Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Ɛho Hia Sɛ Wubenya Nnamfo Pii Wɔ Sohyia Midia So?

Ɛho Hia Sɛ Wubenya Nnamfo Pii Wɔ Sohyia Midia So?

 Ababaa bi a ne din de Elaine ka sɛ: “Sɛ mihu sɛ me sukuuni bi wɔ nnamfo ɔhaha pii wɔ sohyia midia so a, meka sɛ, ‘Ei, nkurɔfo nim no paa oo!’ Sɛ mɛka paa a, ɛyɛ a ɛyɛ me yaw.”

 Woate nka saa pɛn? Sɛ saa a, saa asɛm yi betumi aboa wo na woamfa nnamfo pii a wunni wɔ sohyia midia so anhaw wo ho.

 Asiane bɛn na ɛwom?

 Bible ka wɔ Mmebusɛm 22:1 sɛ, “hwehwɛ din pa, na ɛnyɛ ahonyade pii.” Enti ɛnyɛ bɔne sɛ wobɛhwehwɛ din pa anaa mpo w’ani begye ho sɛ nkurɔfo bɛpɛ w’asɛm.

 Nanso ɛtɔ da a, bere a wopɛ sɛ nkurɔfo pɛ w’asɛm no, wobɛhwɛ no na edin mmom na wopɛ sɛ wugye. Asiane bi wom anaa? Ababaa bi a wɔfrɛ no Onya adi mfe 16, ɛyɛ a ɔka sɛ:

 “Mahu nkurɔfo a wɔyɛ nneɛma a ntease nnim. Wohuruw fii aborɔsan a ɛtoa so mmienu wɔ me sukuu mu so besii fam, sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye din ara kɛkɛ.”

 Nkurɔfo bi tumi yɛ nneɛma a nyansa nnim, na wɔatwa abɛto sohyia midia so, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn atipɛnfo begye wɔn atom. Ɛho nhwɛso bi ne sɛ, mmabun bi yɛɛ nneɛma bi a ɛnsɛ sɛ onipa biara yɛ! Wodii samina, na wotwaa wɔn ho mfoni de bɛtoo sohyia midia so.

 Bible ka sɛ: “Monnyɛ ade hunu biara . . . mmfa nhoahoa mo ho.”—Filipifo 2:3, Good News Translation.

 Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho:

  •   Nnamfo pii a wubenya wɔ sohyia midia so ho hia wo sɛn?

  •   Wobɛyɛ biribi a ebetumi abɔ wo yare anaa ebetumi akum wo, sɛnea ɛbɛyɛ a w’atipɛnfo ani begye wo ho anaa?

 “Edin Gye a mfaso biara nni so”

 Ɛnyɛ bere nyinaa na nkurɔfo yɛ nneɛma a ebetumi apira wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye din. Erica a wadi mfe 22 no ahu nneɛma afoforo a ebinom yɛ:

 “Ebinom de nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wɔn asetenam ho mfoni pii gu sohyia midia so. Wei ma ɛyɛ sɛ nea wɔwɔ nnamfo pii a wɔne wɔn bom gye wɔn ani bere nyinaa. Ɛma nkurɔfo adwene yɛ wɔn sɛ wɔagye din paa.”

 Cara adi mfe 15. Ɔka sɛ, nkurɔfo bi di atoro de gye din:

 “Mahu ebinom a wotwa mfoni ma ɛyɛ te sɛ nea wɔwɔ apontow bi ase, nanso wotwaa mfoni no wɔ wɔn fie.”

 Matthew adi mfe 22. Ogye tom sɛ wayɛ biribi a ɛte saa pɛn:

 “Mitwaa mfoni bi na mekyerɛw wɔ ho sɛ, mitwae wɔ Mount Everest so, nanso menkɔɔ Asia da!”

 Bible ka sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”—Hebrifo 13:18.

 Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho:

  •   Wokɔ sohyia midia so a, ɛyɛ a wudi atoro sɛnea wubegye din?

  •    Wo mfoni a wode gu hɔ no, saa paa na wote, na nsɛm a wode gu hɔ no nso, wugye di paa?

 Ɛho hia sɛ wunya nnamfo pii na nkurɔfo kyerɛ wo ho anigye wɔ sohyia midia so anaa?

 Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ, ade a ɛbɛma wɔagye din wɔ sohyia midia so ne sɛ wobenya nnamfo pii, na nnipa pii nso akyerɛ wɔn ho anigye. Mateo a yɛadi kan aka ne ho asɛm no gye tom sɛ, saa na na n’adwene yɛ no:

 “Na mibisa nkurɔfo sɛ, ‘Nnamfo sɛn na woanya?’ anaa ‘Nnipa a wɔn dodow kɔ anim paa a wɔakyerɛ wo ho anigye yɛ sɛn?’ Ɛyɛ a mefa nnipa a minnim wɔn nnamfo, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛfa me adamfo na manya nnamfo pii. Mede sii m’ani so sɛ megye din, na sohyia midia maa emu yɛɛ den.”

Edin a obi begye wɔ sohyia midia so te sɛ nea ɔredi aduan a ahoɔden nnim. Ebetumi ama w’ani agye bere tiaa bi, nanso ɛnkyɛ na atew w’ani so

 Maria adi mfe 25. Wahyɛ no nsow sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a, nnamfo dodow a wɔanya wɔ sohyia midia so ne nnipa dodow a wɔakyerɛ wɔn ho anigye na ɛma wohu sɛ sɛɛ wɔn nso wɔ hɔ paa:

 “Sɛ ababaa bi de ne mfoni to sohyia midia na nnipa pii ankyerɛ sɛ wɔn ani gye ne ho a, n’adwene bɛyɛ no sɛ ne ho nyɛ fɛ. Ɛwom sɛ ɛnyɛ nokware de, nanso nnipa pii a saa asɛm yi bi bɛto wɔn no adwene bɛyɛ wɔn saa. Sɛ ɛba saa a, na wɔn ara na wɔreteetee wɔn ho.”

 Bible ka sɛ: “Mommma yɛn mu biara mmma ne ho so, mommma yɛne yɛn ho nnsi akan, na mommma yɛn ani mmmere yɛn yɔnko.”—Galatifo 5:26.

 Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho:

  •   Sɛ wokɔ sohyia midia so a, ɛyɛ a wuhu sɛ ɛma wode wo ho toto afoforo ho anaa?

  •    Nnipa pii a wo ne wɔn bɛbɔ wɔ sohyia midia so no, ɛho hia wo sen nnamfo pa a wubenya?