Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Tete no, ɔkwan bɛn na na wɔfa so de nkrataa mena?

Persia bɔfo a wɔasoma no

Ná Persia aban wɔ Ɔman nhyehyɛe a wɔnam so de ɔman nkrataa mena. Sɛnea na saa nhyehyɛe no yɛ adwuma wɔ Persia no, Bible nhoma a wɔfrɛ no Ester no ka ho asɛm sɛ, Mordekai de “Ɔhene Ahasweros din kyerɛwee de ɔhene pɛtea sɔɔ ano, na wɔde krataa no somaa abɔfo a wɔtete ɔhene apɔnkɔ so, apɔnkɔbere a wɔn ho yɛ hare mma so.” (Ester 8:10) Roma Ahemman no nso, na wɔwɔ nhyehyɛe bi saa a wɔde nkrataa soma aban mpanyimfo ne asraafo.

Nkrataa a ɔmanfo ankorankoro kyerɛwee te sɛ nea ɔsomafo Paulo ne afoforo kyerɛwee no de, wɔanyɛ no saa. Saa bere no, sɛ obi wɔ sika a, na otumi de krataa soma n’akoa. Nanso na nnipa dodow no ara de wɔn nkrataa ma amannifo anaa akwantufo a wonnim wɔn nanso wɔn kwan da baabi a krataa no rekɔ no. Saa bere no, nnipa a na wotumi de nkrataa si wɔn so ma wɔde kɔ no bi ne abusuafo, nnamfo, asraafo, ne aguadifo. Nanso ade biako a na ehia nkurɔfo ne sɛ wobehu sɛ nea wɔrema no nkra no yɛ obi a wobetumi agye no adi sɛ obetumi de nkra no akɔ dwoodwoo. Bible ma yehu sɛ anyɛ yiye koraa no Paulo de ne nkrataa no bi faa ne nuanom Kristofo a wɔn ani kyerɛ baabi a krataa no rekɔ no so.—Efesofo 6:21, 22; Kolosefo 4:7.

Ɔkwan bɛn na tete Israelfo faa so dii gua?

Nnuaba guaso mfonini a ɛwɔ ɔbodan ho

Nea na ɛde sika ba ɔman no mu titiriw ne kuayɛ, mmoayɛn, ne nsesagua. Bible ka sɛ na aguadi kɔ so wɔ apon ano; apon no bi ne “Nguanten Pon,” “Mpataa Pon” ne “Anwemfo Pon.” (Nehemia 3:1, 3; Yeremia 19:2) Saa din ahorow yi ma yehu nneɛma a na wɔtɔn wɔ mpɔtam biara. Bible san ka Yerusalem “paanootofo borɔn” ne nneɛma a na wɔtɔn wɔ hɔ ho asɛm.—Yeremia 37:21.

Na nneɛma bo nso te dɛn? Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ: “Efi tete nyinaa, na nneɛma bo toto sisi, na ɛyɛ den sɛ yebetumi ahu sɛnea saa bere no na wɔtɔn nneɛma pɔtee bi.” Nanso tete nhoma ahorow bi ne Bible no ma yehu sɛ saa bere no mpo na nneɛma bo nnyina faako. Yɛmfa sɛnea na wɔtɔ nkoa tete no nyɛ nhwɛso. Wɔtɔɔ Yosef nnwetɛbona 20, na ebetumi aba sɛ ɛno ara ne sika a na wɔde tɔ nkoa saa bere no. (Genesis 37:28) Mfe ahasa akyi no, na ɛbo no yɛ nnwetɛbona 30. (Exodus 21:32) Bɛyɛ mfe 1,000 akyi no, na ɛbo no adu nnwetɛbona 50. (2 Ahene 15:20) Eduu Persiafo bere so bɛyɛ mfe 1,500 akyi no, na nkoa bo yɛ nnwetɛbona 90 anaa nea ɛboro saa. Eyi da no adi sɛ nneɛma bo a ɛkɔ soro no atena hɔ fi tete.