Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Dwen Wɔn Ho, Ɔwɔ Obu ne Nidi Ma Wɔn

Onyankopɔn Dwen Wɔn Ho, Ɔwɔ Obu ne Nidi Ma Wɔn

YESU wɔ asase so no, sɛnea ne soro Agya te no, saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛɛ n’ade. Ɔkae sɛ: “Memmɔ me tirim nyɛ biribiara; na sɛnea Agya no kyerɛɛ me no, ɛno ara na meka . . . Meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.” (Yohane 8:28, 29; Kolosefo 1:15) Enti sɛ yɛhwɛ sɛnea Yesu yɛɛ mmea ne nneyɛe a ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn no a, ɛma yehu sɛnea Onyankopɔn bu mmea ne sɛnea ɔpɛ sɛ nkurɔfo yɛ wɔn.

Animdefo pii hwɛ kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Nsɛmpa no mu a, wogye tom sɛ sɛnea na Yesu bu mmea no yɛ soronko koraa wɔ sɛnea na nkurɔfo bu mmea saa bere no. Ɔkwan bɛn so na ɛyɛ soronko? Asɛmmisa a ɛho hia paa ne sɛ, ɛnnɛ, Yesu nkyerɛkyerɛ betumi ama mmea anya ahotɔ anaa?

Sɛnea Yesu Yɛɛ Mmea

Yesu ammu mmea sɛ wɔbɔɔ wɔn sɛ mmarima mfa wɔn nnyigye wɔn ani kɛkɛ. Yudasom mpanyimfo pii adwenem de, sɛ ɔbarima ne ɔbea kasa a, nea ɛde bɛba ara ne akɔnnɔ bɔne. Esiane sɛ wosuro sɛ mmea bɛsɔ wɔn ahwɛ nti,  na wɔmma kwan mma mmea ne mmarima nkasa wɔ abɔnten, na na wɔmma kwan sɛ ɔbea bepue a ɔnkataa ne ti. Nanso Yesu de, otuu mmarima fo sɛ wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so na wɔmfa nidi mma mmea, wanka sɛ ɛnsɛ sɛ wɔne mmea bɔ.—Mateo 5:28.

Yesu san kae sɛ: “Obiara a obegyaa ne yere asan aware foforo no asɛe aware.” (Marko 10:11, 12) Enti ɔpoo rabifo nkyerɛkyerɛ a na ɛma kwan ma “asɛm biara nti ɔbarima gyaa ne yere” no. (Mateo 19:3, 9) Ná Yudafo dodow no ara nnye ntom sɛ ɔbarima fi ne yere akyi a, ɛyɛ awaresɛe a etia ne yere. Rabifo no kyerɛkyerɛe sɛ ɔbarima fi ne yere akyi a, ɔnsɛee aware; ɔbea mmom na ofi ne kunu akyi a, wasɛe aware. Bible ho nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Sɛnea Yesu de mmara biako pɛ too hɔ maa mmarima ne mmea no kyerɛ sɛ obuu mmea sɛ wɔfata obu ne nidi.”

Nea ne nkyerɛkyerɛ no de aba nnɛ: Yehowa Adansefo asafo mu no, mmea tumi ne mmarima bɔ wɔ asafo nhyiam ase. Nanso ɛnsɛ sɛ mmea suro sɛ anhwɛ a mmarima no binom bɛhwɛ wɔn nhwɛ bɔne anaa wɔbɛtetare wɔn efisɛ Kristofo mmarima bɔ mmɔden bu “mmea mpanyimfo sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nuabeanom, ahotew nyinaa mu.”1 Timoteo 5:2.

Yesu nyaa adagyew kyerɛkyerɛɛ mmea. Yesu anni rabifo adwene a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ mmea sua ade no akyi, na mmom ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn na ɔmaa wɔn kwan ma wɔkaa wɔn adwene. Sɛnea Yesu kyerɛkyerɛɛ Maria maa n’ani gyei no kyerɛ sɛ na ommu mmea sɛ wɔn de ara ne gyaade. (Luka 10:38-42) Maria nua Marta nyaa mfaso fii Yesu nkyerɛkyerɛ no mu efisɛ bere a ne nua Lasaro wui a Yesu bisaa no asɛm no, ɔmaa mmuae a ɛtɔ asom.—Yohane 11:21-27.

Yesu maa adwene a na mmea wɔ hiaa no. Saa bere no, na Yudafo mmea dodow no ara gye di sɛ ade a ɛbɛma obi ani agye paa ne sɛ ne babarima bɛyɛ onipa titiriw te sɛ odiyifo. Bere bi, ɔbea bi teɛɛm kae sɛ: “Anigye ne yafunu a enyinsɛn wo!” Yesu de hokwan no kyerɛɛ no biribi a ɛho hia kyɛn saa. (Luka 11:27, 28) Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbea no behu sɛ biribi wɔ hɔ a ebetumi aboa no sen mmea ho adwenkyea a wɔde ahyɛ nkurɔfo adwenem no, Yesu kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn asɛm a obetie no ho hia sen biribiara.—Yohane 8:32.

Nea ne nkyerɛkyerɛ no de aba nnɛ: Akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ Kristofo asafo mu no ma mmea kasa wɔ asafo nhyiam ase. Wobu mmea mpanyimfo sɛ wɔkyerɛ ankorankoro “ɔkyerɛ pa,” na wɔbɔ bra pa. (Tito 2:3) Afei nso esiane sɛ wɔwɔ mmea no mu awerɛhyem nti, wɔma wɔka Onyankopɔn Ahenni ho  asɛm wɔ baguam.—Dwom 68:11; hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 9 a wɔato din  “Ɔsomafo Paulo Baraa Mmea sɛ Wɔnnkasa Anaa?”

Yesu kyerɛe sɛ odwen mmea ho. Tete mmere a wɔrekyerɛw Bible no, na nkurɔfo pɛ mmarima awo sen mmea awo. Talmud no mu nsɛm bi foa saa adwene no so ka sɛ: “Anigye ne nea ɔwo mma mmarima, na nea ɔwɔ mma mmea de, onnue.” Awofo binom buu mmea sɛ wɔyɛ adesoa mpo efisɛ ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ kunu ma wɔn na wotua tiade, na sɛ awofo no nyin a, mmea no ntumi nhwɛ wɔn.

Yesu kyerɛe sɛ abeawa nkwa hia te sɛnea abarimaa de hia no. Sɛnea onyanee Nain okunafo no babarima no, saa ara na onyanee Yairo babea no. (Marko 5:35, 41, 42; Luka 7:11-15) Bere a ɔsaa ɔbea bi a ɔwɔ “mmerɛwyɛ honhom mfe dunwɔtwe” yare wiei no, ɔfrɛɛ no “Abraham babea.” Ná ɛnyɛ asɛm a wɔde di dwuma wɔ Yudafo nhoma mu. (Luka 13:10-16) Saa asɛm a ɛkyerɛ obu ne nidi yi a Yesu de dii dwuma no kyerɛ sɛ na obu ɔbea no sɛ ɔno nso ne ho hia na ɔwɔ gyidi kɛse.—Luka 19:9; Galatifo 3:7.

Nea ne nkyerɛkyerɛ no de aba nnɛ: Asiafo bɛ bi ka sɛ: “Wowo ɔbabea a, ɛte sɛnea woregugu obi afuw so.” Agyanom a wɔyɛ Kristofo a wɔdɔ wɔn mma no mfa saa adwene no nhyɛ wɔn tirim; mmom wɔhwɛ wɔn mma yiye, mmarima ne mmea nyinaa. Awofo a wɔyɛ Kristofo no hwɛ de wɔn mma nyinaa kɔ sukuu sɛnea ɛsɛ na wɔhwɛ ma wonya apɔwmuden.

Yesu dii Maria Magdalene ni, efisɛ ɔno na ɔmaa ɔkɔka kyerɛɛ asomafo no sɛ wanyan afi awufo mu

Yesu gyee mmea dii. Sɛ ɔbea kodi adanse wɔ Yudafo asɛnnibea a, na wobu n’adanse te sɛ akoa. Abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus a ɔtenaa ase asomafo no bere so no de afotu yi mae sɛ: “Mmea de, mma obiara nnnye wɔn adanse ntom efisɛ wonni anuonyam na biribiara mfa wɔn ho.”

Yesu de, wanni saa nsɛm no akyi, na mmom mmea na ɔma wodii ne wusɔre ho adanse. (Mateo 28:1, 8-10) Saa mmea anokwafo yi huu Awurade wu ne ne sie, nanso bere a wodii ne wusɔre ho adanse no, asomafo no annye anni. (Mateo 27:55, 56, 61; Luka 24:10, 11) Nanso mmea no a Kristo dii kan de ne ho kyerɛɛ wɔn ne wusɔre akyi no kyerɛ sɛ na obu mmea sɛ wɔn nso wɔfata sɛ wodi adanse te sɛ asuafo a wɔaka no.—Asomafo Nnwuma 1:8, 14.

Nea ne nkyerɛkyerɛ no de aba nnɛ: Mmarima a dwumadi hyehyɛ wɔn nsa wɔ Yehowa Adansefo asafo mu no tie nea mmea wɔ ka de  kyerɛ sɛ wodwen mmea ho. Okununom a wɔyɛ Kristofo nso yɛ aso tie wɔn yerenom de kyerɛ sɛ ‘wodi wɔn ni.’—1 Petro 3:7; Genesis 21:12.

Bible Nnyinasosɛm Boa Ma Mmea Ani Gye

Wɔn a wɔde Bible akwankyerɛ yɛ adwuma no de obu ne nidi ma mmea

Sɛ mmarima suasua Kristo a, ɛma mmea nya obu ne fahodi a Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ mmea benya no. (Genesis 1:27, 28) Okununom a wɔyɛ Kristofo no mmu wɔn yerenom animtiaa sɛnea mmarima bi yɛ no; mmom no, wɔde Bible mu ntease yɛ adwuma na ɛboa ma wɔn yerenom ani gye.—Efesofo 5:28, 29.

Bere a Yelena fii ase suaa Bible no, na ne kunu tan n’ani a obiara nnim. Baabi a ɔbarima no tenae no, na wɔtaa kyere mmea ware wɔn na wɔhwe wɔn di wɔn ani. Yelena ka sɛ: “Nea misua fii Bible mu no hyɛɛ me den. Mebɛtee ase sɛ obi wɔ hɔ a ɔdɔ me paa na mesom bo ma no, na odwen me ho kɛse. Mebɛtee ase nso sɛ, sɛ me kunu sua Bible no a, obegyae nea ɔde yɛ me no.” N’asɛm no baa mu bere a awiei koraa no ne kunu penee so suaa Bible bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo no. Yelena ka sɛ: “Ɔbɛyɛɛ obi a ɔwɔ abotare ne ahosodi a nkurɔfo hwɛ no sua no. Yesuae sɛ obiara de ne yɔnko bɔne bɛkyɛ no.” Owiee n’asɛm no dɛn? Ɔka sɛ: “Bible mu ntease aboa me paa ma mate nka sɛ me ho hia na manya ahotɔ wɔ m’aware mu.”—Kolosefo 3:13, 18, 19.

Ɛnyɛ Yelena nko na ɔwɔ saa suahu no. Kristofo mmea mpempem pii wɔ anigye mu efisɛ wɔne wɔn kununom nyinaa yere wɔn ho sɛ wɔde Bible mu ntease bɛyɛ adwuma wɔ wɔn aware mu. Wonya obu, awerɛkyekye ne ahotɔ wɔ wɔn nuanom Kristofo mu.—Yohane 13:34, 35.

Kristofo mmarima ne mmea nyinaa gye tom sɛ esiane sɛ yɛyɛ abɔnefo a yɛtɔ sin nti, yɛn nso yɛyɛ Onyankopɔn abɔde a wɔde yɛn “ahyɛ adehunu ase.” Nanso sɛ wɔbɛn wɔn Agya Yehowa Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no a, wɔwɔ anidaso sɛ wobenya “ahofadi afi ɔporɔw nkoasom mu” akɔ “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu.” Hwɛ anidaso papa bi a ɛda hɔ retwɛn mmarima ne mmea a Onyankopɔn dwen wɔn ho no!—Romafo 8:20, 21.