Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Sɛ M’atipɛnfo Piapia Me Sɛ Me Ne Obi Nna a, Mɛyɛ Dɛn Ahyɛ Me Ho So?

Sɛ M’atipɛnfo Piapia Me Sɛ Me Ne Obi Nna a, Mɛyɛ Dɛn Ahyɛ Me Ho So?

 “Bere a na mekɔ sukuu no, sɛ obi ka sɛ ɔne obi ada a, na obiara nya adwene sɛ ɛsɛ sɛ ɔno nso yɛ bi. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, obiara mpɛ sɛ ɔtɔ mu.”—Elaine, 21.

 Biribi apiapia wo pɛn sɛ wo ne obi nna esiane sɛ ɛyɛ wo sɛ obiara reyɛ bi nti anaa?

 Obi a wodɔ no apiapia wo sɛ wo ne no nna pɛn anaa?

 Sɛ saa a, saa asɛm yi bɛboa wo ama woatumi asi gyinae pa. Sɛ ebia afoforo na wɔrepiapia wo oo anaa w’ankasa akɔnnɔ na ɛregyigye wo oo, wubetumi ahyɛ wo ho so.

 Nea nkurɔfo aka ne ɛho nokwasɛm

 NEA NKURƆFO KA: Me nko ara na me ne obi nnae da. Obiara reyɛ bi.

 NOKWASƐM: Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe mu no, wohui sɛ nnipa a wɔadi mfe 18 no, mmiɛnsa biara mu mmienu na wɔkae sɛ wɔne obi ada pɛn. Wei kyerɛ sɛ, wɔn a wɔne obiara nnae pɛn no, wɔdɔɔso paa. Wuyi wɔn mu ɔha biara a, bɛboro 30 na wɔnyɛɛ saa. Enti ɛnyɛ wo nko ara na wo ne obi nnae.

 NEA NKURƆFO KA: Sɛ yɛda a, ɛbɛma me ne wo dɔ no mu ayɛ den.

 NOKWASƐM: Ɛwom sɛ ebia aberante bi na ɔbɛka asɛm a ɛte saa de apiapia ababaa bi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛpene so ama ɔne no ada. Nanso ɛnyɛ nokware sɛ ɛbɛma wɔn dɔ mu ayɛ den. Mpɛn pii no, sɛ aberante bi nya ne ababaa bi da wie a na ɔne atwam. Ɛba saa a, etumi ma abaabaa no bo fuw paa, efisɛ na ɛyɛ no sɛ aberante no dɔ no anaa anyɛ yiye koraa no ɔpɛ no. a

 NEA NKURƆFO KA: Bible ka sɛ ɛyɛ bɔne sɛ ɔbarima ne ɔbea bɛda.

 NOKWASƐM: Bible ka ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛmpa, nanso ɛka sɛ ɔbarima ne ɔbea a wɔaware nko ara na wobetumi ada.—Genesis 1:28; 1 Korintofo 7:3.

 NEA NKURƆFO KA: Sɛ mede Bible mu asɛm yɛ adwuma a, ɛbɛma m’abrabɔ ayɛ basaa.

 NOKWASƐM: Sɛ wotwɛn, na woware ansa na wo ne wo hokafo ada a, worenhyia ɔhaw a wɔn a wɔne nkurɔfo da ansa na wɔaware no hyia no bi, na ɛbɛma w’ani agye paa. Efisɛ wɔn a wɔne nkurɔfo da ansa na wɔaware no adwinnwen bɛtɔ wɔn so, wonu wɔn ho, na ehu ka wɔn.

 Nea yɛreka akosi: Sɛ wo ne obi anna, na motwɛn kosi sɛ mobɛware a, ɛremfa ɔhaw biara mmɛto obi so. Nanso sɛ wo ne obi da ansa na woaware a, ɛno na ɔhaw wom.

 Sɛnea wubetumi ahyɛ wo ho so bere a biribi repiapia wo sɛ wo ne obi nna

  •   Nea wunim sɛ ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne no, mma obiara nnsɛe w’adwene wɔ ho. Bible ka sɛ nnipa a wɔanyin no, “wɔde wɔn adwene yɛ adwuma ma enti wɔatete no ama etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.” (Hebrifo 5:14) Wonim nea wogye di, enti ɛyɛ den sɛ obi bepiapia wɔn ama wɔayɛ bɔne.

     “Meyere me ho paa sɛ mɛyɛ nea ɛteɛ na manya din pa, enti menyɛ nneɛma bi a ɛbɛma manya dimmɔne.”—Alicia, 16.

     Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Din bɛn na wopɛ sɛ wunya? Mfaso wɔ so sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ obi ani na woahwere din pa a ɛte saa?

  •   Dwinnwen nea ebefi mu aba no ho. Bible ka sɛ: “Nea onipa dua no, ɛno ara na otwa.” (Galatians 6:7) Sɛ woma obi piapia wo ma wo ne no da a, wode hwɛ nea ebetumi ato wo ne saa nnipa no daakye. b

     “Sɛ nnipa mmienu a wɔnwaree da a, mpɛn pii no, wɔn ahonim tumi bu wɔn fɔ, wonu wɔn ho, na wotumi nya adwene mpo sɛ wɔnnɔ wɔn. Weinom da nkyɛn a, nyinsɛn a wɔmpɛ betumi afi mu aba, anaa wobetumi anya nna mu nsanyare.”—Sienna, 16.

     Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Nhoma bi a wɔato din Sex Smart bisa sɛ: “Sɛ wo nnamfonom piapia wo sɛ yɛ nneɛma bi a ebetumi asɛe w’abrabɔ a, nnipa a ɛte saa na ɛsɛ sɛ wo ne wɔn bɔ na wutie wɔn afotu anaa?”

  •   Nya adwene a ɛfata. Ɔbarima ne ɔbea nna nyɛ adebɔne. Nokwasɛm ne sɛ, Bible ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ awarefo betumi de agye wɔn ani.—Mmebusɛm 5:18, 19.

     “Nneɛma pa a Onyankopɔn bɔe no, ɔbarima ne ɔbea nna ka ho. Onyankopɔn pɛ sɛ yɛde gye yɛn ani, nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ aware mu nkutoo.”—Jeremy, 17.

     Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Sɛ ɛba sɛ da bi woware a, wubetumi ne wo kunu anaa wo yere ada. Wubetumi ayɛ saa a ɔhaw ahorow a yɛadi kan aka ho asɛm no mu biara mmata ho.

a Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na aberante bi na opiapia ababaa bi. Mpɛn pii no, mmabaa bi nso piapia mmerante bi ma wɔne wɔn da.

b Nea ebetumi afi mu aba no bi ne nyinsɛn a wɔmpɛ, na sɛ nnipa mmienu no mu baako da so ara yɛ abofra a, ebetumi ama wɔakyere baako sɛ wato abofra mmonnaa.