Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Sɛ M’ani Nka a, Menyɛ Dɛn?

Sɛ M’ani Nka a, Menyɛ Dɛn?

 Ebinom wɔ hɔ a, biribiara nyɛ wɔn yaw sɛ osu retɔ awia na aka wɔn ahyɛ dan mu a wɔnyɛ hwee anaa wontumi nkɔ baabiara. Aberante bi a ne din de Robert ka sɛ, “Ɛba saa a, na minhu nea menyɛ me ho.”

 Woate nka saa pɛn? Sɛ saa a, asɛm yi betumi aboa wo.

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu

  •   Sɛ wode fon, kɔmputa, anaa nneɛma a ɛtete saa gyigye w’ani a, ebia ɛremmoa.

     Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ kyinkyin intanɛt so fa gyigye w’ani, nanso ɛremma womfa w’adwene nyɛ adwuma yiye, na ɛbɛma ankonamyɛ no ayɛ kɛse. Jeremy a wadi mfe 21 ka sɛ, “Ɛba saa a, wobɛhwɛ na w’ani si wo fon anaa kɔmputa so saa ara, nanso na w’adwene da baabi.”

     Ababaa bi a ne din de Elena gye tom sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Ɔka sɛ, “Fon ne kɔmputa rentumi mmoa wo ahe biara, efisɛ eyi w’adwene fi sɛnea wiase no te ankasa so. Enti sɛ wugyaa saa nneɛma no gu hɔ a, afei na ankonamyɛ no ayɛ kɛse.”

  •   Wunya adwempa a, ɛbɛboa wo pa ara.

     Adwuma pii a wobɛyɛ kɛkɛ no betumi ama w’ani aka anaa? Sɛ́ w’ani gye nea woreyɛ no ho anaa w’ani nnye ho no, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ w’ani bɛka anaa w’ani renka. Wo de, hwɛ nea ababaa bi a yɛfrɛ no Karen kae. Ose: “Sɛ mekɔ sukuu a na meyɛ nneɛma pii, nanso na sukuu nyɛ me dɛ. Ɛsɛ sɛ wode wo ho hyɛ nea woreyɛ no mu sɛnea ɛbɛyɛ a w’ani renhaw.”

 Wunim Biribi? “Wunni hwee yɛ a,” hwee nsɛee, mmom ɛyɛ akwannya kɛse a wubetumi de ayɛ nneɛma pii a ɛbɛma w’ani aka.

Sɛnea wudua ade wɔ asase pa so a efifi kama no, saa ara na sɛ yɛwɔ bere a, yebetumi de yɛn adwene ayɛ nneɛma a mfaso wɔ so

 Nea wubetumi ayɛ

 Yɛ nneɛma afoforo. Hwehwɛ nnamfo foforo ka nea wowɔ dedaw no ho. Nneɛma a wotaa de gyigye w’ani no, hwehwɛ bi ka ho. Yɛ nneɛma foforo ho nhwehwɛmu. Sɛ obi wɔ nneɛma pii a n’ani gye ho a otumi yɛ a, ɛbɛyɛ den sɛ ɔbɛte nka sɛ n’ani nka bere a obiara nni ne nkyɛn. Saa ara nso na ɔwɔ nkurɔfo mu a, ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛte nka sɛ ne ho nyɛ anika.

 Bible mu asɛm: “Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ.”​—Ɔsɛnkafo 9:10.

 “Nnansa yi ara, mafi ase resua Mandarin Chinese kasa, na esiane sɛ da biara mebobɔ so kakra nti, ama mahu sɛ sɛɛ misuaa ade saa akyɛ. Ɛyɛ a, m’ani gye ho sɛ mɛyɛ biribi. Ɛma mihu sɛ mede m’adwene reyɛ adwuma yiye, na ɛboa me ma mitumi de me bere nso di dwuma yiye.”​—Melinda.

 Fa w’adwene si wo botae so. Sɛ wuhu mfaso a ɛwɔ nea woreyɛ no so a, ɛbɛma wode anigye ayɛ. Sukuu dwumadi ahorow mpo, sɛ wuhu mfaso a ɛwɔ so a, ɛremma w’ani nhaw sɛ wobɛyɛ.

 Bible mu asɛm: “Onipa wɔ hɔ yi, biribi pa bi nni hɔ mma no sɛ . . . ne kra ahu adepa, ne brɛ mu.”​—Ɔsɛnkafo 2:24.

 “Merebewie sukuu no, na ɛsɛ sɛ misua ade nnɔnhwerew nwɔtwe da biara, efisɛ na maka akyi. Nanso na ɛnyɛ anihaw, efisɛ mede m’adwene nyinaa sii so. Mede m’adwene sii nea na ebefi mu aba no so. Ɛne sɛ na wɔbɛma me abodin a ɛkyerɛ sɛ mawie sukuu. Ɛno boaa me pa ara.”​—Hannah.

 Nneɛma a woyɛ ho hwee a ɛrenyɛ yiye no, fa no saa ara. Nneɛma a ɛyɛ anika pa ara mpo no, ebetumi aba sɛ ne fã bi bɛyɛ anihaw. Wɔn a wɔyɛ wo nnamfo pa ara mpo, ɛtɔ da a wo ne wɔn betumi ayɛ nhyehyɛe ama wɔadi wo huammɔ. Ɛba saa a, na wunhu nea wonyɛ. Sɛ́ anka wubedwinnwen nea asi no ho na woama asɛe w’anigye no, bɔ mmɔden nya adwempa.

 Bible mu asɛm: “Nea ɔwɔ anigye koma no wɔ apontow mu daa.”​—Mmebusɛm 15:15.

 “M’adamfo bi ka kyerɛɛ me sɛ, sɛ ɛka me nko ara a, minsua sɛ mɛma m’ani agye me ho. Ɔkaa sɛ, onipa de, sɛ wo ne afoforo bɔ a, eye. Nanso ɛtɔ da nso a, ɛsɛ sɛ wunya bere ma wo ho. Sɛ yesua nneɛma mmienu yi nyinaa wɔ yɛn asetena mu a, ɛboa pa ara.”—Ivy.