Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔama Nkurɔfo Ahu Onyankopɔn Din Wɔ Swahili Mu

Wɔama Nkurɔfo Ahu Onyankopɔn Din Wɔ Swahili Mu

Sɛ wɔbɔ edin “Swahili” a, nea ɛba nnipa pii tirim ne Afrika baabi a wuram mmoa nenam wɔ Serengeti sare so. Nanso nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi aka afa Swahili ne wɔn a wɔka saa kasa no ho.

SWAHILI yɛ kasa a nnipa a wɔka no dodow nenam ɔpepem 100 wɔ Afrika apuei fam aman bɛyɛ 12 so. * Ɛno ne kasa titiriw a wɔka wɔ aman pii so te sɛ Kenya, Tanzania, ne Uganda. Na aman a ɛbemmɛn hɔ nso, ɛno ne kasa a nnipa dodow no ara ka; ɛno ma firamanfiramanfo pii tumi di gua na wodi nkitaho ntɛm.

Swahili ka ho bi paa na ɛnnɛ nnipa a wɔwɔ Afrika apuei fam ayɛ biako no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ yɛfa Tanzania nkutoo a, wɔka kasa horow bɛyɛ 114 ne akyi. Fa no sɛ wufi wo fie twa bɛyɛ kilomita 40 kosi 80 biara a, wokɔto nnipa a wɔka kasa foforo a wonte koraa! Kasa no bi wɔ hɔ mpo a, nnipa kakraa bi a wɔtete nkurow nketenkete mu na wɔka. Ɛba saa a, wobɛyɛ dɛn atumi ne wɔn abɔ nkɔmmɔ? Ɛno na nti eye sɛ kasa biako bi wɔ hɔ a wɔn nyinaa te no.

Swahili Kasa Ho Abakɔsɛm

Wɔkyerɛ sɛ bɛboro mfe 1,000 ni a nkurɔfo fii ase kaa Swahili kasa no, na wofii ase kyerɛwee no, mfe 500 ne akyi ni. Wɔn a wosua Swahili no, ɛnkyɛ koraa na wɔahu sɛ Swahili nsɛmfua no bi fi Arabic mu. Nokwasɛm a ɛwom ne sɛ, wofa Swahili  nsɛmfua anum a, emu biako fi Arabic kasa mu, na anan a aka no nso, bɛyɛ abiɛsa fi Afrikafo kasa afoforo mu. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ mfe pii a atwam no, Arabic nkyerɛwde na na wɔde kyerɛw Swahili.

Ɛnnɛ, wɔde Roman nkyerɛwde na ɛkyerɛw Swahili. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa? Adɛn nti na wɔsesaa no? Sɛ yebenya ho mmuae a, gye sɛ yɛkɔ yɛn akyi bɛyɛ mfe 200 bere a Europe asɛmpatrɛwfo a wodi kan no baa Afrika apuei fam no. Ná wɔn botae ne sɛ wɔbɛka Bible mu asɛm akyerɛ ɛhɔfo no.

Onyankopɔn Asɛm Duu Afrika Apuei Fam

Afe 1499 mu a Vasco da Gama kɔɔ n’aporɔw a agye din wɔ Afrika anafo fam pɛɛ no, Portugualfo asɛmpatrɛwfo de Katoleksom kɔɔ Afrika apuei fam kotim Zanzibar. Nanso edii bɛyɛ mfe 200 no, ɛhɔfo a wɔne Portugualfo asɛmpatrɛwfo no nyɛ adwene pamoo wɔn, na wotuu “Kristosom” ase fii hɔ.

Edii mfe 150 ansa na Onyankopɔn Asɛm resan akɔ Afrika apuei fam bio. Saa bere no de, ɔsɛmpatrɛwfo Johann Ludwig Krapf a ɔyɛ Germanni na ɔde kɔ hɔ. Bere a okoduu Mombasa, Kenya afe 1844 no, ɔsom a na nnipa dodow no ara wom wɔ Afrika apuei fam mpoano hɔ ne Nkramosom, na wɔn a na wonni mpoano no nso, na wodi wɔn nananom som ne abosonsom akyi. Ná Krapf adwene ne sɛ ɛsɛ sɛ obiara nya Bible.

Krapf ansɛe bere koraa na ofii ase suaa Swahili kasa no. Bere a okoduu hɔ June 1844 mu no, ankyɛ koraa na ofii ase de too ne ho so sɛ ɔbɛkyerɛ Bible ase akɔ Swahili kasa mu. Nanso awerɛhosɛm kɛse a ɛtoo no ne sɛ, ɔsram a edi hɔ no ara na ne yere a na waware no mfe abien pɛ wui, na nnafua kakraa bi akyi no, ne babea kumaa nso de too so. Asɛm no maa ne werɛ howee de, nanso ɔtoaa so kyerɛɛ Bible no ase, efisɛ obuu no sɛ adwuma a ɛho hia paa. Afe 1847 mu no, ɔkyerɛɛ Genesis ti biako kosi abiɛsa ase wiei, na ɛno ne ade a wodii kan tintimii wɔ Swahili kasa mu.

Genesis 1:1-3 a Johann Krapf kyerɛɛ ase kɔɔ Swahili mu wɔ 1847 mu

Krapf na odii kan de Roman nkyerɛwde kyerɛw Swahili kasa no, na wamfa Arabic nkyerɛwde no anyɛ adwuma. Nea enti a wamfa Arabic nkyerɛwde anyɛ adwuma no, ɔkyerɛɛ mu sɛ “Arabic nkyerɛwde bɛyɛ den ama Europefo” a wobesua kasa no akyiri yi no, na “Roman nkyerɛwde no bɛma ayɛ mmerɛw ama ‘ɛhɔfo nso atumi asua Europefo kasa.’” Ebinom de Arabic nkyerɛwee no yɛɛ adwuma kyɛe; wɔde Arabic nkyerɛwde kyerɛw Bible no fã bi mpo. Nanso Roman nkyerɛwde no ama ayɛ mmerɛw ama nnipa pii sɛ wobesua Swahili kasa. Emu da hɔ fann  sɛ asɛmpatrɛwfo ne wɔn a wosua Swahili ani agye paa sɛ wɔyɛɛ saa nsakrae no.

Krapf ne onipa a odii kan kyerɛɛ Onyankopɔn Asɛm ase kɔɔ Swahili kasa mu, na ɔsan bɔɔ kwan maa nsɛm asekyerɛfo foforo nso. Ɔno na odii kan yɛɛ Swahili kasa mmara nhoma ne nsɛm asekyerɛ nhoma.

Onyankopɔn Din Wɔ Swahili Mu

Mateo ti 1 fã bi a ɛwɔ Swahili ne Arabik nkyerɛwee mu; wɔyɛɛ no 1891

Genesis ti biako kosi abiɛsa a odii kan yɛe no mu no, ɔkyerɛɛ Onyankopɔn din no ase sɛ “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn.” Nanso bɛboro mfe 100 ni na nnipa foforo bi baa Afrika apuei fam a wɔbɛkyerɛɛ Bible no nyinaa ase kɔɔ Swahili kasa mu. Wɔn mu bi ne: Johann Rebmann, William Taylor, Harry Binns, Edward Steere, Francis Hodgson, ne Arthur Madan.

Ade titiriw a ɛwɔ nkyerɛase a wɔyɛe no ho ne Onyankopɔn din a wɔde yɛɛ adwuma no; ɛnyɛ baabi kakraa bi na wɔde yɛɛ adwuma na mmom Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu! Wɔn a wɔkyerɛɛ ase wɔ Zanzibar no, wɔkyerɛɛ Onyankopɔn din no ase sɛ “Yahuwa,” na wɔn a wɔkyerɛɛ ase wɔ Mombasa no, wɔkyerɛɛ din no ase “Jehova.”

Eduu afe 1895 no, na wɔakyerɛ Bible no nyinaa ase kɔ Swahili mu. Mfe bi akyi no, wɔkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ kasa ahorow pii mu, nanso ebi wɔ hɔ a, ɛnyɛ nnipa pii na wɔn nsa kaa bi. Bɛyɛ mfe 100 ni no, nnipa pii kaa wɔn ti boom yɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya Swahili biako a wɔbɛkyerɛw wɔ Afrika apuei fam baabiara. Eyi ma wɔyɛɛ Swahili Union Version Bible no afe 1952 mu, na ɛno na abɛyɛ Bible a nnipa pii nsa aka bi. Wɔkyerɛɛ Onyankopɔn din no ase sɛ “Yehova,” na ɛno na wɔn a wɔka Swahili kasa no pii de yɛ adwuma.

Nkyekyɛm yi ma wuhu Onyankopɔn din Yehowa no wɔ Swahili Union Version Bible no mu

Awerɛhosɛm ne sɛ, bere a wogyaee Bible a wodii kan yɛe no tintim no, Onyankopɔn din no so katae. Bible foforo a ɛbae no bi wɔ hɔ a, wɔayiyi din no afi mu koraa, na ebi nso wɔ hɔ a, wɔagyaw edin no kakra wom. Sɛ yɛfa Union Version Bible no sɛ nhwɛso a, yebehu sɛ Onyankopɔn din no pue wom mpɛn 15 pɛ, na bere a wɔyɛɛ mu nsakrae afe 2006 no, ɛkaa edin no 11 pɛ. *

Bible a wodii kan yɛe a wɔkyerɛɛ Onyankopɔn din no ase “Yahuwa” ne “Jehova”

Wɔayi Onyankopɔn din dodow no ara afi saa Bible yi mu, nanso yehu biribi wɔ Bible no ho a yebetumi ahyɛ no nsow. Sɛ wubue Bible no mu a, nkratafa a edi kan wɔ anim hɔ no, wɔakyerɛkyerɛ mu pefee wɔ hɔ sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. Ɛno aboa nnipa a wɔpɛ sɛ wosua nokware no ma wɔahu yɛn soro Agya no din wɔ wɔn ankasa Bible mu.

Nanso asɛm no nsii. Afe 1996 no, woyii Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase no adi wɔ Swahili mu. Eyi ne Bible a edi kan wɔ Swahili kasa mu a wɔasan  de Yehowa din no ahyɛ baabi a ɛhyɛ. Epue mpɛn 237 fi Mateo kosi Adiyisɛm. Ankosi hɔ ara. Afe 2003 mu no, woyii Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no nyinaa adi (Genesis kosi Adiyisɛm) wɔ Swahili kasa mu. Ebesi nnɛ no, yebetumi aka sɛ Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔatintim wɔ Swahili kasa mu no bɛyɛ 900,000.

Saa Bible yi mu de, wɔmfaa abodin biara nkataa Onyankopɔn din no so nkaa ho asɛm kakraa bi wɔ nnianim nsɛm mu. Wɔde Yehowa din ayɛ adwuma bɛboro mpɛn 7,000 wɔ Swahili Wiase Foforo Nkyerɛase no mu, enti bere biara a nnipa a wɔwɔ koma pa bepue ebi so no, ɛka wɔn bɛn Yehowa.

Wɔabɔ mmɔden de Swahili a wɔka no nnɛ a ne kan nyɛ den akyerɛw Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no, na obiara a ɔkenkan Swahili wɔ Afrika apuei fam betumi anya bi akenkan. Sɛ eyi da nkyɛn a, mfomso a abewurawura Bible nkyerɛase afoforo mu no, wɔayiyi afi Wiase Foforo Nkyerɛase no mu. Ɛno nti, sɛ obi kenkan Wiase Foforo Nkyerɛase no a, onya ahotoso sɛ nea ɔrekenkan no yɛ “nsɛmpa a ɛyɛ nokware,” na efi Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn hɔ.—Ɔsɛnkafo 12:10.

Nnipa pii ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan “Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase” Bible a ɛwɔ Swahili kasa mu no

Nnipa pii akyerɛ sɛ wɔn ani gye Swahili Wiase Foforo Nkyerɛase no ho. Vicent adi mfe 21; ɔyɛ Yehowa Dansefo bere nyinaa somfo, na ɔka sɛ: “Bere a mihui sɛ wɔde Swahili a nekan nyɛ den na ayɛ Wiase Foforo Nkyerɛase, na wɔde Yehowa din asan ahyɛ baabi a nkurɔfo ayi afi no, m’ani gyei paa.” Ɔbea bi a ɔwɔ mma baasa a ne din de Frieda te nka sɛ, Bible nkyerɛase yi ama otumi kyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible mu nokware yiye.

Bere a wofii ase kyerɛɛ Onyankopɔn Asɛm ase kɔɔ Swahili kasa mu no, na ɛyɛ ade ketewaa bi, nanso akɔ so ara bɛboro mfe 150. Yesu kae sɛ, ‘Wada n’Agya din adi akyerɛ.’ (Yohane 17:6) Seesei Yehowa Adansefo 76,000 a wɔwɔ Afrika apuei ne mfinimfini fam a wɔka Swahilli no ani agye sɛ wɔde Wiase Foforo Nkyerɛase no rekyerɛ nkurɔfo Yehowa din.

^ nky. 3 Ɛsono Swahili a wɔka wɔ saa aman yi biara so no kakra.

^ nky. 18 Baabi a wobehu Onyankopɔn din wɔ Union Version Bible no mu ne Genesis 22:14; Exodus 6:2-8 (epue mprenu); 17:15 (wɔakyerɛ ase Yahweh); Atemmufo 6:24; Dwom 68:20; 83:18; Yesaia 12:2; 26:4; 49:14; ne Yeremia 16:21.