn, efisɛ wonim sɛ yɛremfa wɔn ho abufuw. Sɛ obi bo fuw yɛn mpo a, sɛnea yɛbɛtɔ yɛn bo ase ne no akasa bɔkɔɔ no betumi adwudwo ne koma. Mmebusɛm 15:1 ka sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa, na asɛm a ɛyɛ yaw de, ɛhyɛ abufuw.”

Yi Wo Yam Kyɛ Ade Na Kyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ

“Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”​—ASOMAFO NNWUMA 20:35.

Ɛnnɛ, nnipa pii wɔ hɔ a, wɔn ani bere ade na nea wobenya nko ara na wodwen ho. Nanso wɔn a woyi wɔn yam yɛ adɔe no, wɔn ani gye paa. (Luka 6:38) Adɛn ntia? Efisɛ wɔdɔ nnipa; wɔmma nneɛma a wɔwɔ no ho nhia wɔn nsen nnipa. Afei nso, sɛ obi yɛ wɔn adɔe a, wɔkyerɛ ho anisɔ na wɔda no ase. (Kolosefo 3:15) Bisa wo ho sɛ, ‘Nnipa mmienu yi, wɔn mu hena na m’ani begye ho sɛ mɛfa no adamfo—obi a ɔyɛ pɛpɛe na ɔyɛ bonniayɛ anaa obi a ɔyɛ adɔe na ɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ?’ Nnipa pii bɛka sɛ, nea ɔyɛ adɔe no. Yɛreka akosi sɛn? Ɛne sɛ, sɛ obi a ɔyɛ adɔe na wopɛ sɛ wofa no adamfo a, ɛnde wo nso, ɛyɛ a yɛ nkurɔfo adɔe.—Mateo 7:12.