Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 SUASUA WƆN GYIDI

Wɔkoraa Ɔne “Nnipa Baason So”

Wɔkoraa Ɔne “Nnipa Baason So”

FA W’ADWENE bu sɛ osu retɔ denneennen na Noa ne n’abusua aboa wɔn ho ano faako ahaahaa wɔn ani tete adaka no mu. Wo de, hwɛ sɛ wɔasɔ kanea, na yɛreka yi nso, ebia na kanea no ano nyɛ den, enti obi nhu ne yɔnko anim yiye. Nsu no nso retɔ denneennen ma wɔnte hwee.

Sɛ Noa hwɛ ne yere ne ne mma mmerante baasa no ne wɔn yerenom a wɔwɔ adaka no mu no a, na anisɔ ahyɛ ne koma ma. Saa bere no na asɛnkɛse paa a ebi mmae da asi wiase. Nanso Noa de, na ne ho nnipa nyinaa wɔ ne nkyɛn; obiara ho anka, na ɛbɛyɛ sɛ ɛno kyekyee ne werɛ. Yebetumi aka sɛ odii n’abusua no anim bɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase. Ebia ɔbɔɔ mpae no denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a dede no nyinaa akyi no, obiara bɛte ne nka.

Ná Noa yɛ ɔbarima a ɔwɔ gyidi kɛse. Noa gyidi na ɛmaa ne Nyankopɔn, Yehowa bɔɔ ɔne n’abusua ho ban. (Hebrifo 11:7) Nanso bere a nsu no fii ase tɔe no, na enhia sɛ wonya gyidi bio anaa? Afei koraa na na wohia gyidi kɛse, efisɛ nea na ɛda wɔn anim na ɛso. Ɛnnɛ nso nneɛma ayɛ basaa, enti yɛn nso yehia gyidi kɛse. Ɛnde, momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi Noa gyidi no mu.

“ADADUANAN, AWIA NE ANADWO”

Nsu no tɔɔ “adaduanan, awia ne anadwo.” (Genesis 7:4, 11, 12) Nsu no yirii, yirii, yirii, na Noa hui sɛ ne Nyankopɔn, Yehowa reyɛ adwuma abien; ná ɔrebɔ atreneefo ho ban na na ɔretwe abɔnefo nso aso.

Atuatew a na asi abɔfo mu no, Nsuyiri no maa ɛto twae. Satan pɛsɛmenkominya nti, ɔdaadaa abɔfo no pii ma wogyaw wɔn “ankasa tenabea a ɛsɛ” wɔ soro no bɛwarewaree mmea ne wɔn wowoo mma; ná wɔfrɛ abɔfo mma no Nefilim. (Yuda 6; Genesis 6:4) Nneɛma a Yehowa bɔe wɔ asase so, nyinaa nnipa na wodi mu akoten, na bere a abɔfo no tew atua no, ɛmaa nnipa bra sɛee koraa, enti ɛbɛyɛ sɛ Satan ani gyei paa.

Nanso, bere a nsu no fii ase yirii no, ɛmaa abɔfo atuatewfo no yii wɔn honam nipadua no guu hɔ san foro kɔɔ honhom atenae, na na wɔrentumi nsan mfa honam nipadua bio. Wogyaw wɔn yerenom ne wɔn mma hɔ, na nsuyiri no kunkum wɔn nyinaa kaa nnipa a na wɔwɔ hɔ saa bere no ho.

Efi Henok bere so tɔnn, bɛyɛ mfe ahanson ansa na Nsuyiri no reba na Yehowa bɔɔ nnipa kɔkɔ sɛ ɔbɛsɛe nnipabɔnefo a wɔnsom Onyankopɔn no. (Genesis 5:24; Yuda 14, 15) Efi saa bere no, nnipa bra sɛe ara na na ɛresɛe; wɔde nsɛmmɔnedi hyɛɛ asase so ma, na na wɔresɛe asase. Afei asɛm too wɔn; wɔsɛee wɔn nyinaa. Wohwɛ a, Noa ne n’abusua ani gyei sɛ wokunkum saa nnipa no nyinaa anaa?

Dabi! Ná Onyankopɔn nso ani nnye ho. (Hesekiel 33:11) Yehowa bɔɔ mmɔden biara sɛ obegye nnipa pii nkwa. Ɔmaa Henok bɔɔ wɔn kɔkɔ, na ɔmaa Noa nso yɛɛ adaka. Mfe dodow a Noa ne n’abusua de yɛɛ adaka no nyinaa no, na nkurɔfo ani tua adwuma no. Eyi nyinaa akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ “trenee sɛnkafo.” (2 Petro 2:5) Sɛnea Henok dii kan yɛe no, Noa nso de atemmu a na ɛreba wiase no ho kɔkɔbɔ mae. Dɛn na nkurɔfo no yɛe? Yesu de, saa bere no na ɔwɔ soro, enti ohuu nea ɛkɔɔ so no nyinaa. Ɔkaa nnipa  a wɔtenaa ase Noa bere so no ho asɛm sɛ: “Wɔanhu kosii sɛ nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe.”Mateo 24:39.

Bere a Noa ne n’abusua kɔɔ adaka no mu no, Yehowa too mu; adaduanan a edi kan a osubran no hwiee waawaa no, hwɛ sɛnea na Noa ne n’abusua bɛte nka. Nanso, ɛnyɛ dɛn ara a, na ɛbɛkokwaw wɔn ama wɔanya nneɛma bi ayɛ daa. Ebetumi aba sɛ obiara yɛɛ biribi boaa ne yɔnko, na adaka no a abɛyɛ wɔn fie no nso, wosiesiee mu, na afei wɔhwɛɛ mmoa no nso. Nanso biribi sii prɛko pɛ; nea wohui ara ne sɛ adaka no ama ne ho so wɔ nsu no so. Adaka no dii akɔneaba wɔ nsu no ani; nsu no reyiri nyinaa na ɛno nso rekɔ soro, na ɛkɔe araa “ma ɛtɛn nsu no ani.” (Genesis 7:17) Ade nyinaa so Tumfoɔ Yehowa Nyankopɔn kyerɛe sɛ ɔyɛ tumi wura ampa!

Yɛahu sɛ Yehowa gyee Noa ne n’abusua, na ne mmɔborɔhunu nti ɔnam wɔn so bɔɔ nnipa a wɔankɔ adaka no mu kɔkɔ, na yebetumi aka sɛ Noa ani sɔɔ saa nneɛma no paa. Bere a wɔreyere wɔn ho ayɛ adwuma no nyinaa, na ayɛ sɛ nea adwuma a wɔreyɛ no yɛ ɔbrɛgu. Ná nkurɔfo no asõ yɛ den papa! Ansa na Nsuyiri no reba no, ɛnyɛ dɛn ara a, na Noa wɔ nuanom ne wɔfaasefo, nanso ne yere ne ne mma nko ara na wotiee no. (Genesis 5:30) Bere a akra baawɔtwe no wɔ adaka no mu retwɛn wɔn nkwagye no, ɛbɛyɛ sɛ wɔkaakaee sɛnea wɔbɔɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛboa wɔn abusuafo ama wɔanya nkwa no, na ɛmaa wɔn awerɛkyekye.

Sɛnea na Yehowa te wɔ Noa bere so no, saa ara na ɔte; ɔnsesae. (Malaki 3:6) Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ bere a yɛte mu yi te sɛ “Noa nna no.” (Mateo 24:37) Yɛn bere yi mu nso, biribi reba. Nsɛm akɛse besisi ara akosi sɛ wiase a aporɔw yi bɛsɛe. Ɛnnɛ nso, Onyankopɔn nkurɔfo rebɔ nnipa nyinaa kɔkɔ. Wubetie kɔkɔbɔ no? Sɛ woaso nkwagye asɛm no mu dedaw a, wo nso wobɛka nokware no ho asɛm akyerɛ afoforo anaa? Yɛn nyinaa betumi asuasua Noa ne n’abusua.

‘WƆFAA NSU NO MU DWOODWOO’

Bere a adaka no nenam nsu no ani no, ɛbɛyɛ sɛ nnipa a wɔwɔ adaka no mu no tee sɛ nnua akɛse rebubu penpen na ɛreka twi ho tweetwee.  Noa hwɛ sɛnea nsu no rebu fa so no a, wohwɛ a na obesuro anaa? Anaasɛ ɔhwɛ adaka no a, ɛbɛba n’adwenem sɛ anhwɛ a na antumi nsu no anaa? Dabi. Ɛnnɛ nnipa a biribiara wogye ho akyinnye no bi a, anka ebetumi aba wɔn adwenem saa, nanso Noa de, na ɔwɔ gyidi. Bible ka Noa ho asɛm sɛ: “Gyidi nti . . . ɔyɛɛ adaka.” (Hebrifo 11:7) Dɛn mu gyidi na na ɔwɔ? Ná Yehowa ne Noa ayɛ apam sɛ sɛ Nsuyiri no ba a, obegye ɔne ne fiefo nyinaa nkwa. (Genesis 6:18, 19) Nea ɔbɔɔ amansan yi, asase ne abɔde a ɛwom nyinaa no, wohwɛ a na ɔrentumi mma adaka no nkodu dwoodwoo anaa? Ná obetumi ayɛ aboro so! Enti Noa de ne werɛ nyinaa hyɛɛ Yehowa mu sɛ obedi ne bɔhyɛ so, na ne nsa nso ansi fam. Ampa-ne-ampa ara ɔne n’abusua “faa nsu no mu” dwoodwoo.1 Petro 3:20.

Nsu no tɔɔ adaduanan awia ne anadwo, na afei egyaee tɔ. Ɛnnɛ kalenda na yɛde rehwɛ a, anka yɛbɛka sɛ asɛm no sii bɛyɛ December 2370 A.Y.B. Nanso na adaka no mu abrabɔ mmaa awiei. Efisɛ na nsu ayiri afa baabiara, na na akata mmepɔw nyinaa so. Enti, na biribiara nni baabiara; adaka a nnipa ne mmoa ahyɛ mu ma yi nko ara na na ɛtɛn nsu no ani. (Genesis 7:19, 20) Yebetumi de yɛn adwene abu sɛ Noa ne ne mmabarimanom Sem, Ham ne Yafet kyɛɛ mmarima adwuma no yɛe. Ɛbɛyɛ sɛ wɔn na wɔhwɛ maa mmoa no aduan, na wɔhwɛe sɛ mmoa no ho bɛtew na yare biara ansi wɔn mu. Onyankopɔn na ɔmaa nkekaboa yi nyinaa yɛɛ dinn maa Noa tumi de kɔɔ adaka no mu, enti na obetumi ahwɛ ama wɔatena adaka no mu komm kosi sɛ Nsuyiri no betwam. *

Sɛnea ɛte biara, Noa kyerɛw nneɛma a ɛkɔɔ so no nyinaa too hɔ. Ɛkyerɛ yɛn bere a nsu no fii ase tɔe ne bere a egyaee. Ɛsan ma yehu sɛ nsu no yirii wɔ asase no so nnafua 150. Ɛno akyi no, nsu no fii ase twee. Da koro bi de, adaka no “kosii Ararat mmepɔw so” bɔkɔɔ. Baabi a na Ararat mmepɔw no wɔ no, ɛnnɛ yɛfrɛ hɔ Turkey. Asɛm yi sii bɛyɛ April 2369 A.Y.B., na nnafua 73 akyi wɔ June mu hɔ baabi no, mmepɔw fii ase puepuei. Abosome abiɛsa akyi wɔ September mu no, Noa yiyii nnua a na wɔde abɔ adaka no so no bi. Ná ɛbɛyɛ adwumaden, nanso na mfaso bɛwɔ so efisɛ ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa owia ne mframa pa pii baa adaka no mu. Noa dii kan yɛɛ biribi de hwɛe sɛ asase no so ayɛ kama, na nnipa ne mmoa tena so a ɛbɛyɛ yiye anaa. Ɔsomaa kwaakwaadabi, na aboa no dii akɔneaba kakra; ɛbɛyɛ sɛ ɔkɔ ba biara a, na wabesi adaka no so. Afei Noa somaa aborɔnoma, na ɔno nso dii akɔneaba kakra san baa ne nkyɛn, nanso akyiri yi okonyaa baabi tenae.—Genesis 7:24–8:13.

Bere a nneɛma nkɔ yiye mpo no, yebetumi aka sɛ Noa boaa n’abusua ma wɔsom Onyankopɔn

Adaka no mu mpo, ɛbɛyɛ sɛ ade a na ɛho hia Noa paa ne sɛ ɔbɛsom ne Nyankopɔn. Ebetumi aba sɛ na ɔtaa ne n’abusua hyia bɔ mpae, na na wɔka wɔn Agya a ɔwɔ soro a ɔhwɛ ne nkurɔfo so no ho asɛm. Ansa na Noa bɛyɛ biribi kɛse biara no, na ɔtwɛn Yehowa. Bere a Noa tenaa adaka no mu bɛyɛ afe no, ohui sɛ afei de asase no so “awo wosee,” nanso ɔno ara amfa ne pɛ ammue adaka no amma nnipa ne mmoa no amfi mu. (Genesis 8:14) Mmom ɔtwɛn tiee nea Yehowa bɛka!

Nneɛma pii wɔ hɔ a mmusua ti betumi asua afi ɔbarima nokwafo yi hɔ. Ná ɔyɛ obi a ɔtoto ne biribiara pɛpɛɛpɛ, obi a ɔpɛ adwuma, ɔwɔ abotare, na ɔhwɛ ne fiefo yiye. Nanso, ade a ehia paa wɔ ne ho ne sɛ, na ɔde Yehowa Nyankopɔn apɛde di kan wɔ ne biribiara mu. Nneɛma a Noa yɛe yi kyerɛ sɛ na ɔwɔ gyidi, na sɛ yesuasua no a, ɛbɛma wɔn a wɔbɛn yɛn nyinaa anya nhyira.

“FI ADAKA NO MU”

Afei de, Yehowa kasae. Ɔka kyerɛɛ Noa sɛ: “Fi adaka no mu, wo ne wo yere ne wo mma ne wɔn yerenom a wɔka wo ho no.” Abusua no tiei; wopue fii adaka no mu, na mmoa no nyinaa dii wɔn akyi. Ɔkwan bɛn na wɔfaa so puei? Wohwɛ a, wogyee bum fii adaka no mu anaa? Ɛnyɛ saa koraa! Bible ka sɛ: ‘Wofii adaka no mu puei sɛnea wɔn nyinaa su te.’ (Genesis 8:15-19) Bere a Noa ne n’abusua pue fii adaka no mu a wogyina Ararat mmepɔw so na wɔrehome mframa pa no, wohui sɛ asase so atew kama. Nefilimfo oo, nsɛmmɔnedi oo, abɔfo asoɔdenfo oo, na wɔayera ama nneɛma bɔne nyinaa  afi wiase! * Afei de, na adesamma rebɛhyɛ bra ase bio.

Ná Noa nim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Onyankopɔn som na ɔde fii ase. Osii afɔremuka bɔɔ ɔhyew afɔre maa Yehowa; mmoa a Onyankopɔn se wɔn ho tew a ɔde “ason ason” kɔɔ adaka no mu no, ɛno bi na ɔde bɔɔ afɔre no. (Genesis 7:2; 8:20) Afɔre a ɔbɔe no, Yehowa ani sɔe anaa?

Mmuae a Bible de ma no ka koma paa. Ɛka sɛ: “Yehowa tee afɔre no hua.” Bere a adesamma de abɔnefosɛm hyɛɛ wiase ma no, Onyankopɔn dii yaw wɔ ne komam. Nanso afei de, ɔhwɛɛ asase so no, ohuu abusua bi a wɔde nokwaredi resom no, na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde, ɛno nti anigye hyɛɛ ne koma ma. Eyi nkyerɛ sɛ Yehowa buu wɔn sɛ bɔne nni wɔn ho. Bible san ka wɔ saa nkyekyɛm no ara mu sɛ: “Onipa komam nsusuwii yɛ bɔne fi ne mmofraase.” (Genesis 8:21) Momma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa san nyaa abotare na ohuu adesamma mmɔbɔ.

Ná Onyankopɔn adome asase, na afei de, oyii nnome no. Bere a Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden no, saa bere no na Onyankopɔn domee asase, na ɛmaa ɛso adwumayɛ yɛɛ den. Lamek na ɔwoe a ɔtoo ne ba no din Noa, na ɛbɛyɛ sɛ ase kyerɛ “Ɔhome” anaa “Awerɛkyekye”; ɔka too hɔ sɛ ne ba no begye adesamma afi saa nnome no mu. Enti bere a Noa behui sɛ saa nkɔmhyɛ no rebɛba mu ama afei nnipa dua ade wɔ asase so a ɛbɛyɛ yiye no, ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei paa. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ bere tiaa bi akyi no, Noa bɛyɛɛ okuafo!Genesis 3:17, 18; 5:28, 29; 9:20.

Noa ne n’abusua pue fii adaka no mu no, na asase no so atew kama

Saa bere no ara nso, Yehowa maa Noa asefo nyinaa mmara kakra a ɛbɛkyerɛ wɔn kwan; ɔkae sɛ ɛnsɛ sɛ wodi awu, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye wɔ mogya ho. Afei nso Onyankopɔn ne nnipa yɛɛ apam, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔremfa nsuyiri nsɛe asase so abɔde nyinaa bio. Yehowa yɛɛ biribi kyerɛe sɛ nea waka no bɛyɛ hɔ. Ɔmaa nnipa huu adebɔ mu ade bi a ɛyɛ fɛ paa; ɛno ne nyankontɔn. Ebesi nnɛ nyinaa, sɛ yehu nyankontɔn a, ɛma yɛkae sɛ Yehowa ahyɛ bɔ bi.Genesis 9:1-17.

Sɛ Noa asɛm no yɛ anansesɛm a, anka asɛm no bɛba awiei wɔ nyankontɔn no so. Nanso na Noa nyɛ anansesɛm mu nipa, na ɔfaa nneɛma pii mu wɔ n’asetena mu. Saa bere no na nnipa nyin kyɛ, enti ɔbarima nokwafo Noa tenaa ase mfe 350 kaa ho, na ɔfaa ɔhaw pii mu. Bere bi odii mfomso kɛse bi; ɔnom nsã bowee, nanso ne banana Kanaan yɛɛ nea ɛkyɛn saa koraa de sɛee asɛm no, na ɛkɔfaa ɔhaw kɛse baa Kanaan abusuafo so. Noa tenaa ase koduu Nimrod bere so, na ohui sɛ n’asefo afi ase de wɔn ho rehyɛ bɔne bi te sɛ abosonsom ne amumɔyɛsɛm mu. Nanso ɛnyɛ bɔne nko ara na Noa hui; ne ba Sem ne n’abusua som Onyankopɔn yiye.Genesis 9:21-28; 10:8-11; 11:1-11.

Ɛdan sɛ bo koraa a, ɛsɛ sɛ yɛde gyidi bɔ yɛn bra sɛnea Noa yɛe no. Nnipa a wɔbɛn yɛn no, sɛ nokware Nyankopɔn ho nhia wɔn anaa wogyae no som mpo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Noa na yegyina pintinn. Wɔn a wɔde gyidi gyina pintinn no, Yehowa ani sɔ wɔn paa. Sɛnea Yesu Kristo kae no, “nea obegyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.”Mateo 24:13.

^ nky. 17 Mmoa bi tumi da faako ɔsram biako ne akyiri a wonnidi nyɛ hwee, na ebinom kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ saa na Onyankopɔn maa mmoa no yɛe wɔ adaka no mu, enti na wonhia aduan pii. Sɛ ɔyɛɛ wɔn saa oo, sɛ wanyɛ wɔn saa oo, nea yenim ara ne sɛ odii ne bɔhyɛ so gyee nnipa ne mmoa a na wɔwɔ adaka no mu nyinaa nkwa.

^ nky. 22 Nsuyiri no popaa Eden Turo no ne ɛho biribiara fii hɔ. Eyi kyerɛ sɛ kerubim no adwuma baa awiei, enti wɔsan kɔɔ soro; ná wɔawɛn Eden Turo no kwan ano mfe 1600.Genesis 3:22-24.