Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Minnyae Sukuu Anaa?

Minnyae Sukuu Anaa?

 “Mempɛ sukuu koraa!” Sɛ saa na wote nka a, anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ gyae sukuu. Yɛrebɛhwɛ nneɛma bi a woyɛ a ɛbɛboa wo kɛse.

 Nea enti a ebinom gyae sukuu

 Tikyafo ne sukuu mpanyimfo kyerɛ sɛ, nneɛma a edidi so yi na ɛtaa ma nkurɔfo gyae sukuu:

  •   Adesua yɛ wɔn den dodo. ‘Mekyerɛw sɔhwɛ biara a, ɛnkɔ yiye.’

  •   Sukuu nni wɔn mu. ‘Nea meresua wɔ sukuu no, minhu mfaso biara a ɛwɔ so.’

  •   Sikasɛm. ‘Ɛsɛ sɛ meyɛ adwuma pɛ sika de boa m’abusua.’

 Dwen nsunsuanso a ɛde bɛba

 Bible ka sɛ: “Onitefo hwɛ n’anammɔn yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Dɛn na yesua fi asɛm yi mu? Sɛ ɛyɛ wo sɛ gyae sukuu a, di kan dwen nsunsuanso a ɛde bɛba.

 Bisa wo ho sɛ:

  •   ‘Migyae sukuu a, daakye menya adwuma ayɛ?’

     “Ma ɛntena w’adwene mu sɛ daakye ebehia sɛ woyɛ adwuma hwɛ w’abusua. Nanso wobɛyɛ dɛn ayɛ saa wɔ bere a nnwuma pii mu no, sɛ wɔbɛfa wo a, gye sɛ anyɛ hwee koraa woawie ntoaso sukuu?”—Julia.

  •   ‘Migyae sukuu a, daakye sɛ ɔhaw foforo ba a, metumi agyina?’

     “Sukuu siesie wo ma wo daakye abrabɔ. Daakye, nnipa a wubehyia wɔn oo, sɔhwɛ a ɛbɛto wo oo, adwuma a wobɛyɛ oo, ne nyinaa bɛyɛ te sɛ bere a wowɔ sukuu no ara.”—Daniel.

  •   ‘Migyae sukuu a, nneɛma a ɛsɛ sɛ mihu yɛ ansa na manyin no, mɛyɛ dɛn ahu?’

     “Nea wusua wɔ sukuu no, ebia worenhu mfaso a ɛwɔ so seesei. Nanso sɛ wudi mfe 23 na woresese wo sika a, wobɛka sɛ, ‘Ɛyɛ me dɛ sɛ meyeree me ho suaa “maths.”’”—Anna.

 Ɔkwan pa a wubetumi afa so

  •   Hwehwɛ mmoa. Bible ka sɛ: “Agyinatufo dodow mu na nkwagye wɔ.” (Mmebusɛm 11:14) Sɛ ba ara na woreba fam wɔ sukuu a, kohu w’awofo, tikyani bi, sukuu fotufo, anaa ɔpanyin bi a wugye no di na ɔmmoa wo mma wunhu nea woyɛ a ɛbɛma woakɔ w’anim.

     “Adesua no, sɛ wunhu so a, wo ne wo tikya nka ho asɛm. Ɛtɔ da a ɛbɛyɛ wo sɛ ɔhaw no fi wo tikya, nanso sɛ wubisa ne mmoa a, ebetumi ama nneɛma ayɛ yiye.”—Edward.

  •   Hwɛ mfaso a ɛde bɛbrɛ wo daakye. Bible ka sɛ: “Asɛm awiei ye sen ne mfiase.” (Ɔsɛnkafo 7:8) Sɛ wuwie sukuu a, wubehu sɛ sukuu aboa wo ama woanya nimdeɛ ne ntetee a wubehia wɔ w’abrabɔ mu daakye.

     “Sɛ wunyin a, ebia worenkyerɛw ‘essay’ bio, na worensua ade nso nkɔkyerɛw nsɔhwɛ biara. Nanso ɔhaw a wuhyia wɔ sukuu mu no, sɛ wutumi di so a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wubedi ɔhaw a wubehyia so daakye.”—Vera.

    Sɛ wugyae sukuu a, ɛbɛyɛ te sɛ nea woresi afi hyɛmma a ennya nnyinae mu; anhwɛ a wubenu wo ho sɛ woantena mu!

  •   Hwɛ sɛ biribi foforo wɔ hɔ a wubetumi ayɛ anaa. Bible ka sɛ: “Obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.” (Mmebusɛm 21:5) Mpere wo ho nka sɛ sukuu no ara na ɛsɛ sɛ wugyae. Wopɛ a, wubetumi atoa adesua no so wɔ intanɛt so anaa woama obi abɛkyerɛ wo ade wɔ fie.

     “Sukuu ma wusua sɛ wobɛyɛ adwumaden, wubedi ɔhaw a wuhyia ho dwuma, na wo ne afoforo abom ayɛ ade. Mfaso a ɛwɔ so no kɔ akyiri. Sɛ wumia w’ani wie sukuu a, wommrɛ ngui koraa.”—Benjamin.

 Nea yɛreka akosi: Yere wo ho wie sukuu, na wubenya ntetee a wunyin a ɛbɛboa wo.