Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | YEHIA ONYANKOPƆN WƆ YƐN ABRABƆ MU ANAA?

Adɛn Nti na Yehia Onyankopɔn?

Adɛn Nti na Yehia Onyankopɔn?

Adwene ho animdefo kyerɛ sɛ, sɛ yɛn ani begye paa a, ɛnyɛ honam mu nneɛma nko ara na yehia. Yehu sɛ asɛm a wɔaka no yɛ nokware, efisɛ bere nyinaa nnipa pɛ sɛ wɔde botae bi si wɔn ani so anaasɛ wɔsom obi anaa biribi a ɛkorɔn sen wɔn. Nnipa bi wɔ hɔ a, nea ɛbɛma wɔate nka sɛ wɔadu saa botae no ho nti, nea wɔde dwudwo wɔn ho ne abɔde mu nneɛma, adwini, nnwom ne nneɛma a ɛtete saa. Nanso nnipa dodow no ara nnya anigye a edi mu biara mfi saa nneɛma no mu.

Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa nya anigye nnɛ ne daa

Wɔn a wɔkenkan Bible de, ɛnyɛ wɔn nwonwa sɛ nyamesom wɔ nnipa mu. Genesis nhoma no mu nsɛm a edi kan no kyerɛ sɛ, bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa baanu no, na ɔtaa ne wɔn kasa, na ɛno maa wotumi ne Onyankopɔn nyaa ayɔnkofa. (Genesis 3:8-10) Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ wɔntew wɔn ho mfi ne ho; wohia wɔn Bɔfo no, na Bible mpo taa ka saa.

Ɛho nhwɛso biako ne asɛm bi a Yesu kae. Ɔkae sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.” (Mateo 5:3) Yɛhwɛ Yesu asɛm yi a, yebetumi aka sɛ, sɛ yebenya anigye ne akomatɔyam a, ade biako a ɛho ho hia paa ne sɛ yebehu yɛn honhom mu ahiade na yɛadi ho dwuma. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Yesu asɛm a edi so yi ma yehu. Ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.” (Mateo 4:4) Onyankopɔn anom asɛm, kyerɛ sɛ, Onyankopɔn adwene ne n’akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu no, dɛn na ɛwɔ ho a ebetumi ama yɛn ani agye na yɛn koma atɔ yɛn yam? Momma yɛnhwɛ emu abiɛsa.

Yehia Akwankyerɛ Pa

Ɛnnɛ, afotufo adɔɔso wɔ wiase; biribiara, wɔwɔ ho afotu. Nnipa ne nnipa ntam, ɔdɔ, abusuasɛm, anigye, ɔkwan a yɛfa so siesie asɛm—wɔwɔ ne nyinaa ho afotu. Nea enti a yɛbaa wiase mpo, wɔpɛ sɛ wɔka ho biribi. Nanso sɛ ɛba saa nsɛm yi mu a, yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn akyi no, hena bio na obetumi de afotu a edi mu ama nnipa?

Bible yɛ akwankyerɛ nhoma a ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ abrabɔ mu

Mfatoho bi ni: Wɔn a wɔyɛ nneɛma bi te sɛ kamera anaa kɔmputa taa yɛ akwankyerɛ nhoma  ka ho de kyerɛ sɛnea ɛyɛ adwuma. Enti sɛ obi tɔ bi na ɔpɛ sɛ ohu mu yiye a, gye sɛ ɔkenkan akwankyerɛ nhoma no. Bible te sɛ saa akwankyerɛ nhoma no. Onyankopɔn na ɔbɔɔ nnipa, enti yebetumi aka sɛ ɔde Bible ama yɛn sɛ ɛnkyerɛ yɛn kwan wɔ abrabɔ mu. Saa akwankyerɛ nhoma yi, wɔde ama yɛn sɛ ɛnkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛfa so a, ebesi yɛn yiye paa.

Sɛnea akwankyerɛ nhoma papa tumi de akwankyerɛ a edi mu ma no, Bible nso boa wɔn a wɔkenkan no ma wohu nneɛma a wɔyɛ a ebetumi asɛe wɔn abrabɔ. Nkurɔfo betumi ama yɛn afotu bi a, sɛ yɛanhwɛ no yiye a ɛbɛyɛ yɛn sɛ nyansa wom, nanso wunnye nni sɛ yɛde yɛn Bɔfo no akwankyerɛ yɛ adwuma a, ɛno mmom na nneɛma betumi akɔ yiye na yɛakwati ɔhaw pii?

“Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo, nea ogya wo fa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no so. O sɛ wubetie me mmara nsɛm a, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—Yesaia 48:17, 18

Yɛkɔ Bible mu a, yenya akwankyerɛ ne mmoa a yehia

Ɛwom, Yehowa Nyankopɔn ma yɛn afotu ne akwankyerɛ, nanso ɔnhyɛ yɛn sɛ kyinkyin ara a yɛmfa nyɛ adwuma. Mmom no, ɔyɛ Ɔyamyefo, na ɔka asɛmdɛ yi kyerɛ yɛn sɛ: “Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo, nea ogya wo fa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no so. O sɛ wubetie me mmara nsɛm a, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.” (Yesaia 48:17, 18) Nea ɛwom ara ne sɛ, sɛ yetie Onyankopɔn akwankyerɛ a, yɛn bra besi yiye. Nea saa asɛm no kyerɛ ne sɛ, sɛ yɛn bra besi yiye ama yɛn ani agye a, yehia Onyankopɔn.

Yehia Nneɛma a Ɛkyere Yɛn Adwene no Mu Ntease

Nnipa bi wɔ hɔ a, wɔte nka sɛ wonhia Onyankopɔn efisɛ nneɛma bi a ɛrekɔ so wɔ wiase no, wonhu nea enti a ɔdɔ Nyankopɔn bɛhwɛ a ɔnyɛ ho hwee. Enti ebinom tumi bisa sɛ: ‘Adɛn nti na nnipa pa hu amane?’ ‘Adɛn nti na mmofra bi wɔ hɔ a wɔbɛwo wɔn no, na wɔadi dɛm?’ ‘Adɛn na ebinom ho tɔ wɔn na ebinom nso hu amane?’ Saa nsɛm no haw adwene paa, na sɛ yetumi te ase a, ebetumi ama yɛahu sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra. Ɔhaw a yɛreka ho asɛm yi, enni sɛ yɛpere yɛn ho ka sɛ efi Onyankopɔn; mmom no, ma yɛnhwɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm Bible kyerɛkyerɛ asɛm no mu.

Yɛkenkan Genesis ti abiɛsa a, yehu sɛ na Satan pɛ sɛ ɔdaadaa nnipa baanu a wodi kan no ma wobu Yehowa Nyankopɔn mmara so kodi papa ne bɔne ho nimdeɛ aduaba no bi, enti ɔnam ɔwɔ so kasae. Satan ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu. Na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no mo ani bebue na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.”Genesis 2:16, 17; 3:4, 5.

Nsɛm a Satan kekae no, nea na ɔrepɛ akyerɛ ara ne sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtorofo na afei nso sɛnea odi tumi no nyɛ papa. Ɔbonsam nsɛm a ɔkekae no kyerɛ sɛ, sɛ nnipa tie no a, nneɛma bɛkɔ yiye ama wɔn. Ná Onyankopɔn bɛyɛ dɛn adi saa nsɛm no ho dwuma? Nea ɛbɛyɛ ama obiara ahu asɛm no mu nokware no, Yehowa ama bere pii  abegu mu na ama obiara ahu nea ɛbɛkɔ akowie. Enti Onyankopɔn ama Satan ne n’akyitaafo no bere sɛ wɔmfa nkyerɛ sɛ ɛyɛ ampa sɛ nnipa betumi adi wɔn ara wɔn ho so a wonhia Onyankopɔn anaa.

Nsɛm a Satan kekae no, wohwɛ a ɛte sɛn? Nnipa betumi asian Onyankopɔn ho atena wiase ama ayɛ yiye? Ateeteesɛm pii akɔ so mfe bebree—amanehunu, atɛnkyea, ɔyare, owu, nsɛmmɔnedi, brabɔne, akokoakoko, akunkumakunkum—ne nyinaa kyerɛ sɛ, nnipa asian Onyankopɔn ho abɔ pɔw ama wɔn nsa asi fam yayaayaw. Bible nka sɛ Onyankopɔn na ɔma nnipa hu amane; ɛma yehu ade pɔtee a akɔfa amanehunu abɛto nnipa so. Ɛka sɛ: “Onipa di onipa so ma ewie no bɔne.”Ɔsɛnkafo 8:9.

Wohwɛ nea yɛaka yi a, wunhu sɛ nsɛm a ɛkyere adwene no, Onyankopɔn nko ara na obetumi ama yɛate ase na wadi ho dwuma ama yɛn? Dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ?

Yehia Onyankopɔn Mmoa

Nnipa mpɛ sɛ wɔyare, na wɔmpɛ sɛ wɔbɔ nkwakoraa ne mmerewa anaa wowu. Enti wɔsɛe sika ne bere pii de hwehwɛ ano aduru, nanso enkosi hwee. Ebinom nonom nnuru anaa nsu bi anaasɛ wɔhyɛ da tu kɔtena baabi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so anya apɔwmuden. Nanso ɛmfa mfaso biara mmrɛ wɔn.

Onyankopɔn pɛ sɛ yɛn bra si yiye na yɛn ani gye. Ɛno ne adwene a ɔde bɔɔ nnipa, na ne werɛ mfii. (Genesis 1:27, 28; Yesaia 45:18) Yehowa Nyankopɔn ama yɛn awerɛhyem sɛ nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biara no, ɛdan sɛ bo koraa a, ɛbɛba mu. (Yesaia 55:10, 11) Nnipa baanu a wodi kan no maa Paradise asetena fii wɔn nsa, na Bible se Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsan de aba. Bible nhoma a etwa to no ka sɛ: “[Yehowa Nyankopɔn bɛpopa] wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:4) Saa nneɛma pa yi, ɔkwan bɛn na Onyankopɔn bɛfa so de aba? Saa bɔhyɛ no ba a, mfaso bɛn na yebenya afi mu?

Onyankopɔn Ba Yesu Kristo kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae mma Onyankopɔn apɛde nyɛ hɔ. Nnipa bebree nim mpae no mu nsɛm, na wɔtaa bɔ; ebinom frɛ no Awurade Mpaebɔ. Emu nsɛm ni: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Enti Onyankopɔn Ahenni no na Yehowa Nyankopɔn nam so beyi amanehunu a nnipa nniso de aba no nyinaa afi hɔ, na ɔde trenee wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no aba. * (Daniel 2:44; 2 Petro 3:13) Sɛ yebenya Onyankopɔn bɔhyɛ no so mfaso a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

 Yesu Kristo kyerɛɛ yɛn ade pɔtee bi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɔkae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.” (Yohane 17:3) Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn adaworoma, yebetumi anya daa nkwa wɔ wiase foforo a ɔde ahyɛ yɛn bɔ no mu. Ebia saa bɔhyɛ no bɛma woahu sɛ yehia Onyankopɔn ampa.

Ɛnnɛ na Ɛsɛ sɛ Yɛhwehwɛ Onyankopɔn

Mfe 2,000 ni no, ɔsomafo Paulo kasa kyerɛɛ Atenefo nyansapɛfo no wɔ Areopago anaa Mars Hill, Atene. Ɔkaa Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome ne nneɛma nyinaa. Na ɛnam no so na yɛwɔ nkwa na yɛkeka yɛn ho na yɛwɔ hɔ, na mo mu anwensɛm akyerɛwfo bi mpo aka sɛ, ‘Yɛn nso yɛyɛ ne mma.’”Asomafo Nnwuma 17:25, 28.

Asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Atenefo no ntwaa mu. Mframa a yɛhome, aduan a yedi, nsu a yɛnom—ne nyinaa fi Onyankopɔn a ɔbɔɔ yɛn no hɔ. Sɛ ɛnyɛ nneɛma a Yehowa de ama yɛn no a, anka yɛnte nkwa mu. Ɛnde adɛn nti na Onyankopɔn akɔ so ama nnipa nyinaa saa asetenade yi a wɔn a wɔmfa no nyɛ hwee mpo, ebi aso wɔn so? Paulo kae sɛ ɛno na ɛbɛma “wɔapɛ Onyankopɔn akyi kwan, ahwehwɛ no denneennen kosi sɛ wobehu no, nanso nokwasɛm ne sɛ ɔne yɛn mu biara ntam nware.”Asomafo Nnwuma 17:27.

Wobɛpɛ sɛ wuhu Onyankopɔn yiye? Wobɛpɛ sɛ wusua ne ho ade pii na wuhu ne tirimbɔ ne n’afotu a ɛbɛma yɛn bra asi yiye nnɛ ne daa? Sɛ saa a, ɛnde ka ho asɛm kyerɛ nea ɔde nhoma yi brɛɛ wo no anaa wo ne wɔn a wotintimii no nni nkitaho. Wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo.

^ nky. 20 Sɛnea Ahenni no bɛma Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so no, wopɛ sɛ wuhu ɛho nsɛm pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 8. Yehowa Adansefo na wotintimii. Wubetumi nso atwe bi afi Intanɛt so wɔ www.mt711.com.