Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Ɔbea Ne Barima Nantew—Ɔfã 1: Masõ Sɛ Me Ne Ɔbea Anaa Barima Bɛnantew?

Ɔbea Ne Barima Nantew—Ɔfã 1: Masõ Sɛ Me Ne Ɔbea Anaa Barima Bɛnantew?

 Yɛka sɛ ɔbea ne barima bi renantew a, ɛkyerɛ sɛn?

 Ebinom wɔ adwene sɛ, nipa de, wowɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wunya obi a wo ne no bɛhyehyɛ hɔ anaa obi a wo ne no bɛnantew, efisɛ ɔdɔ de, ɛyɛ dɛ. Nanso ɛha yi, sɛ yɛka sɛ ɔbea ne barima renantew a, nea ɛkyerɛ ne sɛ obiara rebɔ mmɔden sɛ obehu ne yɔnko yiye, na wɔahwɛ sɛ wɔfata wɔn ho a wɔbetumi aware a. Enti ɔbea ne barima nantew de, ɛnyɛ biribi a yɛyɛ no kɛkɛ. Ɛnyɛ sɛ wotee medaase aberaw ara na woama wo koraa so. Ɛnyɛ sɛ woatwe ama obi na ɔno nso atwe ama wo nti na woafi ase ne no renantew.

 Sɛ ɔbea ne barima nantew du baabi a, ɛsɛ sɛ wɔsi gyinae; ɛne sɛ wɔbɛware anaa wɔbɛtwa mu. Sɛ wufi ase ne obi nantew a, ma ɛntena wo tirim sɛ, biribiara betumi asi; ebetumi akowie aware mu; ebetumi nso aba sɛ mobɛtetew mu.

 Nea yɛreka akosi: Sɛ wugye di sɛ woaso sɛ wo ne ɔbea anaa barima nantew a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, wugye di sɛ woaso aware.

Sɛ wo ne obi renantew na sɛ ɛnyɛ w’adwene ne sɛ wobeware no a, ɛte sɛ obi a wakɔ kɔmpene bi mu sɛ ɔrekɔpɛ adwuma, nso ɔnyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ adwuma

 Woaso sɛ wo ne obi bɛnantew?

 Sɛ wufi ase ne obi nantew a, ɛkyerɛ sɛ daakye bi, mubetumi aware. Enti ɛsɛ sɛ wubisa wo ho sɛ, Me suban te sɛn? Sɛnea me suban te yi, yɛde ware? Ɛbɛma m’aware asɔ? Wo de, hwɛ nea edidi so yi:

  •   Sɛnea wo ne w’abusuafo te. Wo ne w’awofo ne wo nuanom te kama anaa? Sɛ nneɛma hyɛ wo so a, wunya abotare? Sɛnea wo ne w’abusuafo te no, ebetumi akyerɛ sɛnea wo ne wo kunu anaa wo yere bɛtena daakye.

     Bible mu afotusɛm: “Munyi eyinom nyinaa mfi mo mu: ɔtan biara, abufuw, koko bɔne, nkekawmu, abususɛm, ne biribiara a enye.”—Efesofo 4:31.

     Bisa wo ho sɛ: ‘M’awofo ne me nuanom hu me sɛn? Wɔhu sɛ mibu wɔn? Sɛ mente-me-ho-ase bi sɔre wɔ yɛn mu a, mitumi ma me koma ba fam ne wɔn kasa bɔkɔɔ, anaa mede abufuw keka me bo so asɛm kyerɛ wɔn?’

    Sɛ mente-me-ho-ase ba wo ne w’awofo ntam na wuntumi ne wɔn nka no bɔkɔɔ a, wohwɛ a, sɛ nsɛmnsɛm ba wo ne wo yere anaa wo kunu ntam daakye a, wubetumi ne no aka no bɔkɔɔ anaa?

  •   Fa nea wopɛ to nkyɛn. Aware de, ɛbɛsɔ a, gye sɛ wotaa de nea wopɛ to nkyɛn, na woyɛ nea wo kunu anaa wo yere pɛ ma no.

     Bible mu afotusɛm: “Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ɔno nko ara, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko nso de bi.”—1 Korintofo 10:24.

     Bisa wo ho sɛ: ‘Meyɛ tintintininti? Nkurɔfo hu me sɛ meyɛ obi a mete asɛm ase? Ɛyɛ a mede nea mepɛ to nkyɛn yɛ nea afoforo pɛ ma wɔn anaa? Da bɛn na meyɛɛ saa?’

  •   Ahobrɛase. Okunu pa anaa ɔyere pa de, mepaakyɛw ka nyɛ no den. Sɛ odi mfomso a, ogye tom, na oyi ne yam pa kyɛw.

     Bible mu afotusɛm: “Yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii.”—Yakobo 3:2.

     Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ meyɛ biribi na amfa kwan mu a, migye tom ntɛm, anaa mede nsɛm yiyi me ho ano? Sɛ obi tu me fo a, mitie? Anaa me de, yɛnka m’asɛm? Wobɔ m’asɛm so a, na me koko apae?’

  •   Sikasɛm. Ade baako a ɛtaa kɔfa wontwiwontwi ba aware mu ne sikasɛm. Enti wuhu sɛnea wobɛtoto wo sikasɛm yiye a, ɛremma sika nsɛe wo ne wo kunu anaa wo yere ntam.

     Bible mu afotusɛm: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi abantenten a onni kan ntena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ nea ɔde bewie?”—Luka 14:28.

     Bisa wo ho sɛ: ‘Meyɛ atotɔatotɔ? Da biara na nkurɔfo redan me ka? Anaa mitumi toto me sikasɛm yiye? Dɛn ne dɛn na mayɛ a ɛkyerɛ sɛ minni sika basabasa?’

  •   Wo ne Onyankopɔn ntam. Sɛ woyɛ Yehowa Danseni a, ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ wusua Bible daa, na Kristofo nhyiam nso, wontoto mu.

     Bible mu afotusɛm: “Anigye ne wɔn a wohu sɛ wohia Onyankopɔn akwankyerɛ.”—Mateo 5:3.

     Bisa wo ho sɛ: ‘Nneɛma a ɛsɛ sɛ meyɛ de som Onyankopɔn no, ɛyɛ a meyere me ho yɛ, anaa gye sɛ obi ka me so ansa? Onyankopɔn som ho hia me sen biribi foforo biara? Anaa mema nneɛma foforo yi m’adwene fi Onyankopɔn som so?’

 Nea yɛreka akosi: Nipa a ɔbɛware wo no, ɛsɛ sɛ ohu sɛ wanware wo annu ne ho. Sɛ worebɔ wo ho mmɔden sɛ wubenya suban pa na woatumi ayɛ okunu pa anaa ɔyere pa a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wubehyia obi a ɔno nso reyɛ saa ara.